2 Korintofo 4 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 4:1-18

Honhom Mu Agyapade A Ɛwɔ Nkuku Mu

1Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno nti ɛmma yɛn koma ntutu. 2Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwu nneyɛe nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae no nni. Yegyaee saa aniwude no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa nti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di. 3Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera. 4Wonnye nni, efisɛ ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn fi hann a ɛhyerɛn wɔ wɔn so no ho; hann a efi Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn anuonyam no ho no. 5Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu nti, yɛyɛ mo asomfo. 6Onyankopɔn a ɔkae se, “Hann mfi sum mu nhyerɛn” no, ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn koma mu ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.

7Yɛte sɛ nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn. 8Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo sɛ yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw. 9Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio. 10Mmere nyinaa yɛn nipadua no soa Yesu wu a owui no, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu. 11Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu. 12Eyi kyerɛ sɛ owu di ne dwuma wɔ yɛn mu na nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.

13Kyerɛwsɛm no ka se, “Mekasae, efisɛ na migye di.” Saa honhom mu gyidi no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, efisɛ yegye di. 14Yenim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre fii awufo mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim. 15Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam.

16Esiane eyi nti, yɛn koma ntutu. Ɛwɔ mu sɛ yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa yɛ foforo da biara. 17Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. 18Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so, na mmom, nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ, nanso nea wontumi nhu no tena hɔ daa.

King James Version

2 Corinthians 4:1-18

1Therefore seeing we have this ministry, as we have received mercy, we faint not; 2But have renounced the hidden things of dishonesty, not walking in craftiness, nor handling the word of God deceitfully; but by manifestation of the truth commending ourselves to every man’s conscience in the sight of God. 3But if our gospel be hid, it is hid to them that are lost: 4In whom the god of this world hath blinded the minds of them which believe not, lest the light of the glorious gospel of Christ, who is the image of God, should shine unto them. 5For we preach not ourselves, but Christ Jesus the Lord; and ourselves your servants for Jesus’ sake. 6For God, who commanded the light to shine out of darkness, hath shined in our hearts, to give the light of the knowledge of the glory of God in the face of Jesus Christ.

7But we have this treasure in earthen vessels, that the excellency of the power may be of God, and not of us. 8We are troubled on every side, yet not distressed; we are perplexed, but not in despair; 9Persecuted, but not forsaken; cast down, but not destroyed; 10Always bearing about in the body the dying of the Lord Jesus, that the life also of Jesus might be made manifest in our body. 11For we which live are alway delivered unto death for Jesus’ sake, that the life also of Jesus might be made manifest in our mortal flesh. 12So then death worketh in us, but life in you. 13We having the same spirit of faith, according as it is written, I believed, and therefore have I spoken; we also believe, and therefore speak; 14Knowing that he which raised up the Lord Jesus shall raise up us also by Jesus, and shall present us with you. 15For all things are for your sakes, that the abundant grace might through the thanksgiving of many redound to the glory of God. 16For which cause we faint not; but though our outward man perish, yet the inward man is renewed day by day. 17For our light affliction, which is but for a moment, worketh for us a far more exceeding and eternal weight of glory; 18While we look not at the things which are seen, but at the things which are not seen: for the things which are seen are temporal; but the things which are not seen are eternal.