2 Beresosɛm 9 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 9:1-31

Seba Hemmea Nsrahwɛ

1Bere a Seba hemmea tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyi yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfo bebree, yoma pii a wɔahyehyɛ nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne mpempranne wɔ wɔn so na ɛbae. 2Ohyiaa Salomo no, wodii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. 3Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, 4ne ho dwiriw no. Ohuu nnuan a esisi ne didipon so no, sɛnea watoto nʼadwumayɛfo ne ntade fɛɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo abɔ wɔ Awurade Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwonwa.

5Ofi ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa nea woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokware. 6Mannye anni kosii sɛ mʼankasa mebaa ha de mʼani kann abehu. Nokware, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. 7Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm. 8Awurade, wo Nyankopɔn yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho nti, ɔde wo asi ahengua so sɛ di hene ma no. Efisɛ Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahenni yi tena afebɔɔ; wasi wo hene sɛnea wode nokware ne atɛntrenee bebu ɔman no.”

9Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛde a ɛkari tɔn 4 ne nnuhuam pii ne aboɔden mpempranne. Seba hemmea nnuhuam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da.

10Bere a Huram hyɛn mufo ne Salomo nkurɔfo de sikakɔkɔɔ fi Ofir bae no, wɔde ɔbako nnua pa bebree ne mpempranne kaa ho bae. 11Ɔhene no de ɔbako nnua no yɛɛ Awurade Asɔredan ne ahemfi no atrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ asankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefo no. Na saa nnwontode no so bi mmaa da wɔ Yuda.

12Biribiara a Seba hemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara, na ɛboro nea ɔhemmea de brɛɛ no no so. Afei, ɔhemmea no ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn ankasa asase so.

Salomo Ahonya Ne Anuonyam

13Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum. 14Na sika a onya fi aguadifo nkyɛn no nka eyi ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofo a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. 15Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. 16Ɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkatabo nketewa ahaasa a wɔde asae aboro a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa nkatabo no wɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu.

17Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. 18Na ahengua no wɔ atrapoe asia a wɔde sikakɔkɔɔ ntiasode afam ho. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahengua no ho. 19Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho.

20Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi.

21Na ɔhene no wɔ aguadi ahyɛn a emu adwumayɛfo yɛ Huram asomfo. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsoroboa ne asibe brɛ ɔhene no.

22Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. 23Ahemfo fifi aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi. 24Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne funumpɔnkɔ.

25Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde mu fa kɛse no kɔɔ nkurow a ne nteaseɛnam wɔ mu, na ɔmaa bi nso bɛn no wɔ Yerusalem. 26Odii hene bunkam faa ahemfo nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate ano de kosi Filistifo asase ne Misraim hye so. 27Ɔhene no maa dwetɛ buu so ma ɛyɛɛ sɛ abo wɔ Yerusalem. Sida nnua nso, onya ma ebuu ne so te sɛ ankye nnua a enyin wɔ Yuda mmepɔw ase no. 28Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ fi Misraim ne aman ahorow bebree so.

29Salomo ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu odiyifo Natan nhoma, Ahiya a ofi Silon adiyisɛm ne nhumuni Ido anisoadehu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu ana? 30Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so hene mfirihyia aduanan. 31Owui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene.

