2 Beresosɛm 2 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 2:1-18

Asɔredan No Si Ahoboa

1Salomo hyɛɛ sɛ wonsi Awurade Asɔredan ne nʼankasa nʼahemfi. 2Ɔfaa apaafo mpem aduɔson ne abotwafo mpem aduɔwɔtwe fii bepɔw so aman mu ne nnipa mpem abiɛsa ne ahansia a wodi adwuma no anim.

3Salomo de nkra yi kɔmaa Tirohene Huram:

“Brɛ me sida nnua te sɛ nea wɔde brɛɛ mʼagya Dawid, bere a na ɔresi nʼahemfi no. 4Merebesi Asɔredan ahyɛ Awurade, me Nyankopɔn din anuonyam. Ɛbɛyɛ baabi bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhyew nnuhuam ne kurobow wɔ nʼanim, nna afɔrebɔde brodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyew afɔre ahorow homeda biara, anɔpa ne anwummere, Ɔsram Foforo biara afahyɛ ahorow ne Awurade yɛn Nyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa.

5“Eyi bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, efisɛ yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnwonwani a ɔso kyɛn ɔfoforo biara. 6Hena na obetumi asi ofi a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hena a mesi asɔredan ama no? Nea metumi ayɛ ara ne sɛ mesi baabi a wɔbɛbɔ afɔre ama no.

7“Enti ma me odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a obetumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade adi adwinni; obi a onim sɛnea wɔhyɛ ntama aduru ma ɛyɛ bibiri, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yiye ne sika dwumfo a wakwadaw adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfo a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma.

8“Afei, fa sida, ɔpepaw ne ɔbako nnua fi Lebanon brɛ me, efisɛ, minim sɛ wo mmarima no akyi no, obi nni hɔ wɔ nnuabu mu; na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn. 9Asɔredan a merebesi no kɛse ne ne fɛ a ɛbɛyɛ nti, nnua bebree ho behia me. 10Mede atoko susukoraa mpem aduonu, nsa gyare mpem aduonu ne du ne ngo mpem aduonu betua wo mmarima no ka.”

11Ɛnna ɔhene Huram kyerɛw saa mmuae yi de kɔmaa Salomo:

“Esiane sɛ Awurade dɔ ne nkurɔfo nti na ɔde wo asi wɔn so hene.

12“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafo a wadom no adwene ne ntease a obesi Asɔredan ama Awurade ne ahemfi ama nʼankasa ho.

13“Merebrɛ wo odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafo ankasa 14a ɔyɛ ɔbea bi a ofi Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso fi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade dwumfo ankasa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinni ne ntamanwen ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfo wɔ ntama bibiri, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na otumi de sirikyitam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ sika dwumfo a otumi di adwinni biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfo ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma.

15“Fa atoko, ngo ne nsa a wokaa ho asɛm no bra. 16Nnua biara a ɛho hia no, yebetwa afi Lebanon mmepɔw so, na yɛde ayɛ mpata agu asu ani, fi Ntam Po no mpoano akosi Yopa. Na efi hɔ no, wubetumi de akɔ Yerusalem.”

17Salomo kan ahɔho dodow a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ nea nʼagya kenkan nnipa no. Onyaa nnipa mpem ɔha aduonum abiɛsa ne ahansia (153,600). 18Ɔmaa wɔn mu mpem aduɔson (70,000) yɛɛ apaafo. Wɔn mu mpem aduɔwɔtwe (80,000) yɛɛ abotwafo wɔ wɔn mmepɔw nkurow no so, na wɔn mu mpem abiɛsa ne ahansia (3,600) yɛɛ wɔn a wodi nnwuma no anim.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 2:1-18

预备建圣殿

1所罗门决定为耶和华的名建造殿宇,也为自己兴建王宫。

2他征用七万名搬运工、八万名在山上凿石的匠人、三千六百名监工, 3并派人去见泰尔希兰,说:“你曾运香柏木给我父亲建造王宫,请你也照样帮助我。 4现在,我要为我的上帝耶和华的名建一座殿,我要把殿献给祂,在祂面前烧芬芳的香,经常献上供饼,在每天早晚、安息日、朔日2:4 朔日”即每月初一。及我们的上帝耶和华所定的节期献上燔祭。这是以色列人应当永远遵守的定例。 5我要建造的殿宇极其宏伟,因为我们的上帝超越一切神明。 6诸天尚且容纳不下祂,谁能为祂建造殿宇呢?我是谁,怎能为祂建造殿宇?我不过是建个向祂烧香的地方。 7现在,请你派一位巧匠来,他要懂得雕刻,会用金银铜铁铸造物品,会编织紫色、朱红色和蓝色的布,好与我父大卫犹大耶路撒冷所预备的巧匠一起工作。 8也请你从黎巴嫩运些香柏木、松木和檀香木来,因为我知道你的仆人擅长砍伐黎巴嫩的树木。我会派人与你的仆人一起工作。 9我要建的殿宇非常宏伟,所以需要的木料非常多。 10我会供给你的伐木工人四百四十万升小麦、四百四十万升大麦、四十四万升酒和四十四万升油。”

11泰尔希兰写信给所罗门说:“耶和华爱祂的子民,所以立你做他们的王。 12创造天地的以色列的上帝耶和华当受称颂!祂赐给大卫王一个有智慧、谋略和悟性的儿子来为耶和华建殿,也为他自己建造王宫。 13现在,我派聪明能干的巧匠户兰去你那里。 14他的母亲是支派的人,父亲是泰尔人。他精于雕刻和设计,善用金银铜铁和木石制造物品,又会编织紫色、蓝色、朱红色的布和细麻布。你可以让他与你的工匠和你父亲大卫的工匠一起工作。 15现在,请我主把许诺的小麦、大麦、油和酒运给仆人。 16我们会在黎巴嫩砍伐你需要的木材,扎成木筏,经海道运到约帕,你可以从那里将木材转运到耶路撒冷。”

17所罗门依照他父亲大卫的方法,统计所有寄居在以色列的外族人,共有十五万三千六百人。 18他指派其中的七万人做搬运工,八万人在山上采凿石头,三千六百人做监工。