2 Beresosɛm 11 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 11:1-23

Semaia Nkɔmhyɛ

1Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo a wosi pi si ta mpem ɔha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔagye ahenni no afa.

2Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Semaia se, 3“Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a odi hene wɔ Yuda ne Israelfo a wɔwɔ Yuda ne Benyamin no se, 4Sɛnea Awurade se ni: ‘Nko ntia wʼabusuafo. San wʼakyi kɔ fie, efisɛ me na memaa asɛm a asi no ho kwan!’ ” Enti wotiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.

Rehoboam Ma Yuda Bammɔ

5Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkurow ahorow ho ban, maa Yuda yɛɛ den. 6Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa, 7Bet-Sur, Soko, Adulam, 8Gat, Maresa, Sif, 9Adoraim, Lakis, Aseka, 10Sora, Ayalon ne Hebron. Eyinom ne nkurow a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.11.10 Yenhu saa nkuropɔn yi din wɔ Ahene Nhoma no mu. Rehoboam miaa bammɔ mu wɔ ahenni no apuei, atɔe ne anafo fam ahye so. Nanso wanyɛ saa wɔ atifi fam. Na nʼadwene ne sɛ ɔbɛka ahenni no nyinaa abɔ mu na sɛ Misraimfo nam ɔfow so behunahuna wɔn a, wɔatumi agyina ano. 11Rehoboam yeree wɔn bammɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuan, ngo ne nsa wɔ kuropɔn biara so. 12Ɔde nkatabo ne mpeaw siee wɔ saa nkurow yi mu de hyɛɛ wɔn bammɔ mu den. Enti Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.

13Asɔfo ne Lewifo a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuw te no kɔɔ Rehoboam afa. 14Na Lewifo no mpo gyaw wɔn afi ne wɔn agyapade kɔɔ Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mmabarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfo. 15Yeroboam yii nʼankasa asɔfo ma wɔsom wɔ abosonsomfo nsɔre so a na wɔsom abirekyi ne nantwimma ahoni a na wɔayɛ. 16Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Nyankopɔn no dii Lewifo no akyi kɔɔ Yerusalem faako a wobetumi de ayɛyɛde ama Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no. 17Eyi maa Yuda ahenni nyaa ahoɔden, na wɔde mfe abiɛsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokware, sɛnea wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahenni mu no.

Rehoboam Abusua

18Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babea. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babea nso. 19Mahalat woo mmabarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham. 20Akyiri no, ɔwaree Absalom babea Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit. 21Na Rehoboam dɔ Maaka yiye sen ne yerenom a wɔaka ne ne mpenanom nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenanom aduosia, na wɔwowoo mmabarima aduonu awotwe ne mmabea aduosia.

22Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene ma ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na obedi nʼade sɛ ɔhene. 23Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadi hyehyɛɛ ne mmabarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkurow a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiade nyinaa, hyehyɛɛ aware bebree maa wɔn mu biara.

New International Version

2 Chronicles 11:1-23

1When Rehoboam arrived in Jerusalem, he mustered Judah and Benjamin—a hundred and eighty thousand able young men—to go to war against Israel and to regain the kingdom for Rehoboam.

2But this word of the Lord came to Shemaiah the man of God: 3“Say to Rehoboam son of Solomon king of Judah and to all Israel in Judah and Benjamin, 4‘This is what the Lord says: Do not go up to fight against your fellow Israelites. Go home, every one of you, for this is my doing.’ ” So they obeyed the words of the Lord and turned back from marching against Jeroboam.

Rehoboam Fortifies Judah

5Rehoboam lived in Jerusalem and built up towns for defense in Judah: 6Bethlehem, Etam, Tekoa, 7Beth Zur, Soko, Adullam, 8Gath, Mareshah, Ziph, 9Adoraim, Lachish, Azekah, 10Zorah, Aijalon and Hebron. These were fortified cities in Judah and Benjamin. 11He strengthened their defenses and put commanders in them, with supplies of food, olive oil and wine. 12He put shields and spears in all the cities, and made them very strong. So Judah and Benjamin were his.

13The priests and Levites from all their districts throughout Israel sided with him. 14The Levites even abandoned their pasturelands and property and came to Judah and Jerusalem, because Jeroboam and his sons had rejected them as priests of the Lord 15when he appointed his own priests for the high places and for the goat and calf idols he had made. 16Those from every tribe of Israel who set their hearts on seeking the Lord, the God of Israel, followed the Levites to Jerusalem to offer sacrifices to the Lord, the God of their ancestors. 17They strengthened the kingdom of Judah and supported Rehoboam son of Solomon three years, following the ways of David and Solomon during this time.

Rehoboam’s Family

18Rehoboam married Mahalath, who was the daughter of David’s son Jerimoth and of Abihail, the daughter of Jesse’s son Eliab. 19She bore him sons: Jeush, Shemariah and Zaham. 20Then he married Maakah daughter of Absalom, who bore him Abijah, Attai, Ziza and Shelomith. 21Rehoboam loved Maakah daughter of Absalom more than any of his other wives and concubines. In all, he had eighteen wives and sixty concubines, twenty-eight sons and sixty daughters.

22Rehoboam appointed Abijah son of Maakah as crown prince among his brothers, in order to make him king. 23He acted wisely, dispersing some of his sons throughout the districts of Judah and Benjamin, and to all the fortified cities. He gave them abundant provisions and took many wives for them.