2 Korintofo 6 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 6:1-18

1Anuanom a yɛne Onyankopɔn bɔ mu yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, munnnye no kwa. 2Onyankopɔn se,

“Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo,

na nkwagye da no, mɛboa wo.”

Muntie! Dɔnhwerew yi mu na ɛsɛ sɛ munya Onyankopɔn adom, na nnɛ ne nkwagye da no.

3Yɛmpɛ sɛ obiara benya yɛn adwuma ho asɛmmɔne aka, enti yɛmpɛ sɛ yɛde hintidua to obiara kwan mu. 4Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano. 5Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, dɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ akyen kɔm. 6Nanso yɛnam yɛn kronkronyɛ, osuahu, boasetɔ ne ayamye so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Afei yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokware dɔ, 7yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Trenee ne yɛn akode a yɛde kɔ ɔtamfo so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso. 8Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wogu yɛn anim ase o, sɛ wɔyaw yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware. 9Wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yewui, sɛnea muhu no, nanso yɛte ase. Ɛwɔ mu sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. 10Wɔmaa yɛn werɛ howee, nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara.

11Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokware no akyerɛ mo. 12Yɛmfaa biribiara nhintaw mo wɔ yɛn koma mu, na mo na mode nsɛm ahintaw yɛn wɔ mo koma mu. 13Mprempren, mekasa kyerɛ mo sɛ me mma: sɛnea yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nhintaw yɛn. Mummue mo koma mu!

Kɔkɔbɔ

14Munnyaa mo ho mma abosonsomfo, efisɛ moyɛ no saa a, ɛnyɛ ye. Ɛbɛyɛ dɛn na nea eye ne nea enye behyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne Ɔbonsam adwene ahyia? Dɛn na ogyidini ne nea ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? 16Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se,

“Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi

na matena wɔn mu;

mɛyɛ wɔn Nyankopɔn

na wɔayɛ me nkurɔfo.”

17Awurade se,

“Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ

mommfa mo ho nka biribiara a ɛho ntew.

Montew mo ho mfi nea ɛho ntew ho

na megye mo.

18Na,

“Mɛyɛ mo Agya,

na mobɛyɛ me mmabarima ne me mmabea.”

Otumfo Awurade na ose.

King James Version

2 Corinthians 6:1-18

1We then, as workers together with him, beseech you also that ye receive not the grace of God in vain. 2(For he saith, I have heard thee in a time accepted, and in the day of salvation have I succoured thee: behold, now is the accepted time; behold, now is the day of salvation.) 3Giving no offence in any thing, that the ministry be not blamed: 4But in all things approving ourselves as the ministers of God, in much patience, in afflictions, in necessities, in distresses, 5In stripes, in imprisonments, in tumults, in labours, in watchings, in fastings; 6By pureness, by knowledge, by longsuffering, by kindness, by the Holy Ghost, by love unfeigned, 7By the word of truth, by the power of God, by the armour of righteousness on the right hand and on the left, 8By honour and dishonour, by evil report and good report: as deceivers, and yet true; 9As unknown, and yet well known; as dying, and, behold, we live; as chastened, and not killed; 10As sorrowful, yet alway rejoicing; as poor, yet making many rich; as having nothing, and yet possessing all things.

11O ye Corinthians, our mouth is open unto you, our heart is enlarged. 12Ye are not straitened in us, but ye are straitened in your own bowels. 13Now for a recompence in the same, (I speak as unto my children,) be ye also enlarged. 14Be ye not unequally yoked together with unbelievers: for what fellowship hath righteousness with unrighteousness? and what communion hath light with darkness? 15And what concord hath Christ with Belial? or what part hath he that believeth with an infidel? 16And what agreement hath the temple of God with idols? for ye are the temple of the living God; as God hath said, I will dwell in them, and walk in them; and I will be their God, and they shall be my people. 17Wherefore come out from among them, and be ye separate, saith the Lord, and touch not the unclean thing; and I will receive you, 18And will be a Father unto you, and ye shall be my sons and daughters, saith the Lord Almighty.