2 Beresosɛm 33 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 33:1-25

Manase Di Yudahene

1Bere a Manase dii ade no, na wadi mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no. 3Ɔsan sisii nsɔree a nʼagya Hesekia sɛee no no. Osii afɔremuka maa Baal ahoni, sisii Asera nnua. Ɔsan kotow nsoromma a ɛwɔ wim no nyinaa, som wɔn. 4Mpo, osisii abosonsom afɔremuka wɔ Awurade Asɔredan mu, baabi a Awurade aka se, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wodi ne din ni afebɔɔ no. 5Osisii saa afɔremuka no wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no. 6Manase de ɔno ankasa mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bon mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ samanfrɛfo ne adunsifo nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, maa Awurade bo fuwii.

7Na Manase faa ohoni a wasen, de kosii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kosii beae koro no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wobedi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afi mmusuakuw a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no. 8Sɛ Israelfo di mʼahyɛde nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so mae no nyinaa so a, merentwa wɔn asu mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so.” 9Nanso Manase dii ɔmanfo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim maa wɔyɛɛ bɔnetraso sen abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn, bere a Israelfo kɔɔ asase no so no.

10Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfo no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara. 11Enti Awurade maa Asiriafo asraafo bɛfaa Manase yɛɛ no odeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafrae nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia. 12Na bere a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Nyankopɔn akyi kwan, na ɔde ahobrɛase su frɛɛ nʼagyanom Nyankopɔn. 13Na bere a ɔbɔɔ mpae no, Awurade tiee no, na ne sufrɛ no kaa ne koma. Enti Awurade maa Manase san kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahenni mu. Afei, Manase tee ase sɛ Awurade nko ara ne Onyankopɔn.

14Eyi akyi no, Manase san sisii Dawid kuropɔn abɔnten afasu; efi Gihon asuti atɔe fam a ɛwɔ Kidron bon mu, de kɔ Apataa Pon ano, kosi Ofel bepɔw so a wosi ma ɛkɔɔ soro yiye no. Na oduaa nʼasraafo mpanyimfo no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.

15Manase san tutuu ananafo anyame fii mmepɔw no so. Ɔsan tutuu anyame ne ahoni no fii Awurade Asɔredan mu. Obubuu afɔremuka a wasisi wɔ bepɔw so, faako a Asɔredan no si, ne afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔtow guu kuropɔn no mfikyiri. 16Na ɔsan sii Awurade afɔremuka no, bɔɔ asomdwoe afɔre ne aseda afɔre wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfo no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Nyankopɔn no. 17Nanso na ɔmanfo no da so bɔ afɔre wɔ abosonsom nsɔree so, a na wɔbɔ ma Awurade wɔn Nyankopɔn no ara.

18Manase adedi ho nsɛm nkae, ne mpae a ɔbɔɔ srɛɛ Onyankopɔn ne nsɛm a adehufo ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔakyerɛw agu Israel ahemfo nhoma mu. 19Manase mpae, ɔkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atoro a odii nyinaa ho nsɛm, wɔakyerɛw agu adehufo nhoma mu. Faako a osii abosonsom nsɔree so, sisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho. 20Bere a Manase wui no, wosiee no wɔ nʼahemfi. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a odi hɔ.

Amon Di Yudahene

21Bere a Amon dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. 22Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no. Ɔsom ahoni a nʼagya yɛe no nyinaa, bɔɔ afɔre maa wɔn. 23Nanso wansɛ nʼagya Manase, efisɛ wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so.

24Akyiri no, Amon no ara mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ nʼahemfi. 25Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.

Nova Versão Internacional

2 Crônicas 33:1-25

O Reinado de Manassés, Rei de Judá

1Manassés tinha doze anos de idade quando começou a reinar e reinou cinquenta e cinco anos em Jerusalém. 2Ele fez o que o Senhor reprova, imitando as práticas detestáveis das nações que o Senhor havia expulsado de diante dos israelitas. 3Reconstruiu os altares idólatras que seu pai Ezequias havia demolido, ergueu altares para os baalins e fez postes sagrados. Inclinou-se diante de todos os exércitos celestes e lhes prestou culto. 4Construiu altares no templo do Senhor, do qual o Senhor tinha dito: “Meu nome permanecerá para sempre em Jerusalém”. 5Nos dois pátios do templo do Senhor ele construiu altares para todos os exércitos celestes. 6Chegou a queimar seus filhos em sacrifício no vale de Ben-Hinom; praticou feitiçaria, adivinhação e magia, e recorreu a médiuns e aos que consultavam os espíritos. Fez o que o Senhor reprova, provocando-o à ira.

