2 Beresosɛm 21 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 21:1-20

Yehoram Di Hene Wɔ Yuda

1Bere a Yehosafat wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼade sɛ ɔhene. 2Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmabarima afoforo bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. 3Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛde a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne; na afei, ɔde Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na esiane sɛ Yehoram yɛ abakan nti, ɔbɛyɛɛ ɔhene.

4Na bere a Yehoram ahenni timii no, okunkum ne nuabarimanom no nyinaa ne Israelfo ntuanofo bi. 5Bere a Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. 6Na Yehoram yɛɛ sɛnea Israel ahemfo yɛe. Na ɔyɛ otirimɔdenfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 7Nanso na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahenni nnidiso no, efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefo bɛkɔ so adi hene afebɔɔ.

8Yehoram bere so na Edomfo sɔre tiaa Yuda, na wosii wɔn ankasa wɔn hene. 9Enti Yehoram de asraafo ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔtow hyɛɛ Edom so. Edomfo twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafo no ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum mu guanee. 10Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de besi nnɛ. Saa bere koro no ara mu, Libna kurow tew atua, efisɛ na Yehoram atwe ne ho afi Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn ho. 11Na wasisi abosonsomfo nsɔree so wɔ Yuda mmepɔw asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfo anyame.

12Na odiyifo Elia kyerɛw saa krataa yi kɔmaa Yehoram:

“Asɛm a Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn se ni: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nena Yudahene Asa nhwɛsopa so. 13Mmom, woayɛ omumɔyɛfo sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfo ne Yudafo akɔsom ahoni te sɛnea ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wodi mu sen wo. 14Enti afei, Awurade de ɔhaw kɛse bɛba wo, wo nkurɔfo, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so. 15Wʼankasa de, wɔde nsono mu yare a ɛyɛ yaw yiye bɛto wo so akosi sɛ wʼayamude betu apue.’ ”

16Na Awurade kaa Filistifo ne Arabfo a na wɔte bɛn Etiopiafo so sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yehoram so. 17Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so kotuaa wɔn ano, fow aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfi hɔ a ne mmabarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wogyaw no.

18Eyi akyi na Awurade maa nsono mu yare a ano yɛ den bɔɔ Yehoram. 19Akyiri no, mfe abien akyi, ɔyare no maa nʼayamde puei, na owui ɔyaw mu. Ne nkurɔfo ammɔ ogyatannaa kɛse, amfa anhyɛ no anuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛnea wɔyɛ maa nʼagyanom no.

20Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. Owui no, anyɛ obiara awerɛhow. Wosiee no wɔ Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehye asiei.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 21:1-20

1约沙法与祖先同眠后,葬在大卫城他的祖坟里。他儿子约兰继位。

犹大王约兰

2亚撒利雅耶歇撒迦利雅亚撒列夫米迦勒示法提雅约兰的兄弟、犹大约沙法的儿子。 3他们的父亲赐给他们许多金银、财宝和犹大境内的坚城,但将王位赐给了约兰,因为他是长子。 4约兰登基,巩固了王位后,就用刀杀了他所有的兄弟和一些以色列首领。 5约兰三十二岁登基,在耶路撒冷执政八年。 6他与亚哈家一样步以色列诸王的后尘,因为他娶了亚哈的女儿为妻,做耶和华视为恶的事。 7但耶和华不愿毁灭大卫家,因为祂曾与大卫立约,应许让大卫和他的子孙永远做王。

8约兰执政期间,以东人反叛犹大,自己立王。 9约兰率将领及所有战车前去讨伐,结果被以东人包围。但他们乘夜突出重围。 10以东人至今仍脱离犹大的统治,立拿人也在那时候叛变了,因为约兰背弃了他祖先的上帝耶和华。 11约兰犹大的山上修建丘坛,引诱耶路撒冷的居民和犹大人与假神苟合。

12以利亚先知写信给约兰说:“你祖先大卫的上帝耶和华这样说,‘因为你没有效法你父亲约沙法,也没有效法犹大亚撒13而是重蹈以色列诸王的覆辙,与亚哈家一样,引诱犹大人和耶路撒冷的居民与假神苟合,还杀了比你好的兄弟。 14因此,耶和华要降大灾祸给你的人民、儿女、妻妾及一切所有。 15你必患严重的肠病,并且日益加重,直到你的肠子掉出来。’”

16耶和华驱使非利士人和古实附近的阿拉伯人攻打约兰17他们起兵攻打犹大,侵入境内,掳走了王宫里的所有财物以及约兰的儿子和妻妾,只留下他最小的儿子约哈斯

18这事以后,耶和华使约兰患了无法医治的肠病, 19日益加重,两年后肠子掉了出来,他痛苦地死去了。他的百姓没有像对待他祖先那样向他焚火致哀。 20约兰三十二岁登基,在耶路撒冷执政八年。他死后无人向他致哀。他葬在大卫城,但没有葬在王陵里。