2 Ahemfo 4 – AKCB & TNCV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 4:1-44

Elisa Boa Ɔbea Kunafo No

1Da bi, Elisa mfɛfo adiyifo no mu baako kunafo baa ne nkyɛn, besu kyerɛɛ no se, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wunim sɛnea na osuro Awurade. Nanso mprempren obi a mede no ka aba rehunahuna se, ɔbɛfa me mmabarima baanu sɛ nkoa.”

2Elisa bisaa no se, “Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ fie.” Obuae se, “Minni hwee sɛ ngo ahina baako.”

3Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodow biara a wubenya afi wo nnamfonom ne wo mfɛfo nkyɛn. 4Afei, fa wo mmabarima no kɔ wo fi, na to pon mu. Hwie ngo no fi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Nea ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.”

5Enti ɔyɛɛ saa. Ne mmabarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no amaama. 6Ankyɛ na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no mu baako se, “Brɛ me ahina foforo.”

Ɔka kyerɛɛ no se, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no sae.

7Bere a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no, ɔka kyerɛɛ no se, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmabarima no.”

Elisa Ne Ɔbea A Ofi Sunem No

8Da koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurow mu. Na ɔbea ɔdefo bi te kurow no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ommedidi. Efi saa bere no, bere biara a obetwa mu wɔ hɔ no, ɔfa hɔ kodidi. 9Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Migye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron. 10Ma yensiesie ɔdan bi mma no wɔ soro hɔ na yɛmfa mpa, ɔpon, akongua ne kanea nsi mu mma no. Na bere biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoɛ.”

11Da bi, Elisa san baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe. 12Ɔka kyerɛɛ ne somfo Gehasi se, “Ka kyerɛ ɔbea no se, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbea no bae no, 13Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Ka kyerɛ no se, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no nea yɛn so yebetumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ midi ne ho adanse kyerɛ ɔhene anaa asraafo sahene no?”

Obuae se, “Dabi, efisɛ mʼabusuafo hwɛ me yiye.”

14Akyiri no, Elisa bisaa Gehasi se, “Dɛn na wugye di sɛ yebetumi ayɛ ama no?”

Ɔtow maa no se, “Onni babarima na ne kunu nso abɔ akwakoraa.”

15Elisa ka kyerɛɛ no se, “Frɛ no bra bio.” Ɔbea no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɔpon no ano se, 16“Afe sesɛɛ saa bere yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.”

Ɔteɛɛ mu se, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Onyankopɔn nipa.”

17Na ampa ara, bere tiaa bi akyi no, ɔbea no nyinsɛnee. Na afe saa bere no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛnea Elisa kae no pɛpɛɛpɛ.

18Ne ba no nyin no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafo reyɛ adwuma. 19Prɛko pɛ, ɔkae se, “Me ti pae me! Me ti pae me!”

Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafo no mu baako se, “Fa no kɔ fie kɔma ne na.”

20Ɔpaani no de no kɔɔ fie. Ne na gyee no too ne srɛ so. Nanso, eduu owigyinae mu no, owui. 21Ɔpagyaw no de no kɔtoo Onyankopɔn nipa no mpa so. Ɔtoo pon no mu gyaw no hɔ kɔe.

22Ɔsomaa ɔbɔfo kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Soma apaafo no baako na ɔmfa afurum mmra, sɛnea metumi akodu Onyankopɔn nipa no hɔ ntɛm, asan aba.”

23Obisae se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ nnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔsram Foforo Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.”

Nanso ɔkae se, “Ɛwɔ mu saa.”

24Enti ɔhyehyɛɛ afurum no, ka kyerɛɛ ɔpaani no se, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me nti na wobɛtɔ wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ tɔ wo bo ase.” 25Ɔrebedu Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw Karmel so no, Elisa huu no wɔ akyirikyiri.

Ɔka kyerɛɛ Gehasi se, “Hwɛ, ɔbea a ofi Sunem no reba. 26Tu mmirika kohyia no, na bisa no se, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho ye ana?’ ”

Ɔbea no buae Gehasi se, “Yɛn nyinaa ho ye.”

27Nanso ɔbaa Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw no so no, ɔhwee ne nan ase, soo nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn nipa no kaa se, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekode no.”

28Na ɔbea no kae se, “Wo ara me wura, wo na wokae se, menya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?”

29Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me pema no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɔkwan so. Kɔ na fa pema no kɔto abofra no anim.”

30Na abarimaa no na kae se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ fie gye sɛ woka me ho.” Enti Elisa san ne no kɔe.

31Gehasi yɛɛ ntɛm dii kan, de pema no kɔtoo abofra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnne biara amma. Ɔsan nʼakyi kohyiaa Elisa, bɔɔ no amanneɛ se, “Abofra no nnyanee ɛ.”

