2 Ahemfo 9 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 9:1-37

Wosi Yehu Israelhene

1Na odiyifo Elisa afrɛ adiyifo no mu baako afi adiyifokuw no mu. Ɔka kyerɛɛ no se, “Siesie wo ho, na kɔ Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo wɔ mu yi ka wo ho kɔ. 2Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena no. Frɛ no fi ne nnamfo mu, na fa no kɔ pia mu, 3na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Meresra wo ngo, ama woabedi Israel so hene.’ Afei, bue ɔpon no na guan, nsɛe bere!”

4Enti odiyifo kumaa no kɔɔ Ramot-Gilead. 5Oduu hɔ no, ohuu Yehu sɛ ɔne asraafo mpanyimfo bi reyɛ nhyiamu. Ɔkae se, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.”

Yehu bisae se, “Yɛn mu hena?”

Obuae se, “Wo a woyɛ ɔsahene no.”

6Enti Yehu gyaw wɔn a aka no hɔ, kɔɔ fie. Na odiyifo kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kae se, “Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Mesra wo ngo sɛ di Awurade nkurɔfo Israelfo so hene. 7Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura no, fi. Saa ɔkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifo a wokunkum wɔn ne Awurade asomfo no nyinaa a Isebel kunkum wɔn no so ka. 8Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahabfifo nyinaa fi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfo ne nea ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel. 9Mɛsɛe Ahab fi, sɛnea mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi no. 10Na akraman bɛwe Isebel nam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifo kumaa no buee pon no, tuu mmirika guanee.

11Yehu san kɔɔ ne nkurɔfo mpanyimfo no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no se, “Dɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara kɔ yiye ana?” Yehu buae se, “Wo ara wunim sɛnea ɔbarima no keka ne nsɛm fa.”

12Wɔn nyinaa kae se, “Woboa. Ka nokware.” Enti Yehu kae se, odiyifo no ayi akyerɛ no se Awurade asra no ngo sɛ ommedi Israel so hene.

13Wɔde wɔn ntade sesɛw atrapoe no so ntɛm ara, hyɛn torobɛnto, teɛteɛɛ mu se, “Yehu yɛ ɔhene.”

Yehu Kum Yoram Ne Ahasia

14Enti Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena pam ɔhene Yoram ti so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ asraafo wɔ Ramot-Gilead a na wogyina de tia Aramhene Hasael asraafo no. 15Nanso na wɔapira Yoram wɔ ɔko no mu, ama wasan aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa ne ho yare. Enti Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Esiane sɛ mopɛ sɛ midi hene no nti, obiara nnguan nkɔ Yesreel nkɔka nea yɛayɛ wɔ hɔ no.” 16Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da hɔ no. Na Yudahene Ahasia nso wɔ hɔ bi.

17Ɔwɛmfo a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no huu Yehu ne ne nkurɔfo sɛ wɔreba nti, ɔteɛɛ mu guu Yoram so se, “Mihu sɛ asraafo reba. Soma ɔpɔnkɔkafo bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoe so ana.” Ɔhene Yoram nso teɛɛ mu.

18Enti ɔpɔnkɔkafo no kohyiaa Yehu bisaa no se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?”

Yehu buae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn? Di mʼakyi!”

Ɔwɛmfo no frɛɛ ɔhene se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔmma.”

19Enti ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafo a ɔto so abien. Okoduu wɔn nkyɛn bisae se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Bio, Yehu bisae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn Di mʼakyi!”

20Ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.”

21Ɔhene Yoram hyɛe se, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kohyiaa Yehu. Wohyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so. 22Ɔhene Yoram bisae se, “Wobaa no asomdwoe so ana, Yehu?”

Yehu buae se, “Mpɛn dodow a wo na Isebel abosom ne ne bayi atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoe so?”

23Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no hama, de dan ɔpɔnkɔ no ani, guanee a ɔreteɛteɛ mu se, “Ɔmammɔfo Ahasia!”

24Na Yehu twee nʼagyan tow wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwirew ne koma mu ma ɔtew hwee wɔ ne teaseɛnam no mu, wui. 25Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar se, “Tow no kyene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae bere a na yɛtete nteaseɛnam mu, di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kae se, 26‘Meka ntam, di nsew sɛ, metua no so ka wɔ Nabot agyapade mu ha, sɛnea Awurade se ni,’ sɛ okum Nabot ne ne mmabarima nnɛra a mihuu no. Enti tow no kyene Nabot asase so ha, sɛnea Awurade kae no.”

27Bere a Yudahene Ahasia huu asɛm a asi no, oguan kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teɛteɛɛ mu se, “Munkum ɔno nso bi.” Enti wɔtow Ahasia agyan wɔɔ no wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur atrapoe a ɛbɛn Yibleam. Otumi kɔe ara koduu Megido, na owui wɔ hɔ. 28Ne mpanyimfo de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem kosiee no wɔ ne mpanyimfo ho wɔ Dawid kurom. 29Na Ahasia dii ade wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi ade mfe dubaako.

Isebel Wu

30Bere a ɔhemmea Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛw mfɛnsere mu. 31Bere a Yehu wuraa ahemfi pon no mu no, ɔhemmea no teɛɛ mu guu ne so se, “Owudifo, wobaa no asomdwoe so ana? Wote sɛ Simri a okum ne wura no.”

32Yehu pagyaw nʼani huu no wɔ mfɛnsere no mu teɛɛ mu se, “Hena na ɔwɔ mʼafa!” Na piamfo baanu anaa baasa hwɛɛ no. 33Yehu teɛɛ mu se, “Montow no nkyene fam.” Enti wɔtow no fii mfɛnsere no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasu no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so.

