2 Beresosɛm 30 – AKCB & NTLR

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 30:1-27

Hesekia Yɛ Ahoboa Ma Twam Afahyɛ

1Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wonni Awurade, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no. 2Ɔhene no, ne mpanyimfo ne ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wobedi Twam no ɔsram a ɛto so abien no mu. 3Na anka wodi Twam no ɔsram ansa na ɔsram a ɛto so abien no afi ase, nanso na asɔfo no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfo no nso mmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem ɛ. 4Adwene a wɔyɛɛ sɛ wobedi Twam no, na eye ma ɔhene no ne ɔmanfo no nyinaa. 5Enti wɔbɔɔ no dawuru wɔ Israel nyinaa fi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmedi Awurade, Israel Nyankopɔn Twam no bi. Na nnipa dodow nni Twam no sɛnea mmara no kyerɛ.

6Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel ne Yuda mmaa nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka se:

“Israel manfo, monsan mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn nkyɛn, sɛnea ɔbɛsan aba mo, nnipa kakra a moaka, mo a moatumi aguan afi Asiria ahemfo nsam no nkyɛn. 7Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafo a wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, a wɔyɛɛ aserewde sɛnea mo ankasa muhu yi. 8Monnyɛ asoɔden sɛnea na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron no mu daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Nyankopɔn, sɛnea nʼabufuwhyew no befi mo so. 9Na sɛ mosan ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafo ne mo mma benya ahummɔbɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wobetumi asan aba asase yi so. Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔbɔ. Sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfi mo so.”

Wodi Twam Afahyɛ No

10Abɔfo no kyinii nkurow a ɛwɔ Efraim ne Manase kosi Sebulon so. Nanso nnipa no mu bebree serew abɔfo no, dii wɔn ho fɛw. 11Nanso wɔn a wofi Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. 12Saa bere koro no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda no so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ osetie mma Awurade asɛm a efi ɔhene ne ne mpanyimfo no nkyɛn no.

13Enti dɔm kɛse hyiaa wɔ Yerusalem ɔsram a ɛto so abien no mu, sɛ wɔrebedi Twam no ne Apiti Afahyɛ no. 14Wofii ase bubuu abosonsomfo afɔremuka no nyinaa fii Yerusalem. Woyiyii nnuhuam afɔremuka nyinaa kɔtow guu Kidron bon mu.

15Da a wɔahyɛ wɔ ɔsram a ɛto so abien no dui no, ɔmanfo no kunkum wɔn Twam nguantenmma. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui nti, wodwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyew afɔre baa Awurade Asɔredan mu. 16Obiara kogyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛnea Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara no kyerɛ no. Lewifo no de mogya afɔrebɔde no brɛɛ asɔfo no, maa wɔn nso pete guu afɔremuka no so. 17Esiane sɛ na ɔmanfo no mu bebree nnwiraa wɔn ho nti, Lewifo no na wokunkum wɔn Twam nguantenmma no maa wɔn, nam so tew ho maa Awurade. 18Na wɔn a wofi Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛse no ara nnwira wɔn ho de, nanso ɔhene Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na wɔmaa wɔn kwan ma wodii Twam aduan no bi a na anka etia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpae se, “Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no mfa nnipa a 19wɔasi wɔn adwene pi sɛ wobedi Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wonnwiraa wɔn ho yiye mmaa afahyɛ no a.” 20Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfo no yare.

21Enti ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigye so. Da biara, Lewifo ne asɔfo no too nnwom maa Awurade de nnwontode a ano yɛ den memmaa ho.

22Hesekia hyɛɛ Lewifo no nkuran wɔ ɔkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoe afɔre, na ɔmanfo kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.

23Bagua no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigye toaa so nnaawɔtwe. 24Ɔhene Hesekia maa ɔmanfo no anantwinini apem ne nguan mpem ason sɛ wɔmfa mmɔ afɔre, na mpanyimfo no nso maa anantwinini apem ne nguan mpem du. Bere koro no ara mu, asɔfo no bebree dwiraa wɔn ho. 25Yuda bagua nyinaa a asɔfo, Lewifo ne wɔn a wofi Israel asase so nyinaa, ananafo a wobedii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyei. 26Anigye kɛse baa kuropɔn no mu, efisɛ na Yerusalem nhuu afahyɛ a ɛte sɛɛ bi da, efi Salomo ɔhene Dawid babarima no bere so. 27Na asɔfo no ne Lewifo no sɔre hyiraa ɔmanfo no, na Onyankopɔn tiee wɔn, efisɛ wɔn mpaebɔ duu ɔsoro, nʼatenae wɔ kronkronbea hɔ.

Nouă Traducere În Limba Română

2 Cronici 30:1-27

Celebrarea Paștelui

1Ezechia a trimis solie peste tot în Israel și Iuda și a scris scrisori chiar și celor din Efraim și Manase, chemându‑i la Casa Domnului, în Ierusalim, pentru a sărbători Paștele Domnului, Dumnezeul lui Israel. 2Regele se sfătuise la Ierusalim cu căpeteniile sale și cu toată adunarea să sărbătorească Paștele în luna a doua, 3pentru că nu au putut să‑l sărbătorească la vremea sa, deoarece nu se sfințiseră3 Verbul poate avea sensul de a pune pe cineva/ceva într‑o stare specială (fizic sau spiritual), a consacra, a pune deoparte pentru Dumnezeu (uneori printr‑un ritual de ungere cu ulei sau sânge, spălare și/sau rugăciune ori declarație publică). destui preoți, iar poporul nu se adunase la Ierusalim. 4Propunerea a plăcut atât regelui, cât și întregii adunări. 5Prin urmare, ei au dat o poruncă prin care urma să se străbată tot Israelul, de la Beer-Șeba până la Dan, pentru a‑i chema pe oameni la Ierusalim ca să sărbătorească Paștele Domnului, Dumnezeul lui Israel, căci demult nu‑l mai sărbătoriseră în mare număr, după cum era scris. 6Și, așa cum poruncise regele, mesagerii6, 10 Lit.: alergătorii. au dus în tot Israelul și în Iuda scrisorile regelui și ale căpeteniilor sale, în care se spunea:

„Fii ai lui Israel, întoarceți‑vă la Domnul, Dumnezeul lui Avraam, Isaac și Israel, iar El Se va întoarce la rămășița care a scăpat, la cei ce au scăpat din mâna împăraților Asiriei! 7Nu fiți ca părinții și ca frații voștri care au fost necredincioși față de Domnul, Dumnezeul părinților voștri, și pe care El i‑a lăsat pradă pustiirii, după cum vedeți astăzi. 8Acum, nu vă înțepeniți ceafa, ca părinții voștri! Dați mâna cu Domnul, veniți la Sfântul Lui Lăcaș, pe care l‑a sfințit pe vecie, și slujiți Domnului, Dumnezeul vostru, ca astfel să se depărteze de la voi apriga Lui mânie! 9Căci dacă vă veți întoarce la Domnul, frații voștri și fiii voștri vor găsi îndurare la cei ce i‑au luat captivi și se vor întoarce în țara aceasta, căci Domnul, Dumnezeul vostru, este plin de har și milostiv și nu‑Și va întoarce fața de la voi, dacă vă întoarceți la El.“

10Mesagerii au străbătut fiecare cetate din Efraim și Manase, până în Zabulon, însă oamenii râdeau de ei și‑i batjocoreau. 11Totuși, au existat unii din Așer, din Manase și din Zabulon care s‑au smerit și au venit la Ierusalim. 12De asemenea, și în Iuda, mâna lui Dumnezeu i‑a unit pentru ca ei să împlinească porunca regelui și a căpeteniilor, poruncă dată potrivit Cuvântului Domnului.

13În luna a doua, o mulțime de oameni s‑a adunat la Ierusalim ca să celebreze Sărbătoarea Azimelor. Era o adunare foarte mare. 14S‑au ridicat și au îndepărtat altarele care erau în Ierusalim, precum și toate altarele pentru tămâiere și le‑au aruncat în uedul14 Vezi nota de la 15:16. Chidron. 15Apoi, în a paisprezecea zi a lunii a doua, au înjunghiat mieii de Paște. Preoții și leviții, plini de rușine, s‑au sfințit și au adus arderi‑de‑tot la Casa Domnului. 16Ei stăteau la locurile lor, așa cum era hotărât cu privire la ei în Legea lui Moise, omul lui Dumnezeu; și preoții stropeau sângele pe care‑l luau de la leviți. 17Fiindcă erau mulți în adunare care nu se sfințiseră,17 Vezi nota de la 30:3. leviții au înjunghiat ei înșiși mieii de Paște pentru toți aceia care nu erau curați și nu puteau să îi închine17 Lit.: sfințească. Verbul poate avea sensul de a pune pe cineva/ceva într‑o stare specială (fizic sau spiritual), a consacra, a pune deoparte pentru Dumnezeu (uneori printr‑un ritual de ungere cu ulei sau sânge, spălare și/sau rugăciune ori declarație publică). ei Domnului. 18Căci majoritatea poporului, mulți din Efraim, din Manase, din Isahar și din Zabulon, nu se curățise și nu mâncase jertfa de Paște după cum era scris. Însă Ezechia s‑a rugat pentru ei, zicând: „Domnul, Care este bun, să‑i ierte 19pe toți aceia care s‑au hotărât în inimile lor să‑L caute pe Dumnezeu, pe Domnul, Dumnezeul părinților lor, chiar și fără sfânta curățire!“ 20Domnul l‑a ascultat pe Ezechia și a vindecat poporul.

21Fiii lui Israel prezenți la Ierusalim au celebrat, cu mare bucurie, Sărbătoarea Azimelor, timp de șapte zile. Leviții și preoții Îl lăudau pe Domnul în fiecare zi cu instrumentele de laudă ale Domnului.

22Ezechia a vorbit pe placul inimii tuturor leviților care arătaseră o bună înțelegere a slujbei Domnului. Ei au mâncat, timp de șapte zile, din partea cuvenită lor, au adus jertfe de pace și I‑au mulțumit Domnului, Dumnezeul părinților lor.

23Întreaga adunare s‑a sfătuit să mai celebreze încă șapte zile. Și au celebrat cu bucurie încă șapte zile, 24deoarece Ezechia, regele lui Iuda, oferise adunării o mie de tauri și șapte mii de oi, iar căpeteniile oferiseră adunării o mie de tauri și zece mii de oi, și deoarece mulți preoți se sfințiseră. 25Toată adunarea lui Iuda împreună cu preoții și leviții și toată adunarea celor sosiți din Israel, precum și străinii, cei sosiți din țara lui Israel și cei ce locuiesc în Iuda, s‑au bucurat împreună. 26A fost o mare bucurie în Ierusalim, așa cum nu a mai fost în Ierusalim din zilele lui Solomon, fiul lui David, regele lui Israel. 27Preoții și leviții s‑au ridicat și au binecuvântat poporul. Glasul lor s‑a făcut auzit, iar rugăciunea lor a ajuns până la Lăcașul Tău cel Sfânt, până la ceruri.