32Bere a Elisa duu hɔ no, ampa na abofra no awu da odiyifo no mpa so. 33Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho pon mu, bɔɔ Awurade mpae. 34Afei, obutuw abofra no so, de nʼano tuaa abofra no ano, de nʼani fam abofra no ani, de ne nsa susoo abofra no nsa. Afei, abofra no ho fitii ase yɛɛ hyew bio. 35Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɔdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abofra no so bio. Saa bere no, abofra no nwansii mpɛn ason, na ɔtew nʼani.

36Afei, Elisa somaa Gehasi se, “Frɛ abofra no na bra.” Ne na no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no se, “Wo ba no ni, fa no kɔ.” 37Ofi ahodwiriw mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no sian kɔɔ fam.

Ɔkɔm Kɛse Bi Mu Nsɛnkyerɛnne

38Elisa san kɔɔ Gilgal, nanso na ɔkɔm asi asase no so. Da bi a adiyifokuw tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Fa ɔsɛn kɛse si gya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.”

39Wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ atosode, na onyaa ɛfere kotoku ma de bae. Otwitwa de guu ɔsɛn no mu a na onnim sɛ awuduru wɔ mu. 40Na wodii kakraa bi pɛ, wɔteɛteɛ mu se, “Onyankopɔn nipa, awuduru wɔ abɔmu no mu!” Ɛno nti, wɔanni bio.

41Elisa kae se, “Mommrɛ me asikresiam kakra.” Ɔde guu ɔsɛn no mu, kae se, “Afei, ayɛ yiye nti munkodi.” Na anhaw wɔn bio.

42Da bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn nipa no atoko foforo kotoku ma, ne brodo mua aduonu. Elisa kae se, “Fa ma adiyifokuw no, na wonni.”

43Ɔsomfo no teɛɛ mu se, “Wuse dɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi ana?”

Nanso Elisa tii mu se, “Fa ma adiyifokuw no na wonni, na Awurade ka se, ‘Obiara bedi amee, na bi mpo bɛka akyi.’ ” 44Na ampa ara, obiara didi mee ma bi mpo kae, sɛnea Awurade hyɛɛ ho bɔ no.

Thai New Contemporary Bible

2พงศ์กษัตริย์ 4:1-44

น้ำมันของหญิงม่าย

1มีภรรยาของผู้เผยพระวจนะคนหนึ่งมาร้องต่อเอลีชาว่า “ผู้รับใช้ของท่านผู้เป็นสามีของดิฉันเสียชีวิตแล้ว และท่านก็ทราบว่าเขายำเกรงองค์พระผู้เป็นเจ้า ตอนนี้เจ้าหนี้จะมายึดลูกชายสองคนของดิฉันไปเป็นทาส”

2เอลีชาตอบว่า “เราจะช่วยอะไรได้บ้าง? ที่บ้านของเจ้ามีอะไรบ้างล่ะ?”

นางตอบว่า “ไม่มีอะไรเลยนอกจากน้ำมันเพียงเล็กน้อย”

3เอลีชากล่าวว่า “จงไปขอไหเปล่าจากเพื่อนบ้านทุกคน จงขอมาหลายๆ ใบ 4แล้วเข้าไปในบ้านกับลูก ปิดประตู เทน้ำมันลงไหทุกใบ พอเต็มใบหนึ่งก็ยกไปตั้งไว้ต่างหาก”

5นางก็กลับไปที่บ้านและปิดประตู บุตรชายของนางนำไหมาให้ นางก็เทน้ำมัน 6เมื่อไหทุกใบเต็ม นางบอกลูกชายว่า “เอาไหมาให้แม่อีกใบสิ”

ลูกชายตอบว่า “ไม่มีเหลือแล้ว” น้ำมันก็หยุดไหล

7นางจึงไปแจ้งเอลีชาคนของพระเจ้า และเขากล่าวว่า “จงไปขายน้ำมันเอาเงินใช้หนี้ ส่วนที่เหลือเจ้ากับลูกๆ เก็บไว้เลี้ยงชีวิต”

บุตรของหญิงชาวชูเนมฟื้นคืนชีวิต

8วันหนึ่งเอลีชาไปที่ชูเนม ในเมืองนั้นมีหญิงมั่งมีคนหนึ่งเชิญเขาไปรับประทานอาหาร ฉะนั้นทุกครั้งที่เขาเดินทางผ่านมาก็จะแวะไปรับประทานอาหารที่นั่น 9หญิงนั้นกล่าวกับสามีว่า “ดิฉันรู้ว่าชายคนที่แวะเวียนเข้ามาบ่อยๆ คนนี้คือคนบริสุทธิ์ของพระเจ้า 10ให้เราจัดห้องเล็กบนดาดฟ้าสำหรับเขา ยกเตียง โต๊ะ เก้าอี้ และตะเกียงเข้าไปตั้ง ทุกครั้งที่เขาผ่านมาจะได้แวะพัก”

