2 Beresosɛm 22 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 22:1-12

Ahasia Di Hene Wɔ Yuda

1Afei, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a odi hɔ. Na Arabfo afowfo akuw akunkum mmabarima mpanyimfo no nyinaa. Ɛno nti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na odii hene wɔ Yuda.

2Bere a Ahasia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii ade wɔ Yerusalem afe. Na ne na a ɔyɛ Israelhene Omri nena no din de Atalia.

3Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛe no bi, efisɛ ne na hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu. 4Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so sɛnea Ahab yɛe no. Nʼagya wu akyi no, Ahab abusuafo na wɔbɛyɛɛ nʼafotufo. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛe mu. 5Esiane wɔn afotu bɔne nti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wotuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu no, Aramfo no piraa Yoram. 6Yoram san kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuru no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no.

7Na eyi dan mfomso kɛse, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kohyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Onyankopɔn ayi no sɛ ontwa Ahab fi adedi ntoatoaso no so. 8Bere a Yehu rebu atɛn atia Ahab fi no, ohyiaa Yuda mpanyimfo ne Ahasia abusuafo bi a na wɔresom Ahasia. Enti Yehu kunkum wɔn nyinaa. 9Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wokohuu no sɛ wakɔtɛw Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu ma okum no. Wosiee Ahasia ma ɛyɛɛ fɛ, efisɛ nnipa dii ne ho adanse se, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ Awurade no nena.” Na Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyi no mu biara amfata sɛ ɔbɛtoa ahenni no so.

Atalia Di Yuda So Hene

10Bere a Yudahene Ahasia ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehye abusua no. 11Nanso Ahasia nuabea Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea, faa Ahasia babarima akokoaa Yoas fii ɔhene no mma a wɔaka a wɔrebekum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kosiee pia bi mu. Eyi ne ɔkwan a ɔsɔfo Yehoiada yere Yehoseba faa so de abofra no siei, sɛnea ɛbɛyɛ na Atalia rennya no nkum no. 12Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 22:1-12

犹大王亚哈谢

1耶路撒冷的居民拥立约兰的小儿子亚哈谢22:1 亚哈谢”即21:17提到的“亚哈斯”。为王。因为约兰的其他儿子都被那些与阿拉伯人同来攻营的匪徒杀了,于是犹大约兰的儿子亚哈谢做了王。 2亚哈谢二十二岁22:2 参考七十士译本、叙利亚译本和列王纪下8:26。希伯来文是“四十二岁”。登基,在耶路撒冷执政一年。他母亲叫亚她利雅,是暗利的孙女。 3他重蹈亚哈家的覆辙,因为他的母亲唆使他作恶。 4他像亚哈家一样做耶和华视为恶的事,因为他父亲死后,亚哈家便唆使他作恶,使他走向灭亡。 5他照亚哈家的主意,与以色列亚哈的儿子约兰一起去基列拉末征讨亚兰哈薛亚兰人击伤约兰6约兰便回到耶斯列疗伤。犹大亚哈谢22:6 亚哈谢”希伯来文是“亚撒利雅”。前去探望他。

7亚哈谢去见约兰,遇害身亡,这事出于上帝。原来他到那里后便与约兰去攻击宁示的孙子耶户耶户是耶和华膏立去毁灭亚哈家的人。 8耶户讨伐亚哈家的时候,遇见犹大众首领和亚哈谢的众侄儿,他们都是服侍亚哈谢的,耶户就把他们全部杀掉。 9然后耶户搜捕亚哈谢,民众找到躲在撒玛利亚亚哈谢,把他押到耶户那里杀了。他们念他是全心寻求耶和华的约沙法的孙子,就把他埋葬了。这样,亚哈谢家无人能保住王位。

亚她利雅篡权

10亚哈谢的母亲亚她利雅见她儿子死了,便决定除掉犹大王室的后裔。 11约兰王的女儿、亚哈谢的妹妹约示芭亚哈谢的儿子约阿施从将要被杀的王子中偷出来,将他和他的乳母藏在一间卧室里躲避亚她利雅的杀害。约示芭耶何耶大祭司的妻子。 12约阿施和他们在上帝的殿里藏了六年。那时亚她利雅篡位当政。