7Ele tomou a imagem esculpida que havia feito e a colocou no templo, do qual Deus tinha dito a Davi e a seu filho Salomão: “Neste templo e em Jerusalém, que escolhi entre todas as tribos de Israel, porei meu nome para sempre. 8Não farei os pés dos israelitas deixarem novamente a terra que dei aos seus antepassados se tão somente tiverem o cuidado de fazer tudo o que lhes ordenei em todas as leis, decretos e ordenanças dados por meio de Moisés”. 9Manassés, porém, desencaminhou Judá e o povo de Jerusalém, ao ponto de fazerem pior do que as nações que o Senhor havia destruído diante dos israelitas.

10O Senhor falou a Manassés e a seu povo, mas não lhe deram atenção. 11Por isso o Senhor enviou contra eles os comandantes do exército do rei da Assíria, os quais prenderam Manassés, colocaram-lhe um gancho no nariz e algemas de bronze e o levaram para a Babilônia. 12Em sua angústia, ele buscou o favor do Senhor, o seu Deus, e humilhou-se muito diante do Deus dos seus antepassados. 13Quando ele orou, o Senhor o ouviu e atendeu o seu pedido e o trouxe de volta a Jerusalém e a seu reino. E assim Manassés reconheceu que o Senhor é Deus.

14Depois disso ele reconstruiu e aumentou a altura do muro externo da Cidade de Davi, a oeste da fonte de Giom, no vale, até a entrada da porta do Peixe, em torno da colina de Ofel. Também pôs comandantes militares em todas as cidades fortificadas de Judá.

15Manassés tirou do templo do Senhor os deuses estrangeiros e a imagem que havia colocado lá, bem como todos os altares idólatras que havia construído na colina do templo e em Jerusalém e jogou-os fora da cidade. 16Depois restaurou o altar do Senhor e sobre ele ofereceu sacrifícios de comunhão e ofertas de gratidão, ordenando a Judá que servisse o Senhor, o Deus de Israel. 17O povo, contudo, continuou a sacrificar nos altares idólatras, mas somente ao Senhor, o seu Deus.

18Os demais acontecimentos do reinado de Manassés, inclusive sua oração a seu Deus e as palavras que os videntes lhe falaram em nome do Senhor, o Deus de Israel, estão escritos nos registros históricos dos reis de Israel33.18 Isto é, Judá, como ocorre frequentemente em 2 Crônicas.. 19Sua oração e a resposta de Deus, bem como todos os seus pecados e a sua infidelidade, além dos locais onde construiu altares idólatras e ergueu postes sagrados e ídolos, antes de humilhar-se, tudo está escrito nos registros históricos dos videntes33.19 Conforme um manuscrito do Texto Massorético e a Septuaginta. A maioria dos manuscritos do Texto Massorético diz registros históricos de Hozai.. 20Manassés descansou com os seus antepassados e foi sepultado em sua propriedade. E seu filho Amom foi o seu sucessor.

O Reinado de Amom, Rei de Judá

21Amom tinha vinte e dois anos de idade quando começou a reinar e reinou dois anos em Jerusalém. 22Ele fez o que o Senhor reprova; à semelhança de seu pai, Amom prestou culto e ofereceu sacrifícios a todos os ídolos que Manassés havia feito. 23Mas, ao contrário de seu pai Manassés, não se humilhou diante do Senhor, antes, aumentou a sua culpa.

24Os oficiais de Amom conspiraram contra ele e o assassinaram em seu palácio. 25Mas o povo matou todos os que haviam conspirado contra o rei Amom, e proclamou seu filho Josias rei em seu lugar.