2 Ahemfo 7 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 7:1-20

1Elisa buae se, “Tie saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn! Sɛnea Awurade se ni: Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria egua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien pɛ.”

2Ɔpanyin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!”

Na Elisa kae se, “Wubehu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.”

Akwatafo Ba Atamfo Nsraban Mu

3Afei, mmarima akwatafo7.3 Akwatafo nni ho kwan sɛ wɔkɔ nnipa mu (3 Mose 13.46). baanan bi bɛtenatenaa kurow no apon ano. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara kosi sɛ yebewuwu? 4Sɛ yɛtena ha a, ɔkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara na sɛ yɛsan kɔ kurow no mu nso a, ɔkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ebeye sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfo asraafo no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yiye mu ne no. Na sɛ wokunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.”

5Enti saa anwummere no, wosii mu kɔɔ Aramfo nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ. 6Na Awurade ama asraafo no nyinaa ate nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no ne apɔnkɔ no ne asraafo dɔm kɛse a wɔrebɛn wɔn no nnyigyei. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene afa Hetifo ne Misraimfo sɛ wɔmmɛtow nhyɛ yɛn so.” 7Enti wɔbɔɔ huboa, na woguan anadwo no, gyaw wɔn ntamadan, apɔnkɔ, mfurum ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa.

8Bere a akwatafo no duu nsraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntamadan no mu mmaako mmaako didii, nom nsa, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntade de kosiei.

9Akyiri no, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nea yɛreyɛ yi nye. Eyi yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amanneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kosi adekyee a, nea ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Momma yɛnkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfi no amanneɛ.”

10Enti wɔsan baa kurow no mu, bɛbɔɔ aponanohwɛfo no asɛm a asi no ho amanneɛ sɛ wɔakɔ Aramfo no nsraban mu, na na obiara nni hɔ; nnyigyei biara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfurum no ahama, na ntamadan no de, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ. 11Aponanohwɛfo no teɛteɛɛ mu, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfi hɔ no tee.

Israel Wura Nsraban No Mu

12Ɔdasu mu na ɔhene no sɔre fii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanyimfo se, “Minim asɛm a asi. Aramfo nim sɛ ɔkɔm rekum yɛn nti, wɔatu afi wɔn nsraban mu, akɔtetɛw wuram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yebefi kurow no mu, na wɔakyekyere yɛn anikann, na wɔafa kurow no.”

13Mpanyimfo no mu baako kae se, “Eye sɛ yɛbɛsoma akwansrafo, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu anum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwere kɛse biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bewuwu.”

14Enti wosiesiee nteaseɛnam abien ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafo kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfo asraafo no. 15Wɔkɔe ara koduu Asubɔnten Yordan, dii ntade ne ahyehyɛde a Aramfo atow agu no akyi, bere a na wɔde anikrakra reguan no. Akwansrafo no san bɛbɔɔ ɔhene no amanneɛ. 16Enti Samariafo bɔɔ twi, kɔfow Aramfo nsraban no. Ɛno nti na ɛyɛ nokware sɛ wɔtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia saa da no, de gye dwetɛ gram dubaako, atoko lita du nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram du abien, sɛnea Awurade hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ.

17Ɔhene no yii ne panyin ma ɔhwɛɛ ɔpon no mu ahyɛmfiri so, nanso nnipadɔm no twiw faa ne so ma owui. Enti biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ ho nkɔm bere a ɔhene no baa ne fi no. 18Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram du baako wɔ Samaria gua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien.”

19Ɔhene no panyin no buae se, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Onyankopɔn nipa no kae se, “Wubehu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi.” 20Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twiw faa ne so, kum no wɔ ɔpon no ano.

Swedish Contemporary Bible

2 Kungaboken 7:1-20

1Elisha svarade: ”Hör Herrens ord! Så säger Herren: I morgon vid den här tiden ska man kunna köpa 8 kilo mjöl eller 16 kilo7:1 De angivna måttenheterna, här omvandlade till kilo, på hebreiska ett resp. två ”sea”, som var en tredjedels efa (efa=20–40 liter) är högst ungefärliga. korn för 1 sikel silver vid Samarias stadsport.”