11ครั้งหนึ่งเอลีชามาที่นั่นและขึ้นไปพักในห้องนั้น 12เขาสั่งเกหะซีคนรับใช้ของเขาว่า “ไปเรียกหญิงชาวชูเนมคนนั้นมา” เขาจึงไปเรียกนาง นางก็มายืนอยู่ตรงหน้าเขา 13เอลีชากล่าวกับเขาว่า “บอกนางว่า ‘เจ้าต้องลำบากเพื่อจัดสิ่งต่างๆ ให้เรา เราจะทำอะไรให้เจ้าได้บ้าง? อยากให้เราเอ่ยถึงความดีความชอบของเจ้าต่อกษัตริย์หรือต่อแม่ทัพบ้างหรือเปล่า?’ ”

นางตอบว่า “ดิฉันอยู่ในหมู่พี่น้อง ไม่ขาดสิ่งใดเลย”

14เอลีชาถามว่า “เราจะทำอะไรให้นางได้บ้าง?”

เกหะซีตอบว่า “นางไม่มีลูกและสามีของนางก็ชราแล้ว”

15เอลีชาจึงพูดว่า “เรียกนางมาเถิด” เขาก็เรียกและนางยืนอยู่ที่ประตู 16เอลีชากล่าวว่า “ปีหน้าในเวลาราวๆ นี้ เจ้าจะได้อุ้มลูกชายคนหนึ่งไว้ในอ้อมแขนของเจ้า”

นางร้องว่า “อย่าเลยนายท่าน โอ คนของพระเจ้า โปรดอย่าโกหกผู้รับใช้ของท่านเลย!”

17แต่หญิงนั้นก็ตั้งครรภ์ และปีต่อมาในช่วงเวลาเดียวกันนั้น นางก็คลอดบุตรชายคนหนึ่งตามที่เอลีชาบอกไว้

18เมื่อเด็กนั้นโตขึ้น วันหนึ่งเขาออกไปหาบิดาซึ่งทำงานอยู่กับคนงานเก็บเกี่ยว 19และเขาบอกบิดาว่า “หัวของลูก! หัวของลูก!” บิดาของเด็กจึงสั่งคนรับใช้ว่า “อุ้มเขาไปหาแม่สิ” 20หลังจากคนรับใช้อุ้มเขาไปหาแม่ เด็กนั้นก็นอนหนุนตักแม่จนเที่ยง แล้วเขาก็ตาย 21นางอุ้มเขาขึ้นไปนอนบนเตียงของคนของพระเจ้า ปิดประตูและออกมา

22นางบอกสามีว่า “ช่วยส่งคนรับใช้คนหนึ่งกับลามาให้ดิฉัน ดิฉันจะได้รีบไปหาคนของพระเจ้า แล้วจะรีบกลับมา”

23สามีถามว่า “ทำไมต้องไปวันนี้ด้วย ไม่ใช่วันขึ้นหนึ่งค่ำหรือวันสะบาโตเลย”

นางตอบว่า “ไม่เป็นไร”

24นางขึ้นลาและสั่งคนรับใช้ว่า “นำทางไปเร็วๆ ไม่ต้องเป็นห่วงเราหรอกนะ อย่าลดความเร็ว นอกจากเราจะบอกเจ้า” 25นางจึงออกเดินทางมาหาคนของพระเจ้าที่ภูเขาคารเมล

เมื่อคนของพระเจ้าเห็นนางแต่ไกลก็พูดกับเกหะซีคนรับใช้ว่า “โน่นแน่ะ! หญิงชาวชูเนมคนนั้นกำลังมา! 26จงวิ่งออกไปรับนาง และถามดูว่า ‘ท่านสบายดีหรือ? สามีของท่านสบายดีหรือ? ลูกของท่านสบายดีหรือเปล่า?’ ”

นางกล่าวว่า “ทุกอย่างเรียบร้อยดี”

27เมื่อนางมาถึงตัวคนของพระเจ้าที่ภูเขา นางยึดเท้าของเขาไว้แน่น เกหะซีพยายามจะผลักนางออกไป แต่คนของพระเจ้ากล่าวว่า “ปล่อยนางเถิด! นางทุกข์ใจยิ่งนักและองค์พระผู้เป็นเจ้าทรงปิดบังเรื่องนี้ไว้ และไม่ได้ตรัสบอกเราว่าเป็นเพราะเหตุใด”

28นางกล่าวว่า “ท่านเจ้าข้า ดิฉันขอลูกชายจากท่านหรือ? ดิฉันขอร้องท่านไม่ใช่หรือว่า ‘อย่ามาให้ความหวังดิฉันเลย’?”

