2 Beresosɛm 15 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 15:1-19

Asa Hyehyɛ Nyamesom Foforo

1Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so, 2na opue kohyiaa ɔhene Asa a ofi akono reba no. Ɔteɛɛ mu guu Asa so se, “Tie me, Asa, Yudamanfo nyinaa ne Benyamin muntie. Mmere dodow a mo ne Awurade te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Bere biara a mobɛhwehwɛ no no, mubehu no. Nanso sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo. 3Teteete no, na Israel nni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wonni Onyankopɔn mmara nso. 4Nanso bere biara a mobɛkɔ ahohia mu na mobɛkɔ Awurade Israel Nyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, muhuu no. 5Saa esum bere no mu, na akwantu yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa. 6Akodi baa ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, efisɛ Awurade maa ɔhaw ahorow bebree baa mo so. 7Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, munnya akokoduru, na mubenya mo adwumayɛ so akatua.”

8Bere a Asa tee saa asɛm yi fii odiyifo Asaria nkyɛn no, onyaa akokoduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkurow a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔw nsase so no so. Osiesiee Awurade afɔremuka a na esi Awurade Asɔredan ntwironoo anim no.

9Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wofi Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa bere so, efisɛ wohuu sɛ Awurade, ne Nyankopɔn, ka ne ho.

10Ɛrekɔ ɔsram a ɛto so abiɛsa awiei no mu a na Asa adi ade mfe dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. 11Saa da no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ Awurade afɔre. Na mmoa no dodow yɛ anantwi ahanson a nguan ne mmirekyi nso dodow yɛ mpem ason. 12Afei, wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn. 13Wɔpenee so se, obiara a ɔbɛpo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, wobekum no, sɛ onnyinii anaa wanyin, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea. 14Wɔhyɛn ntorobɛnto ne mmɛn denneennen, de dii Awurade nokwaredi ntam no ho adanse. 15Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, efisɛ wofi wɔn koma nyinaa mu na ɛyɛe. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wohuu no. Na Awurade maa wɔn ahomegye fii wɔn atamfo a wɔwɔ afanan nyinaa nsam.

16Mpo ɔhene Asa tuu ne nena baa Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ osii Asera nnua a ɛyɛ atantanne. Otwaa dua no, bubuu mu, hyew no wɔ Kidron bon mu. 17Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa de ne ho nyinaa maa Awurade ne nkwanna nyinaa. 18Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahorow a ɔne nʼagya de maa Awurade no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu.

19Enti ɔko ansi bio kosii Asa adedi afe a ɛto so aduasa anum no so.