2 Beresosɛm 23 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 23:1-21

Wɔsɔre Tia Atalia

1Atalia dii ade mfe ason no, ɔsɔfo Yehoiada kyerɛɛ no tumi. Osii ne bo ne asraafodɔm ɔha so asahene baanum, a wɔne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam. 2Saa mmarima yi faa sum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Yuda nkurow so sɛ, wɔmmra Yerusalem. 3Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberante Yoas yɛɛ apam.

Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere adu sɛ ɔhene babarima di ade. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn hene. 4Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Sɛ asɔfo ne Lewifo ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako na wɔbɛyɛ apon ano ahwɛfo. 5Nkyemu abiɛsa mu baako nso bɛkɔ ahemfi, na nkyɛmu abiɛsa mu baako a wɔaka no akɔ Fapem Pon no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaka no nyinaa tenatena Awurade Asɔredan adiwo ahorow hɔ. 6Monkae sɛ, asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn Awurade Asɔredan no mu, efisɛ wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔaka no di Awurade mmara so, na wɔtenatena afikyiri. 7Mo Lewifo na mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.”

8Enti Lewifo no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wogye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfo Yehoiada amma obiara ankɔ fie. 9Na Yehoiada de mpeaw ne nkatabo a na ɛyɛ Ɔhene Dawid de, na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no. 10Ɔde awɛmfo no twaa ɔhene no ho hyiae a wɔayɛ wɔn akode krado. Wogyinagyinaa saa wɔ Asɔredan no anafo fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔremuka no ho nyinaa hyiae.

11Afei, Yehoiada ne ne mmabarima yii ɔhene babarima Yoas bae, na wɔde ahenkyɛw no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nhoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”

Atalia Wu

12Bere a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfo reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm ko a asi. 13Na ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntorobɛnto. Nnwontofo a wɔnam nnwontode so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfo no anim ahokeka so. Bere a Atalia huu eyi no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu se, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!”

14Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no se, “Montwe no mfi Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, munkum no. Nanso munnkum no wɔ Awurade Asɔredan mu ha.” 15Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ.

Yehoida Ɔsom Nhyehyɛe Foforo

16Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfo. 17Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kobubu gui. Wɔsɛee afɔremuka no, dwerɛw ohoni no, kum Baal sɔfo Matan wɔ afɔremuka no anim.

18Yehoiada nam ahyɛde a Dawid ka too hɔ so, de Lewifo asɔfo sisii Awurade Asɔredan no dwumadi ahorow no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, sɛnea Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛw wɔn ho, sɛnea Dawid ahyɛ no. 19Ɔde apon ano ahwɛfo no sisii Awurade Asɔredan apon ano, sɛnea wɔremma wɔn a wɔn ho ntew no nkɔ mu.

20Afei, asahene, atitiriw, ntuanofo ne ɔmanfo nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam pon no ano, wuraa ahemfi hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehye ahengua no so. 21Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa ɔman no mu, efisɛ na wɔde afoa akum Atalia.

New International Reader’s Version

2 Chronicles 23:1-21

1When Joash was seven years old, Jehoiada showed how strong he was. He made a covenant with the commanders of groups of 100 men. The commanders were Azariah son of Jeroham, Ishmael son of Jehohanan, Azariah son of Obed, Maaseiah son of Adaiah, and Elishaphat son of Zikri. 2They went all through Judah. They gathered together the Levites and the leaders of Israelite families from all the towns. They came to Jerusalem. 3The whole community made a covenant with the new king at God’s temple.

Jehoiada said to them, “Ahaziah’s son will rule over Judah. That’s what the Lord promised concerning the family line of David. 4Here’s what I want you to do. A third of you priests and Levites who are going on duty on the Sabbath day must guard the doors. 5A third of you must guard the royal palace. And a third of you must guard the Foundation Gate. All the other men must guard the courtyards of the Lord’s temple. 6Don’t let anyone enter the temple except the priests and Levites who are on duty. They can enter because they are set apart to the Lord. But all the other men must obey the Lord’s command not to enter. 7The Levites must station themselves around the new king. Each man must have his weapon in his hand. Anyone else who enters the temple must be put to death. Stay close to the king no matter where he goes.”

8The Levites did just as Jehoiada the priest ordered. So did all the men of Judah. Each commander got his men. Some of the men were going on duty on the Sabbath day. Others were going off duty. Jehoiada didn’t let any of the groups go. 9Then he gave weapons to the commanders of the groups. He gave them spears, large shields and small shields. The weapons had belonged to King David. They had been in God’s temple. 10Jehoiada stationed all the men around the new king. Each man had his weapon in his hand. They were standing near the altar and the temple. They stood from the south side of the temple to its north side.

11Jehoiada and his sons brought Ahaziah’s son out. They put the crown on him. They gave him a copy of the covenant. And they announced that he was king. They anointed him. Then they shouted, “May the king live a long time!”

12Athaliah heard the noise of the people running and cheering the new king. So she went to them at the Lord’s temple. 13She looked, and there was the king! He was standing next to his pillar at the entrance. The officers and trumpet players were standing beside the king. All the people of the land were filled with joy. They were blowing trumpets. Musicians with their musical instruments were leading the songs of praise. Then Athaliah tore her royal robes. She shouted, “Treason! It’s treason!”

14Jehoiada the priest sent out the commanders of the groups of 100 men. They were in charge of the troops. He said to them, “Bring her away from the temple between the line of guards. Use your swords to kill anyone who follows her.” The priest had said, “Don’t put her to death at the Lord’s temple.” 15So they grabbed her as she reached the entrance of the Horse Gate on the palace grounds. There they put her to death.

16Then Jehoiada made a covenant. He promised that he, the people and the king would be the Lord’s people. 17All the people went to Baal’s temple. They tore it down. They smashed the altars and the statues of gods. They killed Mattan in front of the altars. He was the priest of Baal.

18Then Jehoiada put the priests, who were Levites, in charge of the Lord’s temple. David had given them their duties in the temple. He had appointed them to sacrifice burnt offerings to the Lord. He wanted them to do it in keeping with what was written in the Law of Moses. David wanted them to sing and be full of joy. 19Jehoiada stationed guards at the gates of the Lord’s temple. No one who was “unclean” in any way could enter.

20Jehoiada took with him the commanders of hundreds, the nobles, the rulers of the people, and all the people of the land. He brought the new king down from the Lord’s temple. They went into the palace through the Upper Gate. Then they seated the king on the royal throne. 21All the people of the land were filled with joy. And the city was calm. That’s because Athaliah had been killed by a sword.