2 Korintofo 7 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 7:1-16

1Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti momma yɛntew yɛn ho mfi biribiara a egu ɔhonam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase wɔ Onyankopɔn mu mfa ntew yɛn ho kronkron.

2Mummue mo koma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yensisii obiara na yetwaa obiara dwow nso. 3Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛnea madi kan aka no, yɛdɔ mo nti daa sɛ yewu o, yɛte ase o, yɛbata mo ho. 4Migye mo di nti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa abaw ɛ. Mede ahosɛpɛw retu mmirika no.

5Mpo yeduu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw abunkam hɔnom, akasakasa wɔ wɔn ntam na ehu ahyɛ yɛn so. 6Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa abaw den no nam Tito ba a ɔbae no so hyɛɛ yɛn den. 7Ɛnyɛ ne ba a ɔbae no nko, na mmom ka a ɔbɛkaa se mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛnea mopɛ sɛ muhu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛnea mudii yaw ne sɛnea na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no; enti mprempren, ama mʼani agye sen kan no.

8Sɛ me krataa a mekyerɛw mo no hyɛɛ mo awerɛhow a, ɛnyɛ me yaw sɛ mekyerɛwee. Mfiase no ɛhaw me nanso mprempren de, ɛnhaw me. Minim sɛ krataa no mu nsɛm how mo werɛ bere tiaa bi. 9Nanso mprempren de, mʼani agye; ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ howee no nti, na mmom sɛ mo awerɛhow no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ howee enti yɛn de, yɛanhaw mo. 10Awerɛhow a Onyankopɔn de baa mo so no nti, moanya ahonu bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagye mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo yaw. Nanso awerɛhow a wiase de brɛ yɛn no de, ɛde owu na ɛba. 11Monhwɛ nea Onyankopɔn nam how a ɔmaa mo werɛ how no so ayɛ. Mopɛ sɛ mufi mo koma mu kyerɛ sɛ munni fɔ. Mo bo afuw. Mo ho adwiriw mo. Mo ho pere mo pɛ sɛ muhu sɛ atɛntrenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ mudi bem wɔ asɛm yi ho. 12Ɛwɔ mu sɛ mekyerɛw saa krataa no de, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne nti na mekyerɛwee. Na mmom sɛnea mo ankasa mubehu ɔkwan a moafa so atu mo ho asi hɔ ama yɛn wɔ Onyankopɔn anim no. 13Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no.

Ɛnyɛ nkuran a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mugyee no maa nʼani gyee no so maa yɛn nso yɛn ani gyei. 14Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me nhuammɔ. Daa yɛka nokware kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu. 15Enti sɛ ɔkae sɛnea mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ osetie ma no na mode obu ne nidi gyee no fɛw so no a, ɛhyɛ ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den. 16Ɛyɛ me anigye sɛ metumi de me ho nyinaa ato mo so.

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 7:1-16

1Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti, momma yɛnte yɛn ho mfiri biribiara a ɛgu honam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase Onyankopɔn mu mfa nte yɛn ho kronn.

2Mommue mo akoma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yɛnsisii obiara na yɛmmuu obiara kwasea nso. 3Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛdeɛ madi ɛkan aka no, yɛdɔ mo enti, daa sɛ yɛwu o, yɛte ase o, mowɔ yɛn akoma mu. 4Megye mo di enti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa aba. Mede ahosɛpɛ retu mmirika no.

5Mpo yɛduruu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw wɔ hɔ baabiara. Na akasakasa wɔ wɔn ntam. Afei, na ehu wɔ yɛn akoma mu. 6Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa aba den no nam Tito ba a ɔbaeɛ no so hyɛɛ yɛn den. 7Ɛnyɛ ne ba a ɔbaeɛ no nko, na mmom, ka a ɔbɛkaa sɛ mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛdeɛ mopɛ sɛ mohunu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛdeɛ modii yea ne sɛdeɛ na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no enti seesei, ama mʼani agye sene kane no.

8Sɛ me krataa a metwerɛɛ mo no hyɛɛ mo awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me ya sɛ metwerɛeɛ. Ahyɛaseɛ no ɛhaa me nanso seesei deɛ ɛnha me. Menim sɛ krataa no mu nsɛm hoo mo werɛ ɛberɛ tiawa bi. 9Nanso, seesei deɛ, mʼani agye, ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ hoeɛ no enti, na mmom, sɛ mo awerɛhoɔ no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ hoeɛ enti yɛn deɛ, yɛanha mo. 10Awerɛhoɔ a Onyankopɔn de baa mo so no enti, moanya ahonuo bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagyeɛ mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo ya. Nanso, awerɛhoɔ a ewiase de brɛ yɛn no deɛ, ɛde owuo na ɛba. 11Monhwɛ deɛ Onyankopɔn nam ho a ɔmaa mo werɛ hooɛ so ayɛ. Mopɛ sɛ mofiri mo akoma mu kyerɛ sɛ monni fɔ. Mo bo afu. Mo ho adwiri mo. Mo ho pere mo, pɛ sɛ mohunu sɛ atɛntenenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ modi bem wɔ asɛm yi ho. 12Ɛwom sɛ metwerɛɛ saa krataa no deɛ, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne enti na metwerɛeɛ. Metwerɛ bɛkyerɛɛ mo mu sɛdeɛ Onyankopɔn anim, mode mo ho nyinaa ama yɛn no. 13Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no.

Ɛnyɛ nkuranhyɛ a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mogyee no maa nʼani gyeeɛ no so maa yɛn nso ani gyeeɛ. 14Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me hwammɔ. Daa yɛka nokorɛ kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu. 15Enti, sɛ ɔkae sɛdeɛ mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ ɔsetie ma no na mode obuo ne anidie gyee no fɛ so no a, ɛma ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den ara na ɛreyɛ. 16Ɛyɛ me anigye sɛ mɛtumi de me ho nyinaa ato mo so.