29เอลีชากล่าวกับเกหะซีว่า “จงคาดเอวทับเสื้อคลุมให้ทะมัดทะแมง ถือไม้เท้าของเราวิ่งไป หากพบใครไม่ต้องทักทาย ถ้ามีใครร้องทักก็อย่าตอบ จงเอาไม้เท้าของเราไปวางบนหน้าเด็ก”

30แต่มารดาของเด็กกล่าวว่า “องค์พระผู้เป็นเจ้าทรงพระชนม์อยู่และท่านมีชีวิตอยู่แน่ฉันใด ดิฉันจะไม่ไปจากท่านฉันนั้น” ฉะนั้นเขาจึงลุกขึ้นและตามนางไป

31เกหะซีล่วงหน้าไปก่อนและเอาไม้เท้าวางบนหน้าเด็ก แต่ไม่มีเสียงหรือการตอบสนองใดๆ เกหะซีจึงกลับมาบอกเอลีชาว่า “เด็กนั้นยังไม่ฟื้น”

32เมื่อเอลีชามาถึง เด็กนั้นนอนตายอยู่บนเตียงของเอลีชา 33เขาก็เข้าไป ปิดประตูอยู่กับเด็กนั้นตามลำพังและอธิษฐานต่อองค์พระผู้เป็นเจ้า 34จากนั้นเขาขึ้นไปบนเตียงและนอนทาบบนร่างของเด็ก เอาปากทาบบนปาก ตาประกบตา มือประกบมือ ขณะที่เขาเหยียดกายลงบนเด็กนั้น ร่างของเด็กก็เริ่มอบอุ่นขึ้น 35เอลีชาลงจากเตียง เดินไปเดินมาอยู่ในห้อง แล้วขึ้นไปบนเตียง เอนร่างทับบนร่างเด็กอีกครั้ง เด็กนั้นก็จามเจ็ดครั้ง แล้วลืมตาขึ้น

36เอลีชาจึงเรียกเกหะซีมา แล้วสั่งว่า “ไปเรียกหญิงชาวชูเนมมา” เขาก็ไปเรียก เมื่อนางมา เอลีชากล่าวว่า “รับลูกของเจ้าไปเถิด” 37นางเข้ามาหมอบลงกับพื้นแทบเท้าของเขา แล้วอุ้มลูกเดินออกไป

อาหารมีพิษ

38เอลีชากลับไปยังกิลกาล เกิดการกันดารอาหารในแถบนั้น วันหนึ่งขณะที่เขานั่งอยู่ต่อหน้ากลุ่มผู้เผยพระวจนะ เขาบอกคนรับใช้ของเขาว่า “ทำอาหารหม้อใหญ่เลี้ยงคนพวกนี้ด้วย”

39คนหนึ่งออกไปเก็บผักกลางทุ่ง แล้วเก็บน้ำเต้าป่ามา เขาหั่นใส่หม้อโดยไม่รู้ว่าเป็นผลอะไร 40ครั้นตักอาหารรับประทานกัน พอเริ่มรับประทานก็ร้องว่า “ข้าแต่คนของพระเจ้า มีความตายอยู่ในหม้อนี้” และพวกเขารับประทานอาหารนั้นไม่ได้

41เอลีชากล่าวว่า “เอาแป้งมาสิ” แล้วเขาก็เอาแป้งใส่หม้อ แล้วบอกว่า “ตักให้ทุกคนกินได้แล้ว” อาหารก็ไม่เป็นพิษอีก

การเลี้ยงคนนับร้อย

42ชายคนหนึ่งจากบาอัลชาลิชาห์นำขนมปังข้าวบาร์เลย์ยี่สิบก้อนทำจากเมล็ดข้าวผลแรกของการเก็บเกี่ยว พร้อมด้วยรวงข้าวใหม่มามอบให้คนของพระเจ้า เอลีชาจึงสั่งว่า “จงนำไปเลี้ยงคนทั้งหลาย”

43คนรับใช้ถามว่า “ของแค่นี้จะเลี้ยงคนนับร้อยได้อย่างไร?”

แต่เอลีชาตอบว่า “ไปเถิด เพราะองค์พระผู้เป็นเจ้าตรัสว่า ‘พวกเขาจะได้กินและยังมีเหลืออีก’ ” 44เขาก็เอาขนมปังมากินกันและมีเหลือด้วยตามที่องค์พระผู้เป็นเจ้าได้ตรัสไว้