2 Beresosɛm 17 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 17:1-19

Yehosafat Di Yuda So Hene

1Na Asa babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛnea obetumi agyina Israel ɔfow biara ano. 2Oduaduaa asraafodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraafodɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkurow a nʼagya Asa ako agye no so.

3Na Awurade ka Yehosafat ho, efisɛ ɔyɛɛ sɛnea nʼagya Asa yɛe wɔ ne mfe a edi kan no mu, na wansom Baal ahoni no. 4Ɔhwehwɛɛ nʼagya Nyankopɔn, na odii nʼahyɛde so a wanni Israel ahenni mu nneyɛe no akyi. 5Enti Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahenni no timii. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛde, ma ɔyɛɛ ɔdefo, na wɔde nidi maa no. 6Ofi ne koma nyinaa mu nantew Awurade akwan so. Obubuu abosonsomfo nsɔree so, na ɔsɛee Asera nnua no.

7Yehosafat ahenni mfe abiɛsa so no, ɔsomaa ne mpanyimfo ma wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkurow nyinaa so. Ne mpanyimfo no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia. 8Ɔsomaa Lewifo a wɔn din didi so yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfo Elisama ne Yehoram nso. 9Wɔfaa Awurade mmara a wɔatintim nhoma no de kyinii Yuda nkurow nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no.

10Na afei, ɛmaa Awurade ho suro tɔɔ ahenni a atwa ahyia no nyinaa so, nti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so. 11Filistifo no bi brɛɛ no akyɛde ne dwetɛ sɛ sonkahiri, na Arabfo brɛɛ no adwennini mpem ason ne ahanson ne mpapo mpem ason ne ahanson.

12Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara ma osisii aban ne nnuan adekoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so. 13Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkurow mu, na ɔmaa asraafo a wɔyɛ den tenaa Yerusalem. 14Wogyinaa agyanom mmusuakuw so gyee asraafo.

Yuda abusua mu, na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa (300,000)

a wɔakyekyɛ wɔn mu akuwakuw apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn so sahene.

15Onipa a na odi ne so ne Yehohanan a na odi asraafodɔm mpem ahannu aduɔwɔtwe (280,000) so.

16Nea odi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa Awurade adwuma a na odi asraafodɔm mpem ahannu (200,000) so sahene.

17Benyamin abusua asraafodɔm no,

na wɔn dodow yɛ mpem ahannu (200,000) a wɔwɔ agyan ne nkatabo. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛ.

18Nea odi hɔ ne Yehosabad a otua asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe (180,000) a wɔada wɔn ho so ama akodi no ano.

19Eyinom ne asraafodɔm a wɔtenaa Yerusalem som ɔhene, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkurow a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu no.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 17:1-19

猶大王約沙法

1亞撒的兒子約沙法繼位,他發憤圖強對抗以色列2他派兵駐守猶大所有的堅城,又把守備軍安置在猶大和他父親亞撒所征服的以法蓮各城邑。 3耶和華與約沙法同在,因為他效法他祖先大衛起初所行的,沒有尋求巴力4只尋求他父親的上帝,遵行祂的誡命,沒有效法以色列人的行為。 5因此,耶和華鞏固他的王位,所有的猶大人都向他進貢,他極有財富和尊榮。 6他專心遵行耶和華的道,剷除猶大境內的邱壇和亞舍拉神像。

7他在執政第三年委派官員便·亥伊勒俄巴底撒迦利雅拿坦業米該亞猶大各城教導民眾, 8與他們同去的還有利未示瑪雅尼探雅西巴第雅亞撒黑示米拉末約拿單亞多尼雅多比雅駝·巴多尼雅,還有祭司以利沙瑪約蘭9他們帶著耶和華的律法書,走遍猶大各城鎮教導民眾。 10猶大周圍的列國都懼怕耶和華,不敢與約沙法爭戰。 11一些非利士人向他進貢禮物和銀子,阿拉伯人也給他送來公綿羊和公山羊各七千七百隻。

12約沙法日漸強大,在猶大境內修建堡壘和儲貨城, 13猶大各城儲備大量物資。他又在耶路撒冷屯駐精兵, 14其人數按宗族記在下面。

猶大族有千夫長押拿,率領精兵三十萬; 15其次是千夫長約哈難,率領軍兵二十八萬; 16其次是自願事奉耶和華的細基利的兒子亞瑪斯雅,率領精兵二十萬。 17便雅憫族有勇士以利雅大,率領手持弓箭和盾牌的軍兵二十萬; 18其次是約薩拔,率領全副武裝的軍兵十八萬。 19以上都是服侍王的軍兵,不包括王派去駐守猶大各堅城的軍兵。