2 Beresosɛm 16 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 16:1-14

Asa Ahenni Nna A Edi Akyiri

1Asa dii ade mfe aduasa asia no, Israelhene Baasa kɔtow hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ompue mfi ɔhene Asa Yudaman mu. 2Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii Awurade Asɔredan adekoradan ne ahemfi hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho: 3“Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔmmfa ne nsa nka me.”

4Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼasraafo, kɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduan akorae nkuropɔn nyinaa so. 5Bere a Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee Rama bammɔ ho dwumadi no. 6Enti ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa ma wɔbɛsoaa adansi abo ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkurow Geba ne Mispa ho ban.

7Saa bere no mu no, ɔdehufo Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagyaw Awurade wo Nyankopɔn nti, worentumi nni Aramhene asraafo no so. 8Wonkae nea ɛbaa Etiopiafo no ne Libiafo ne wɔn asraafodɔm dodow ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo so no? Saa bere no, na wode wo ho to Awurade so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa. 9Awurade aniwa kyin fa asase so baabiara, sɛnea ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Efi nnɛ, wobɛkɔ ɔko.”

10Asa bo fuw Hanani yiye sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa bere no ara na Asa afi ase rehyɛ ne nkurɔfo no bi so.

Asa Ahenni Tiaatwa

11Asa ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ne Israel ahemfo nhoma no mu. 12Nʼadedi mfe aduasa akron so no, ɔyare huhuuhu bi yɛɛ Asa nan. Ɔyare no duu ne mpɔmpɔnso a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ Awurade mmoa akyi kwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafo mmoa. 13Enti nʼadedi mfe aduanan baako so no, owui. 14Wosiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhuam ne sradehuam ho hua ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ ogyatannaa kɛse bi de hyɛɛ no anuonyam.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志下 16:1-14

犹大与以色列争战

1亚撒执政第三十六年,以色列巴沙上来攻打犹大,修筑拉玛,企图隔断犹大亚撒与外界的联系。 2于是,亚撒收集耶和华殿里和王宫库房里的金银,派人送给住在大马士革亚兰便·哈达,说: 3“我们之间应立盟约,像我们的父亲之间立约一样,现在奉上金银为礼,请你取消与以色列巴沙立的盟约。这样,他就会从我境内退兵。” 4便·哈达接受了亚撒王的提议,派将领攻打以色列的城邑,攻占了以云亚伯·玛音拿弗他利所有的储货城。 5巴沙闻讯,就停止修筑拉玛6亚撒王率领全体犹大人,将巴沙修筑拉玛所用的石头和木材全部搬走,用来修建迦巴米斯巴

哈拿尼先见

7那时,哈拿尼先见晋见犹大亚撒说:“因为你不倚靠你的上帝耶和华,反而倚靠亚兰王,所以亚兰王的军队已经从你手中逃脱。 8古实人与路比人不是一支强大的军队吗?他们的战车骑兵不是极多吗?然而,因为你倚靠耶和华,耶和华就把他们交在你手中。 9耶和华的眼目遍察天下,彰显大能来扶助那些全心归向祂的人。你做了愚蠢的事!从此以后,你必遭遇战祸。” 10亚撒听了就对先见发怒,把他囚禁在监狱里,同时又压迫一些民众。

亚撒逝世

11亚撒其他的事自始至终都记在犹大以色列的列王史上。 12亚撒执政第三十九年患了严重的脚病。然而,他在病中却没有寻求耶和华的帮助,只寻求医生的帮助。 13亚撒在他执政第四十一年去世,与他祖先同眠, 14葬在大卫城他为自己凿的坟墓里。民众把他放在堆满精心调制的各种香料的床上,又点了一堆大火向他致哀。