2 Beresosɛm 13 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 13:1-22

Abia Ne Yeroboam Di Ako

1Bere a Yeroboam dii hene wɔ Israel no, ne mfe dunwɔtwe so, na Abia fii ase dii hene wɔ Yuda. 2Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ofi Gibea no babea.

Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam. 3Ɔhene Abia de akofo akɛse mpem ahannan dii Yuda anim, kohyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofo akokodurufo mpem ahanwɔtwe afi Israel.

4Bere a Yuda asraafo no duu Efraim mmepɔw nsase no so no, Abia gyinaa bepɔw Semaraim so, teɛɛ mu kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfo asraafo no se, “Muntie me! 5Munnim sɛ Awurade, Israel Nyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahengua maa ɔne nʼasefo afebɔɔ ana? 6Nanso Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo somfo teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafo. 7Na ɛmaa ahuhufo dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na esiane sɛ na onnyinii, na onni osuahu biara nti, wantumi annyina ne wɔn anni asi.

8“Wugye di yiye sɛ wubetumi agyina, atia Awurade ahenni a Dawid asefo tua ano no? Wʼasraafodɔm no so yiye. Nantwimma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛɛ no ne mo anyame. 9Woapam Awurade asɔfo ne Lewifo no, na woahyɛ wʼankasa asɔfo te sɛ abosomman no pɛ. Nnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfo. Obiara a ɔde nantwi ba ne adwennini ason bɛba sɛ wonnyina so nhyɛ no sɔfo no, otumi bɛyɛ ɔsɔfo ma saa mo anyame no.

10“Na yɛn de, Awurade ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaa no da. Aaron asefo nko ara na wɔsom Awurade sɛ asɔfo, na Lewifo nko ara na wotumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadi mu. 11Wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne ɔhyew aduhuam brɛ Awurade daa anɔpa ne anwummere. Wɔde Daa Daa Brodo no to ɔpon kronkron no so, na daa anwummere, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi Awurade, yɛn Nyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagyaw no. 12Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifo. Nʼasɔfo hyɛn wɔn torobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Israelfo, monnko ntia Awurade, mo agyanom Nyankopɔn no, na morenni nkonim.”

13Nanso na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakofo a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtetɛw wɔn. 14Bere a Yuda huu sɛ wofi wɔn anim ne wɔn akyi atow ahyɛ wɔn so no, wosu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfo no hyɛn ntorobɛnto, 15na Yuda mmarima no fii ase teɛteɛɛ mu. Wɔn ko no mu nteɛteɛmu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel asraafo no gui, wɔ Abia ne Yuda asraafodɔm anim. 16Israel asraafo no guan fii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim. 17Abia ne nʼakofo kunkum Israel asraafo no bebree. Da no, wɔn a wɔtotɔɔ wɔ Israel asraafo a wodi mu mu no yɛ mpem ahannum. 18Na Yuda dii Israel so nkonim, efisɛ wɔde wɔn ho too Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no so.

19Abia ne nʼakofo kɔɔ so taa Yeroboam asraafo no, faa wɔn nkurow no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurow. 20Enti bere a Abia te ase no de, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyiri no, Awurade bɔɔ no ma owui.

21Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmabarima aduonu abien ne mmea dunsia.

22Abia ahenni ho nsɛm nkae ne ne nsɛm ne dwuma a odii no, wɔakyerɛw agu Odiyifo Ido Nkyeremu Nhoma no mu.

Nova Versão Internacional

2 Crônicas 13:1-22

O Reinado de Abias, Rei de Judá

1No décimo oitavo ano do reinado de Jeroboão, Abias tornou-se rei de Judá, 2e reinou três anos em Jerusalém. O nome de sua mãe era Maaca13.2 Conforme a maioria dos manuscritos da Septuaginta e a Versão Siríaca. O Texto Massorético diz Micaías. Veja 2Cr 11.20 e 1Rs 15.2., filha13.2 Ou neta de Uriel, de Gibeá.

E houve guerra entre Abias e Jeroboão. 3Abias entrou em combate levando uma força de quatrocentos mil excelentes guerreiros, e Jeroboão foi enfrentá-lo com oitocentos mil, igualmente excelentes.

4Abias subiu o monte Zemaraim, nos montes de Efraim, e gritou: “Jeroboão e todo o Israel, ouçam-me! 5Vocês não sabem que o Senhor, o Deus de Israel, deu para sempre o reino de Israel a Davi e a seus descendentes mediante uma aliança irrevogável13.5 Hebraico: aliança de sal.? 6Mesmo assim, Jeroboão, filho de Nebate, servo de Salomão, filho de Davi, rebelou-se contra o seu senhor. 7Alguns homens vadios e imprestáveis juntaram-se a ele e se opuseram a Roboão, filho de Salomão, quando ainda era jovem, indeciso e incapaz de oferecer-lhes resistência.

8“E agora vocês pretendem resistir ao reino do Senhor, que está nas mãos dos descendentes de Davi! Vocês são de fato uma multidão imensa e têm os bezerros de ouro que Jeroboão fez para serem os seus deuses. 9Mas, não foram vocês que expulsaram os sacerdotes do Senhor, os descendentes de Arão, e os levitas, e escolheram os seus próprios sacerdotes, como fazem os outros povos? Qualquer pessoa que se consagre com um novilho e sete carneiros pode tornar-se sacerdote daqueles que não são deuses.

10“Quanto a nós, o Senhor é o nosso Deus, e não o abandonamos. Os nossos sacerdotes, que servem ao Senhor auxiliados pelos levitas, são descendentes de Arão. 11Todas as manhãs e todas as tardes eles apresentam holocaustos e incenso aromático ao Senhor, arrumam os pães sobre a mesa cerimonialmente pura e todas as tardes acendem as lâmpadas do candelabro de ouro. Pois nós observamos as exigências do Senhor, o nosso Deus, enquanto vocês o abandonaram. 12E vejam bem! Deus está conosco; ele é o nosso chefe. Os sacerdotes dele, com suas cornetas, farão soar o grito de guerra contra vocês. Israelitas, não lutem contra o Senhor, o Deus dos seus antepassados, pois vocês não terão êxito!”

13Enquanto isso, Jeroboão tinha mandado tropas para a retaguarda do exército de Judá, de forma que ele estava em frente de Judá e a emboscada estava atrás. 14Quando o exército de Judá se virou e viu que estava sendo atacado pela frente e pela retaguarda, clamou ao Senhor. Os sacerdotes tocaram suas cornetas 15e os homens de Judá deram o grito de guerra. Ao som do grito de guerra, Deus derrotou Jeroboão e todo o Israel diante de Abias e de Judá. 16Os israelitas fugiram dos soldados de Judá, e Deus os entregou nas mãos deles. 17Abias e os seus soldados lhes infligiram grande derrota; quinhentos mil excelentes guerreiros de Israel foram mortos. 18Os israelitas foram subjugados naquela ocasião, e os homens de Judá tiveram força para vencer, pois confiaram no Senhor, o Deus dos seus antepassados.

19Abias perseguiu Jeroboão e tomou-lhe as cidades de Betel, Jesana e Efrom, com os seus povoados. 20Durante o reinado de Abias, Jeroboão não recuperou o seu poder; até que o Senhor o feriu, e ele morreu.

21Abias, ao contrário, fortaleceu-se. Ele se casou com catorze mulheres e teve vinte e dois filhos e dezesseis filhas.

22Os demais acontecimentos do reinado de Abias, o que ele fez e o que disse, estão escritos nos relatos do profeta Ido.