2 Beresosɛm 5 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 5:1-14

Wɔde Apam Adaka No Kɔ Asɔredan No Mu

1Bere a Salomo wiee Awurade Asɔredan no si ho dwumadi no, ɔde akyɛde a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no bae. Wɔkoraa eyinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea hɔ.

2Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuw ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wommehyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ woyi Awurade Apam Adaka no fi baabi a esi wɔ Dawid kurow a na wɔsan frɛ hɔ Sion no, de kɔ beae foforo wɔ Asɔredan no mu hɔ. 3Ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirihyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim.

4Bere a Israel mpanyimfo beduu hɔ no, Lewifo no pagyaw Adaka no 5ne ntamadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifo asɔfo no soa kɔɔ Asɔredan no mu. 6Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim.

7Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase. 8Na kerubim no ntaban trɛw wɔ Adaka a ne nnua hyehyɛ ho no so, te sɛ kyinii. 9Na nnua no woware yiye; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ohu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ. 10Na biribiara nni adaka no mu sɛ abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb, bere a Awurade ne Israelfo a na wɔatu afi Misraim no yɛɛ apam no.

11Afei, asɔfo no fii kronkronbea hɔ. Saa bere yi, na asɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi di anaa wonni hwee yɛ, adwira wɔn ho. 12Lewifo nnwontofo, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmabarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera batakari gyinagyinaa afɔremuka no apuei fam, na wɔbɔɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten. Asɔfo ɔha aduonu a wɔrehyɛn torobɛnto bɛkaa wɔn ho. 13Ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so kamfoo Awurade sɛ:

“Oye!

Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”

Saa bere no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma. 14Asɔfo no antumi antoa wɔn adwuma no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 5:1-14

1这样,所罗门完成了耶和华殿的一切工作。所罗门把他父亲大卫献给上帝的金银和一切器具都搬进上帝殿的库房。

运约柜入圣殿

2所罗门以色列的长老、各支派的首领和族长召集到耶路撒冷,准备把耶和华的约柜从大卫锡安运上来。 3在七月住棚节的时候,以色列人都聚集到所罗门王那里。 4以色列的长老到齐后,祭司便抬起约柜, 5祭司和利未人将约柜、会幕和会幕里的一切圣器运上来。 6所罗门王和聚集到他那里的以色列全体会众在约柜前献祭,献上的牛羊多得不可胜数。 7祭司把耶和华的约柜抬进内殿,即至圣所,放在两个基路伯天使的翅膀下面。 8基路伯天使展开翅膀,遮盖约柜和抬约柜的横杠。 9横杠非常长,在至圣所前面的圣所中也看得见横杠的末端,但在圣所外面看不见。横杠至今仍在那里。 10约柜里除了两块石版,没有别的东西。石版是以色列人离开埃及后,耶和华在何烈山跟他们立约时,摩西放进去的。

耶和华的荣耀

11随后,祭司退出圣所,所有在场的祭司不分班次都已洁净自己。 12所有负责歌乐的利未亚萨希幔耶杜顿,以及他们的儿子和亲族都穿着细麻布衣服,站在祭坛的东边,敲钹、鼓瑟、弹琴,同时还有一百二十位祭司吹号。 13吹号的和歌乐手一起同声赞美和称谢耶和华,伴随着号、钹及各种乐器的声音,高声赞美耶和华:

“祂是美善的,

祂的慈爱永远长存!”

那时,有云彩充满了耶和华的殿, 14以致祭司不能在殿里供职,因为殿里充满了耶和华上帝的荣光。