2 Beresosɛm 8 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 8:1-18

Nneɛma Afoforo Bi A Salomo Yɛe

1Salomo dii hene no, ne mfe aduonu so na owiee Awurade Asɔredansi dwumadi kɛse ne nʼankasa ahemfi no si. 2Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkurow a ɔhene Huram de ama no no so. Osiesiee nkurow no, na ɔmaa Israelfo no kɔtenatenaa mu. 3Saa bere no ara mu nso na Salomo ko tiaa kurow Hamat-Soba, dii so nkonim. 4Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ sare so, na ɔkyekyeree nkurow wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma. 5Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafo Bet-Horon no ho ban. Ɔsan too wɔn afasu no, de apon a wɔbram akyi totoo ano. 6Saa ara na ɔsan kyekyeree Baalat ne mmeaemmeae a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, san kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeaemmeae bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa ne koma tɔɔ ne yam.

7Ebesi saa bere no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Na saa nnipa no yɛ Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. 8Eyinom yɛ aman a Israel ntɔre wɔn ase korakora no asefo. Ɛno nti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ebesi nnɛ, wɔsom sɛ apaafo. 9Nanso Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafo, mpanyimfo wɔ nʼakofo so ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafo so asahene. 10Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahannu aduonum ma wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma so.

11Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babea fii Dawid kurow mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu. Ɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfi, efisɛ na Awurade Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.”

12Na Salomo bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wasi wɔ Asɔredan no ntwironoo no anim no so, maa Awurade. 13Da biara, wɔbɔɔ afɔre sɛnea Mose de maa wɔn no. Afahyɛ ahorow a wodii no bi ne Homeda, Ɔsram Foforo Da, ne mfirihyia abiɛsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. 14Salomo de asɔfo no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifo no dii ɔmanfo no anim too ayeyi nnwom, na wɔboaa asɔfo no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apon ano ahwɛfo akuwakuw no sisii wɔn apon ano sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa no kyerɛɛ wɔn no. 15Salomo amman amfi akwankyerɛ a Dawid mae a ɛfa asɔfo, Lewifo ne sikakorabea ho.

16Na Salomo hwɛɛ biribiara a ɛfa Awurade Asɔredan no si so fi da a wotwaa ne fapem, kosi da a wɔde wiee si no.

17Akyiri no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Po Kɔkɔɔ mpoano hɔ no. 18Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanyimfo hwɛ so; na emu adwumayɛfo no nim adwuma yiye. Salomo nkurɔfo ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔn dunson brɛɛ Salomo.

Swedish Contemporary Bible

2 Krönikeboken 8:1-18

Salomos rikedom och vishet

(1 Kung 9:10-28)

1Efter de tjugo år som det tagit för Salomo att bygga Herrens hus och kungapalatset, 2byggde han också upp de städer som Hiram hade gett honom, och han lät israeliterna bosätta sig där. 3Sedan gick han mot Hamat Sova och intog det. 4Han byggde upp Tadmor i öknen och de förrådsstäder som han hade byggt i Hamat. 5Han byggde också upp Övre Bet Horon och Nedre Bet Horon till befästa städer med murar, portar och bommar, 6Baalat, och alla sina förrådsstäder och städer för sina vagnar och hästar. Han byggde allt som han önskade, både i Jerusalem, Libanon och över hela det område han härskade över.

7Allt folk som fanns kvar av hettiterna, amoréerna, perisséerna, hivéerna och jevuséerna, som inte var från Israel, 8deras ättlingar som var kvar i landet, som israeliterna inte hade utrotat, dem gjorde Salomo till tvångsarbetare, som de är än idag. 9Men han tog inga israeliter som slavar vid sina arbeten, utan de blev soldater, officerare, vagnskämpar och befälhavare för stridsvagnsstyrkor. 10Fogdarna över kung Salomos projekt hade under sig 250 tillsyningsmän som hade befälet över folket.

11Salomo flyttade faraos dotter från Davids stad till palatset som han hade byggt åt henne. Han sa: ”Min hustru ska inte bo i Israels kung Davids palats, för det är en helig plats, eftersom Herrens ark har varit där.”

12Herrens altare, som Salomo låtit bygga framför förhuset, bar han fram brännoffer till Herren, 13enligt de föreskrifter för varje dag som Mose hade gett befallning om, på sabbaterna, vid nymånadsfesterna och vid de tre årliga högtiderna, påskhögtiden, veckohögtiden och lövhyddefesten. 14Salomo inrättade, efter sin far Davids anvisningar, avdelningarna för prästerna och deras tjänstgöring, för leviterna och deras tjänst att lovsjunga och att hjälpa prästerna i deras uppgifter, som var bestämda för varje dag, och för dörrvaktarnas avdelningar vid de olika portarna, för så hade gudsmannen David befallt. 15Man avvek inte i något avseende från kungens föreskrifter till prästerna och leviterna, inte heller när det gällde skattkammare. 16Allt Salomos arbete fullbordades, från den dagen då grunden till Herrens hus blev lagd till dess slutförande. Så blev Herrens hus färdigt.

17Sedan for han till Esjon Gever och Elot vid kusten i Edom. 18Hiram sände genom sina tjänare skepp med erfaren besättning. De seglade tillsammans med Salomos män till Ofir och hämtade därifrån över femton och ett halvt ton8:18 Ordagrant: 450 talenter; jfr not till 3:8. guld till kung Salomo.