34Na Yehu kɔɔ ahemfi hɔ kodidi, nomee. Akyiri no, ɔkae se, “Monkɔ nkosie ɔbea a wɔadome no yi, efisɛ ɔyɛ ɔhene babea.” 35Nanso wɔkɔɔ sɛ wɔrekosie no no, ne ti ne nan ne ne nsa nko ara na wohui.

36Bere a wɔbɛbɔɔ Yehu amanneɛ no, ɔkae se, “Eyi ne Awurade asɛm a ɔnam ne somfo Tisbini Elia so kae se, ‘Asasetam bi a ɛda Yesreel no so na akraman bɛwe Isebel nam no. 37Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel pɔw mu a ne saa nti, obiara ntumi nhu no.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪下 9:1-37

耶户被立为以色列王

1以利沙先知叫来一个先知,吩咐他:“你要束上腰带,拿着这瓶膏油去基列拉末2到了以后,你去找宁示的孙子、约沙法的儿子耶户,带他离开同僚,进入密室, 3把这瓶膏油倒在他头上,告诉他,‘耶和华说,我膏立你为以色列王。’然后,你要马上开门逃走,不可迟延。”

4于是,那位年轻的先知启程前往基列拉末5到了那里,他看见众将领正坐在一起,便说:“将军,我有话对你说。”耶户说:“你想对我们哪一个说话?”他说:“将军啊,我有话对你说。” 6耶户便站起来,随他进入屋里。他将膏油倒在耶户头上,说:“以色列的上帝耶和华说,‘我膏立你做我以色列子民的王。 7你要杀你主人亚哈的全家,这样我就可以为我的仆人——众先知以及其他仆人报仇,他们被耶洗别杀害。 8亚哈全家必灭亡,我要从以色列铲除他家中所有的男子——不论奴隶还是自由人, 9使他家像尼八的儿子耶罗波安家和亚希雅的儿子巴沙家一样。 10耶洗别的尸体必在耶斯列的田间被狗吃,无人埋葬。’”说完这话,那位年轻的先知便开门逃跑了。

11耶户出来回到同僚那里,一个人问他:“没事吧?那疯子为什么来找你?”耶户答道:“你们认得他,也知道他会说什么。” 12他们说:“我们不知道,你告诉我们吧!”耶户说:“他告诉我,耶和华说膏立我做以色列王。” 13他们连忙将自己的衣服铺在耶户脚下的台阶上,吹响号角,高喊:“耶户做王了!”

以色列王约兰被杀

14宁示的孙子、约沙法的儿子耶户背叛了约兰。当时,约兰率领全体以色列人在基列拉末防御亚兰哈薛15他与哈薛交战受伤后,回到耶斯列养伤。耶户对属下说:“如果你们要我做王,就不要让任何人逃出城去耶斯列报信。” 16于是,耶户驾车去了耶斯列,因为约兰耶斯列养伤,犹大亚哈谢也在那里探望他。

17耶斯列城楼上的哨兵看见耶户的人马朝耶斯列奔来,就报信说:“我见到一队人马!”约兰下令:“派一个骑兵去看看他们是否为平安而来。” 18骑兵出去迎接耶户,对他说:“王问你是否为平安而来。”耶户说:“这与你何干?你跟在我后面。”哨兵禀告说:“骑兵到了那里,却没有回来。” 19王又派一个骑兵到耶户那里,对他说:“王问你是否为平安而来。”耶户说:“这与你何干?你跟在我后面。” 20哨兵又禀告说:“他到了那里,也没有回来。那人驾车很猛,一定是宁示的孙子耶户。”

21约兰下令备车。以色列约兰犹大亚哈谢各乘自己的战车去见耶户。他们和耶户耶斯列拿伯的田里相遇。 22约兰问他:“耶户,你为平安而来吗?”耶户答道:“国中到处都是你母亲耶洗别的偶像和邪术,怎能平安呢?” 23约兰调转车头逃跑,向亚哈谢大喊:“亚哈谢,他反了!” 24耶户张弓搭箭,射中约兰的后背,箭穿透他的心脏,他倒毙在车上。 25耶户对将领毕甲说:“你去把他丢在耶斯列拿伯的田里。还记得吗?你我一起驾车跟随他父亲亚哈的时候,耶和华曾预言亚哈的事说, 26‘我昨天看见拿伯和他儿子们被杀,我必使你在这块田里受到报应,这是耶和华说的。’现在你照耶和华的话,把他丢在这块田里吧。”

27犹大亚哈谢见状,就沿着通往伯哈干的道路逃跑。耶户在后面追,并大喊:“射死他!”他们在以伯莲附近的姑珥坡射伤了亚哈谢。他逃到米吉多后,伤重身亡。 28他的臣仆用车把他的尸体运回耶路撒冷,安葬在大卫城他的祖坟里。

29以色列亚哈的儿子约兰执政第十一年,亚哈谢登基做犹大王。

耶洗别被杀

30耶户去了耶斯列耶洗别闻讯,便梳头描眉,向窗外眺望。 31耶户进城时,耶洗别高声喊道:“谋杀主人的心利啊,平安吗?” 32耶户抬头望着窗口,喊道:“谁拥护我?谁?”有两三个太监从窗口往外看他。 33耶户说:“把她扔下来!”那几个太监便把耶洗别扔下去,血溅在墙壁上和马匹身上。耶户驾车轧过她的身体, 34进入王宫,大吃大喝,然后吩咐部下说:“把那受咒诅的妇人埋了,她毕竟是王的女儿。” 35他们出去埋葬她,却只找到她的头骨、手掌和脚, 36便回去禀告耶户耶户说:“这正应验耶和华借祂仆人提斯比以利亚说的话,‘狗必在耶斯列的田间吃耶洗别的肉, 37耶洗别的尸体必像耶斯列田间的粪便,无人能认出那是耶洗别。’”