New Amharic Standard Version

2 ዜና መዋዕል 9:1-31

የሳባ ንግሥት ሰሎሞንን ጐበኘች

9፥1-12 ተጓ ምብ – 1ነገ 10፥1-13

1የሳባ ንግሥት የሰሎሞንን ዝና በሰማች ጊዜ፣ አስቸጋሪ በሆኑ ጥያቄዎች ልትፈትነው ወደ ኢየሩሳሌም መጣች። ቅመማ ቅመም፣ እጅግ ብዙ ወርቅና የከበሩ ድንጋዮችን በግመሎች አስጭና ከታላቅ ጓዝ ጋር ደረሰች፤ ወደ ሰሎሞንም ቀርባ በልቧ ያለውን ሁሉ አጫወተችው። 2ሰሎሞንም የጠየቀችውን ሁሉ መለሰላት፤ ሊመልስላት የተሳነው አንዳች ነገር አልነበረም። 3የሳባ ንግሥት የሰሎሞንን ጥበብና የሠራውን ቤተ መንግሥት፣ 4በገበታው ላይ የሚቀርበውን መብል፣ የሹማምቱን አቀማመጥ፣ አስተናባሪዎቹንና አለባበሳቸውን፣ ጠጅ አሳላፊዎቹንና አለባበሳቸውን እንዲሁም በእግዚአብሔር ቤተ መቅደስ ያቀረባቸውን የሚቃጠሉ መሥዋዕቶች9፥4 ወይም ወደ ላይ የሚመጣባቸውን ደረጃዎች ተብሎ መተርጐም ይቻላል። ባየች ጊዜ እጅግ ተደነቀች። 5ንጉሡንም እንዲህ አለችው፤ “ስለ ሥራህና ስለ ጥበብህ በአገሬ ሳለሁ የሰማሁት ሁሉ እውነት ነው። 6ነገር ግን መጥቼ በዐይኔ እስካየሁ ጊዜ ድረስ የነገሩኝን አላመንሁም ነበር፤ በርግጥም የጥበብህ እኩሌታ እንኳ አልተነገረኝም፤ እኔ ከሰማሁት ዝና እጅግ ትልቃለህ። 7ሰዎችህ ምንኛ ታድለዋል! ዘወትር በፊትህ ቆመው ጥበብህን የሚሰሙ ሹማምትህስ ምንኛ ታድለዋል! 8ለአምላክህ ለእግዚአብሔር ንጉሥ ሆነህ እንድትገዛ፣ በአንተ ደስ የተሰኘውና በዙፋኑ ላይ ያስቀመጠህ አምላክህ እግዚአብሔር ቡሩክ ይሁን፤ አምላክህ ለእስራኤል ካለው ፍቅርና ለዘላለም ሊያጸናቸው ካለው ፍላጎት የተነሣ፣ ፍትሕና ጽድቅ እንዲሰፍን ታደርግ ዘንድ አንተን በላያቸው ላይ አንግሦሃልና።”

9ከዚያም ለንጉሡ አንድ መቶ ሃያ መክሊት9፥9 4 ሜትሪክ ቶን ያህል ነው። ወርቅ፣ እጅግ ብዙ ቅመማ ቅመምና የከበሩ ድንጋዮች ሰጠችው፤ የሳባ ንግሥት ለንጉሥ ሰሎሞን እንደ ሰጠችው ዐይነት ቅመማ ቅመም ያለ ከቶ አልነበረም።

10የኪራም ሰዎችና የሰሎሞን ሰዎች ወርቅ ከኦፊር እንደዚሁም ሰንደልና9፥10 የአልሙግ ዕንጨት ሊሆን ይችላል የከበሩ ድንጋዮች አመጡ። 11ንጉሡም የሰንደሉን ዕንጨት ለእግዚአብሔር ቤተ መቅደስና ለቤተ መንግሥቱ ደረጃ መሥሪያ እንደዚሁም ለመዘምራኑ የመሰንቆና የበገና መሥሪያ አደረገው፤ ይህን የመሰለ ነገር በይሁዳ ምድር ከቶ አልታየም።

12ንጉሥ ሰሎሞን ለሳባ ንግሥት የፈለገችውንና የጠየቀችውን ሁሉ ሰጣት፤ ስጦታውም እርሷ ካመጣችለት በላይ ነበር። ከዚያም ከአጃቢዎቿ ጋር ወደ አገሯ ተመለሰች።

የሰሎሞን ብልጽግና

9፥13-28 ተጓ ምብ – 1ነገ 10፥14-292ዜና 1፥14-17

13ሰሎሞን በየዓመቱ የሚቀበለው ወርቅ ክብደቱ ስድስት መቶ ስድሳ ስድስት መክሊት9፥13 23 ሜትሪክ ቶን ያህል ነው። ነበር። 14ይህም ከታላላቅና ከተራ ነጋዴዎች ከሚገባው ቀረጥ ሌላ ነበር፤ እንዲሁም መላው የዐረብ ነገሥታትና የገዛ ምድሩ አገረ ገዦች ለሰሎሞን ወርቅና ብር ያመጡለት ነበር።

15ንጉሥ ሰሎሞን ሁለት መቶ ከጥፍጥፍ ወርቅ የተሠራ ታላላቅ ጋሻዎች አበጀ፤ በእያንዳንዱም ጋሻ የገባው ጥፍጥፍ ወርቅ ስድስት መቶ ሰቅል9፥15 3.5 ኪሎ ግራም ያህል ነው። ነበር። 16እንዲሁም ሦስት መቶ ትንንሽ ጋሻዎች በጥፍጥፍ ወርቅ ሠራ፤ በእነዚህም በእያንዳንዳቸው የገባው ጥፍጥፍ ወርቅ ሦስት መቶ ሰቅል9፥16 1.7 ኪሎ ግራም ይህል ነው ነበር። ንጉሡም ጋሻዎቹን “የሊባኖስ ደን” በተባለው ቤተ መንግሥት ውስጥ አኖራቸው።

