2 Korintofo 10 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Korintofo 10:1-18

Paulo Yi Ne Ho Ano

1Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛw, na sɛ minni mo nkyɛn nso a mewɔ akokoduru ma mo no, me na mitu saa fo yi. Mesrɛ wɔ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyefo no din mu sɛ: 2Sɛ meba hɔ a monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Minim yiye sɛ metumi anya akokoduru wɔ nnipa a wɔka se wiase adwene na yɛde di dwuma no no ho. 3Ɛyɛ nokware sɛ yɛte wiase, nanso yennyina wiase tumi so wɔ yɛn ko mu. 4Akode a yɛde ko no mfi wiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akode a ano yɛ den a yebetumi de asɛe atamfo pampim a wɔabobɔ no. Yɛsɛe akyinnyehunu. 5Yɛsɛe akwanside biara a etia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔyɛ osetie ma Kristo. 6Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi san yɛ asoɔden wɔ ɔkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.

7Sɛnea nneɛma te no ara na muhu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka se, ɔyɛ Kristo de ana? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ, efisɛ yɛn nso yɛyɛ Kristo de sɛnea ɔno nso yɛ ne de no. 8Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na munyin na memmfa nsɛe mo no bɛhoahoa me ho. 9Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a makyerɛw mo no rehunahuna mo. 10Obi bɛka se, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ yaw nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!” 11Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonoe biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛkyerɛw no bere a yenni mo nkyɛn no, ne nea sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a yɛyɛ no mu.

12Ɛyɛ nokware, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafo! Wɔnam wɔn ho a wɔde toto wɔn ho wɔn ho so no bu wɔn ho atɛn. 13Yɛn de, yɛn ahohoahoa no ntra so bi. Yɛn ahohoahoa no ntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yenni a mo mu adwumayɛ ka ho bi no so. 14Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu nti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra. 15Eyi nti yɛmmfa adwuma a nkurɔfo ayɛ no nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛe. Nea yɛrepɛ ne sɛ mo gyidi ase betim na anam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra baabi a Onyankopɔn ahyɛ no. 16Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman afoforo so a yɛremfa adwuma a ɔfoforo ayɛ no nhoahoa yɛn ho. 17Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ ade a Awurade ayɛ mu.” 18Efisɛ ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ogye no to mu.

King James Version

2 Corinthians 10:1-18

1Now I Paul myself beseech you by the meekness and gentleness of Christ, who in presence am base among you, but being absent am bold toward you: 2But I beseech you, that I may not be bold when I am present with that confidence, wherewith I think to be bold against some, which think of us as if we walked according to the flesh. 3For though we walk in the flesh, we do not war after the flesh: 4(For the weapons of our warfare are not carnal, but mighty through God to the pulling down of strong holds;) 5Casting down imaginations, and every high thing that exalteth itself against the knowledge of God, and bringing into captivity every thought to the obedience of Christ; 6And having in a readiness to revenge all disobedience, when your obedience is fulfilled. 7Do ye look on things after the outward appearance? If any man trust to himself that he is Christ’s, let him of himself think this again, that, as he is Christ’s, even so are we Christ’s. 8For though I should boast somewhat more of our authority, which the Lord hath given us for edification, and not for your destruction, I should not be ashamed: 9That I may not seem as if I would terrify you by letters. 10For his letters, say they, are weighty and powerful; but his bodily presence is weak, and his speech contemptible. 11Let such an one think this, that, such as we are in word by letters when we are absent, such will we be also in deed when we are present. 12For we dare not make ourselves of the number, or compare ourselves with some that commend themselves: but they measuring themselves by themselves, and comparing themselves among themselves, are not wise. 13But we will not boast of things without our measure, but according to the measure of the rule which God hath distributed to us, a measure to reach even unto you. 14For we stretch not ourselves beyond our measure, as though we reached not unto you: for we are come as far as to you also in preaching the gospel of Christ: 15Not boasting of things without our measure, that is, of other men’s labours; but having hope, when your faith is increased, that we shall be enlarged by you according to our rule abundantly, 16To preach the gospel in the regions beyond you, and not to boast in another man’s line of things made ready to our hand. 17But he that glorieth, let him glory in the Lord. 18For not he that commendeth himself is approved, but whom the Lord commendeth.