2”Det kan inte hända ens om Herren öppnar himlens fönster!” svarade kungens adjutant som kungen stödde sig på. ”Du ska få se det, men du kommer inte att få möjlighet att äta något av det!” sa Elisha till honom.

Några spetälska män tar en risk

3Samtidigt satt fyra spetälska män vid stadsporten och de funderade: ”Varför ska vi bara sitta här tills vi dör? 4Om vi bestämmer oss för att gå in i staden där det är hungersnöd, kommer vi att svälta ihjäl, och om vi stannar här dör vi då också. Därför kan vi ju lika gärna gå över till araméerna. Om de låter oss leva är det så mycket bättre och om de dödar oss, har vi inget att förlora, för vi ska ju dö i alla fall.”

5I skymningen gick de ut till fiendens läger, men när de kom dit fanns det ingen där. 6Herren hade nämligen låtit araméerna höra dånet av vagnar och galopperande hästar, som om en stor armé närmade sig. ”Kungen i Israel har lejt hettiterna och egypterna för att anfalla oss”, ropade de. 7De hade flytt i skymningen och lämnat sina tält, hästar, åsnor och lägret efter sig, precis som det stod, och flytt för livet.

8När de fyra spetälska männen kom till utkanten av lägret, gick de in i ett av tälten och åt och drack. De bar också ut silver och guld och kläder som de gömde. Sedan gick de till ett annat tält, tog vad som fanns där och gick och gömde det. 9Men till slut sa de till varandra: ”Det här är inte rätt. Här sitter vi inne med goda nyheter och låter ingen veta det! Även om vi så bara väntar till i morgon med att berätta dem, kan vi bli straffade. Det är bäst att vi går till kungens palats och talar om vad som har hänt.”

10De återvände till stadsporten och berättade för vakterna vad som hade hänt, att de hade kommit ut till araméernas läger och att de varken sett eller hört en levande varelse där. Hästarna och åsnorna hade stått bundna, och tälten hade stått kvar där som förut. 11Då ropade vakten genast ut nyheten som fördes till dem inne i palatset, 12och kungen steg hastigt upp och sa till sina officerare: ”Jag förstår nog vad araméerna gjort mot oss. De vet att vi svälter, och nu har de lämnat lägret och gömmer sig någonstans i närheten för att vi ska låta oss luras ut dit. Sedan tänker de anfalla från staden, tillfångata oss och inta staden.”

13En av hans officerare sa: ”Låt några män ta fem av de hästar vi har kvar i staden. Blir de kvar här går det med dem som med alla de israeliter som redan förgåtts. Låt oss alltså skicka några för att se efter!”

14Man fick fram två vagnar med hästar, och kungen sände iväg dem för att undersöka vart den arameiska armén hade tagit vägen. 15De följde efter dem ända till Jordan och fann kläder och andra tillhörigheter som araméerna kastat ifrån sig under hela flykten. Där vände de utsända tillbaka till kungen och berättade för honom vad de sett. 16Då rusade folket ut ur staden och plundrade lägret, och det slog alltså in att 8 kilo mjöl och 16 kilo korn den dagen såldes för 1 sikel silver, precis som Herren hade sagt.

17Kungen satte sin adjutant som han brukade stödja sig på till uppsikt över stadsporten, men han blev nertrampad och dödad av det utrusande folket. Det var detta gudsmannen hade förutsagt, när kungen kom till honom. 18Då hade gudsmannen talat om för kungen att 8 kilo mjöl och 16 kilo korn skulle säljas för 1 sikel silver följande dag vid stadsporten i Samaria.

19Kungens adjutant hade svarat gudsmannen: ”Det kan inte hända ens om Herren öppnar himlens fönster!”

”Du ska få se det med egna ögon, men du kommer inte att få möjlighet att äta av det!” hade profeten svarat honom.

20Och så blev det. Han trampades till döds i stadsporten av folket.