2 Ahemfo 22 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 22:1-20

Yosia Di Yudahene

1Bere a Yosia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduasa baako. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ofi Boskat no babea. 2Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.

3Ɔhene Yosia dii mfirihyia dunwɔtwe wɔ nʼahenni mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asennii kyerɛwfo Mesulam nena, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no se, 4“Kɔ ɔsɔfopanyin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a aponanohwɛfo no agyigye afi nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no. 5Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho asiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfo a wobesiesie Awurade Asɔredan no ho ka. 6Ɛho behia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfo, adansifo ne abohyehyɛfo. Afei, ma wɔntɔ nnua ne abo a wɔatwa a wɔde besiesie asɔredan no. 7Nanso ɛho nhia sɛ adansi no sohwɛfo bebu sika a wɔn nsa bɛka no ho akontaa, efisɛ wɔyɛ nokwafo.”

Helkia Kohuu Onyankopɔn Mmara No

8Ɔsɔfopanyin Hilkia ka kyerɛɛ asennii kyerɛwfo Safan se, “Mahu Mmara Nhoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan, na ɔkenkanee. 9Safan san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkae se, “Wo mpanyimfo no de sika a wogyigyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ahyɛ adwumayɛfo no ne sohwɛfo a wɔwɔ asɔredan no ho no nsa.” 10Safan san ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfo Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.

11Bere a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nhoma no mu no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu. 12Na ɔhyɛɛ ɔsɔfo Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se, 13“Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw agu nhoma mmobɔwee no a wahu no ho asɛm. Awurade abufuwhyew aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni nhoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ nea nhoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”

14Enti ɔsɔfo Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforo Misne kohuu odiyifo Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntade adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nena. 15Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se, 16‘Sɛnea Awurade se ni: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛnea makyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a mokenkan no mu no. 17Efisɛ me nkurɔfo agyaw me, na wɔsom anyame huhuw, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuw. Mʼabufuwhyew redɛw wɔ ha, na ɛrennum.’ 18Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho. 19Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo yaw, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometew sunsuan wo ntade mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti nokware, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ. 20Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wu ne wusie akyi. Worenhu amane a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ”

Enti wɔsan de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.

Swedish Contemporary Bible

2 Kungaboken 22:1-20

Josia regerar i Juda

(2 Krön 34:1-2; 34:8-13)

1Josia var åtta år gammal när han blev kung och han regerade i Jerusalem i trettioett år. Hans mor hette Jedida och var dotter till Adaja från Boskat.

2Josia gjorde det som var rätt i Herrens ögon och följde helt sin förfader Davids exempel utan att vika av åt något håll.

3I det artonde året av sin regering sände kung Josia sin sekreterare Shafan, Asaljas son, och Meshullams sonson, till Herrens hus med detta meddelande: 4”Gå upp till översteprästen Hilkia och säg åt honom att göra i ordning silvret som kommit till Herrens hus, som de som höll vakt har samlat in från folket.

5”Låt dem sedan ge det åt de män som är utsedda till att övervaka arbetet i Herrens hus, så att de kan betala dem som arbetar med att reparera det, 6snickare, byggnadsarbetare och murare, och till inköp av timmer och sten till de nödvändiga reparationerna. 7Men de behöver inte redovisa silvret som de tagit emot, för de är betrodda.”

En bokrulle med Guds lag hittas

(2 Krön 34:14-28)

8Översteprästen Hilkia sa till kungens sekreterare Shafan: ”Jag har hittat boken med lagen i Herrens hus.” Han gav boken till Shafan, som läste den. 9Sekreteraren Shafan gick till kungen och rapporterade: ”Dina tjänare har betalat ut silvret som har funnits i Herrens hus och överlämnat det till tillsyningsmännen och arbetarna.” 10Sekreteraren Shafan berättade också om bokrullen, som Hilkia gett honom, och läste den för kungen. 11När kungen hörde vad som stod skrivet i lagboken, rev han sönder sina kläder. 12Han befallde Hilkia och Achikam, Shafans son, Akbor, Mikajas son, och sekreteraren Shafan och sin assistent Asaja: 13”Gå och fråga Herren för min, för folkets och för hela Juda räkning om det som står i den bok som nu upptäckts. Herrens vrede är stor och har flammat upp mot oss, eftersom våra förfäder inte har lytt det som står i denna bok och inte handlat efter alla hans föreskrifter.”

14Prästen Hilkia, Achikam, Akbor, Shafan och Asaja gick därför till profetissan Hulda, hustru till Shallum, föreståndaren för klädkammaren, Tikvas son och Harchas sonson. Hon bodde i Jerusalem i Nya Staden. När de talade med henne om detta, 15svarade hon dem: ”Så säger Herren, Israels Gud: ’Säg till den man som skickade er till mig: 16Så säger Herren: Jag kommer att låta olycka drabba denna plats och dess invånare, så som det står omtalat i boken kungen av Juda har läst. 17De har övergett mig, tänt offereld åt andra gudar och väckt min vrede genom allt de gjort, och därför ska min vrede drabba denna plats, och den kan inte släckas.’ 18Säg till kungen av Juda, som skickade er hit för att fråga Herren: ’Så säger Herren, Israels Gud, om de ord du har hört: 19Därför att du är bedrövad i ditt innersta och har ödmjukat dig inför Herren, sedan du fått höra mina ord mot denna plats och dess invånare, för att de skulle väcka fasa och förbannelser, och du har rivit sönder dina kläder och gråtit inför mig, har jag hört dig, säger Herren. 20Jag ska låta dig dö och bli begravd bland dina fäder i ro. Du får slippa se allt det onda som jag ska låta komma över denna plats.’ ”

De återvände till kungen med detta svar.