17ከዚያም ንጉሡ በዝኆን ጥርስ ያጌጠና በንጹሕ ወርቅ የተለበጠ ትልቅ ዙፋን ሠራ። 18ዙፋኑ ስድስት መውጫ መውረጃ ደረጃዎች ሲኖሩት፣ ከዙፋኑ ጋር የተያያዘ ከወርቅ የተሠራ የእግር መርገጫ ነበረው። መቀመጫውም ግራና ቀኙ መደገፊያ ያለው ሆኖም ከመደገፊያዎቹም አጠገብ አንዳንድ አንበሳ ቆሞ ነበር። 19እንዲሁም በስድስቱ ደረጃዎች ዳርና ዳር ላይ አንዳንድ አንበሳ፣ በአጠቃላይ ዐሥራ ሁለት አንበሶች ቆመው ነበር፤ ይህን የመሰለ ዙፋን በየትኛውም አገር ተሠርቶ አያውቅም። 20ንጉሥ ሰሎሞን የሚጠጣባቸው ዕቃዎች በሙሉ ከወርቅ የተሠሩ ነበሩ፤ “የሊባኖስ ደንቃ” ተብሎ በሚጠራው ቤተ መንግሥት ውስጥ የነበሩትም ዕቃዎች ሁሉ ከንጹሕ ወርቅ የተሠሩ ነበሩ፤ በሰሎሞን ዘመን ብር ዋጋ እንደሌለው ስለሚቈጠር ከብር የተሠራ አንድም ነገር አልነበረም። 21ንጉሡ በኪራም ሰዎች የሚነዱ የንግድ መርከቦች ነበሩት፤9፥21 ዕብራይስጡ፣ ወደ ተርሴስ ሊሄዱ የሚችሉ መርከቦች ይላል። እነዚህም በየሦስት ዓመቱ አንድ ጊዜ ወርቅ፣ ብር፣ የዝሆን ጥርስ፣ ጦጣዎችና ዝንጀሮዎች እየያዙ ይመለሱ ነበር።

22ንጉሥ ሰሎሞን በሀብትም ሆነ በጥበብ ከምድር ነገሥታት ሁሉ የበለጠ ነበር። 23የምድር ነገሥታት ሁሉ እግዚአብሔር በልቡ ያኖረውን ጥበብ ለመስማት ከሰሎሞን ጋር መገናኘት ይፈልጉ ነበር። 24በየዓመቱ ወደ እርሱ የሚመጡትም ሁሉ የብርና የወርቅ ዕቃ፣ የልብስ፣ የጦር መሣሪያና የቅመማ ቅመም እንደዚሁም የፈረስና የበቅሎ ገጸ በረከት ያመጡለት ነበር።

25ሰሎሞን አራት ሺሕ የፈረሶችና የሠረገሎች9፥25 ወይም፣ ሠረገለኞች ተብሎ መተርጐም ይችላል። ጋጥ ነበረው፤ እንዲሁም በሚኖርበት በኢየሩሳሌምና በሰረገላ ከተሞች ዐሥራ ሁለት ሺሕ ፈረሶች ነበሩት። 26እርሱም ከኤፍራጥስ ወንዝ9፥26 የኤፍራጥስ ወንዝ ነው፤ ነገር ግን አንዳንድ ቅጆች ኤፍራጥስ የሚለውን ቃል አይጨምሩም እስከ ፍልስጥኤም ምድርና እስከ ግብፅ ዳርቻ ድረስ ባሉት ነገሥታት ሁሉ ላይ ገዛ። 27ንጉሡ በኢየሩሳሌም ብሩን እንደ ማንኛውም ድንጋይ፣ የዝግባውንም ዕንጨት ብዛት በየኰረብታው ግርጌ እንደሚበቅል ሾላ አደረገው። 28ለሰሎሞን ከግብፅና9፥28 በኪልቂያ የምትገኘው ሙዙር ነች። ከሌሎች አገሮች ሁሉ ፈረሶች ያመጡለት ነበር።

የሰሎሞን መሞት

9፥29-31 ተጓ ምብ – 1ነገ 11፥41-43

29ሰሎሞን በዘመነ መንግሥቱ የሠራው ሌላው ነገር በነቢዩ በናታን ታሪክና በሴሎናዊው በአሒያ ትንቢት እንዲሁም ባለ ራእዩ አዶ ስለ ናባጥ ልጅ ስለ ኢዮርብዓም ባየው ራእይ ውስጥ የተጻፈ አይደለምን? 30ሰሎሞን በኢየሩሳሌም ተቀምጦ በእስራኤል ሁሉ ላይ አርባ ዓመት ነገሠ። 31ከዚያም እንደ አባቶቹ አንቀላፋ፤ በአባቱም በዳዊት ከተማ ተቀበረ። ልጁም ሮብዓም በእርሱ ፈንታ ነገሠ።