2 Beresosɛm 3 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 3:1-17

Salomo Si Asɔredan No

1Na Salomo fii ase sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔw so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wosii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ, baabi a Dawid yi too hɔ no. 2Salomo dii ade no, ne mfe anan so, Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wofii ɔdan no si ase.

3Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem ntwemu yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw mu yɛ anammɔn aduasa. 4Ntwironoo a ɛwɔ Asɔredan no anim trɛw yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no trɛw yɛ pɛ.

Afasu a ɛwɔ ntwironoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwironoo no sorokɔ yɛ anammɔn aduasa.

5Ɔpepaw nnua na wɔde sam Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu so, dii mmedua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinni wɔ so. 6Abohemaa a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a efi Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasu ho. 7Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasu, afadum, apon ne abobow ano nyinaa ho, na wodii kerubim sɛso adwinni wɔ afasu no ho.

8Na Kronkron mu Kronkron hɔ trɛw yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, ne ntwemu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ ankasa bɛyɛ nkaribo tɔn aduonu abiɛsa na wɔde guu so. 9Sikakɔkɔɔ nnadewa a biara kari bɛyɛ gram ahannum ne aduoson anum (575) na wɔde dii ɔdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ ankasa na wɔde guu soro adan no afasu ani.

10Salomo yɛɛ kerubim sɛso abien, de sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. Wɔde eyinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ. 11Kerubim abien no a wosisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ntaban baako a ɛpem ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Ntaban baako no nso a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ɛne kerubim baako no ntaban hyia. 12Saa ara nso na kerubim a ɔto so abien no ntaban baako mu trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ɛpem Asɔredan no fasu a ɛne ɔfasu baako no di nhwɛanim. Ntaban baako a aka no nso trɛw a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ehyia kerubim a edi kan no ntaban baako. 13Enti na kerubim abien no ntaban mu trɛw yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu.

14Salomo de ntwamtam3.14 Ntwamtam no kyɛ asɔredan no mu abien. Nnua apon no nso wotumi to mu. a ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwen kerubim nsɛsode agu mu, sɛn Kronkron mu Kronkron no kwan ano.

15Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Na ntaaso kata emu biara atifi a ɛno nso sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa. 16Ɔyɛɛ ntweaban nkɔnsɔnkɔnsɔn, de siesiee afadum no atifi. Ɔsan yɛɛ atoaa aba nsɛso fɛfɛ de susoo ntweaban no mu. 17Afei, ɔde afadum abien no sisii Asɔredan no ano kwan ano. Ɔde baako sii ɔkwan no anafo fam no ano, na ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo nea ɛwɔ anafo fam no din Yakin, na nea ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no din Boas.

Korean Living Bible

역대하 3:1-17

솔로몬의 성전 건축

1마침내 성전 건축 공사가 시작되었다. 그 위치는 예루살렘의 모리아산이었다. 이 곳은 여호와께서 솔로몬의 아버지 다윗에게 나타났던 곳으로 여부스 사람 오르난의 타작 마당이었으나 다윗이 성전 부지로 선정한 곳이었다.

2성전 건축 공사가 시작된 날은 솔로몬왕 4년 2월 2일이었다.

3성전 지대는 3:3 히 ‘길 60규빗, 폭 20규빗’길이가 27미터, 폭이 9미터이며

4현관의 폭과 높이는 성전의 폭과 같이 각각 3:4 원문에는 ‘현관의높이 120규빗’ 54미터로되어있다.9미터였고 현관 내부는 순금으로 입혔다.

5성전 본당은 백향목으로 만들고 그 위에 순금을 입혔으며 거기에 종려나무와 사슬 모양의 형상을 새겼다.

6또 아름다운 보석을 벽에 박아 한층 돋보이게 하고 바르와임에서 수입해 온 금으로 성전을 화려하게 장식했는데

7성전 벽 전체와 들보와 문과 문지방을 금으로 입히고, 벽에는 그룹 천사를 아로새겼다.

8그리고 성전 안에 길이와 폭이 다 같이 9미터 되는 지성소를 만들고 순금 3:8 히 ‘600달란트’약 20톤으로 그 벽을 입혔고

9또 금 3:9 히 ‘50세겔’570그램으로 지성소에 쓸 못을 만들었으며 다락도 역시 금으로 입혔다.

10지성소 안에는 조각하여 만든 두 그룹 천사를 금으로 입혀 놓았으며

11-13그 두 그룹 천사는 정면을 향해 서로 나란히 서 있게 하였다. 이 그룹 천사들의 날개는 각각 두 개씩이며 각 날개의 길이는 약 2.3미터였다. 이 날개들은 지성소 중앙에서 한쪽 끝을 서로 맞대고 다른 한쪽 끝은 각각 성전 벽에 닿았는데 두 그룹 천사의 날개가 뻗어 있는 전체 길이는 9미터였다.

14그리고 지성소의 휘장은 청색, 자색, 홍색 실과 고운 베로 만들었으며 그 위에 그룹 천사를 수놓았다.

15성전 정면에는 높이 3:15 원문에는 ‘35규빗’ 곧 16미터로되어있다.8.1미터 되는 두 기둥을 세웠으며 이 기둥에는 약 2.3미터 되는 기둥머리를 씌웠고,

16또 그 기둥머리를 사슬로 장식하여 그 사슬에 놋으로 만든 석류 100개를 달았다.

17이 기둥은 성전 입구 양쪽에 세웠으며 오른쪽에 세운 것을 3:17 ‘하나님이세우신다’ 는뜻.‘야긴’ 이라 부르고 왼쪽에 세운 것을 3:17 ‘그의힘으로’ 라는뜻.‘보아스’ 라고 불렀다.