2 Ahemfo 2 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 2:1-25

Wɔfa Elia Kɔ Ɔsoro

1Bere a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ soro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal kwan so. 2Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buae se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Bet-El.

3Adiyifo kuw a wofi Bet-El no baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ?”

Elisa buae se, “Yiw, minim saa. Enti monyɛ komm.”

4Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Yeriko.”

Nanso Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Yeriko.

5Na adiyifo kuw a wofi Yeriko baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ ana?”

Obuaa bio se, “Yiw, minim. Enti monyɛ komm.”

6Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.”

Nanso, Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo.” Enti wɔtoaa so kɔe.

7Mmarima aduonum fi adiyifo kuw no mu nso kɔ kogyinaa akyirikyiri baabi, de wɔn ani kyerɛɛ faako a na Elia ne Elisa gyina wɔ Asubɔnten Yordan ho hɔ no. 8Na Elia bobɔw nʼatade, de bɔɔ nsu no ani. Nsu no mu kyɛɛ abien, ma wɔfaa asase kesee so twae.

9Wotwa wiei no, Elia bisaa Elisa se, “Dɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?”

Na Elisa buae se, “Mesrɛ wo, ma minnya wo honhom tumi no mmɔho.”

10Elia kae se, “Woabisa ade a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisade no. Na sɛ amma saa de a, wo nsa renka.”

11Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam bae a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam tetewee, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. 12Elisa huruw, teɛɛ mu se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” Na Elisa anhu no bio, Elisa suanee nʼatade mu abien.

13Na Elisa faa Elia atade nguguso a efii ne ho gui no, na ɔsan kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. 14Ɔde atade nguguso no bɔɔ asu no ani teɛɛ mu se, “Awurade, Elia Nyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara asu no mu paee abien maa Elisa faa mu.

15Bere a adiyifo kuw a wɔwɔ Yeriko huu asɛm a asi no, wɔteɛɛ mu se, “Elisa abedi Elia ade!” Na wokohyiaa no, kotow no. 16Wɔkae se, “Owura, ka biribi, na yɛn mu ahoɔdenfo aduonum bekyinkyin sare no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔw bi so anaa obon bi mu.”

Elisa kae se, “Dabi, monnsoma wɔn.” 17Nanso wɔkɔɔ so haw no ara, kosii sɛ, onhu nea ɔnyɛ ne ho, nti akyiri no ɔkaa se, “Eye, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyin, hwehwɛe, nanso wɔanhu Elia. 18Bere a wɔsan wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Obisaa wɔn se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?”

Elisa Nsɛnkyerɛnne A Edi Kan

19Afei, Yeriko mpanyimfo kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no se, “Ɔdɛɛfo, yɛwɔ dadwen bi. Saa kurow yi dabea ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛnea wuhu no. Nanso nsu no nye, na asase no nso mma nnɔbae.”

20Elisa kae se, “momma me nsukorade foforo a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde bae.

21Afei, ɔkɔɔ asu no a kurom hɔfo no saw nom no mu, kɔtow nkyene no guu mu. Na ɔkae se, “Sɛɛ na Awurade se: Mayɛ asu yi yiye. Ɛremma owu, na asase no bɛma ne nnɔbae.” 22Na ampa ara, efi saa bere no, asu no ayɛ asu pa sɛnea Elisa kae no.

23Elisa fii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wofi kurow no mu dii ne ho fɛw, serew no se, “Tipae, foro kɔ ɛ! Tipae, foro kɔ ɛ!” 24Elisa dan ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisi abien pue fii wuram, bekunkum wɔn mu aduanan abien. 25Elisa fii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔw Karmel so, na ofii hɔ kɔɔ Samaria.2.25 Elisa tenaa Samaria.

King James Version

2 Kings 2:1-25

1And it came to pass, when the LORD would take up Elijah into heaven by a whirlwind, that Elijah went with Elisha from Gilgal. 2And Elijah said unto Elisha, Tarry here, I pray thee; for the LORD hath sent me to Beth-el. And Elisha said unto him, As the LORD liveth, and as thy soul liveth, I will not leave thee. So they went down to Beth-el. 3And the sons of the prophets that were at Beth-el came forth to Elisha, and said unto him, Knowest thou that the LORD will take away thy master from thy head to day? And he said, Yea, I know it; hold ye your peace. 4And Elijah said unto him, Elisha, tarry here, I pray thee; for the LORD hath sent me to Jericho. And he said, As the LORD liveth, and as thy soul liveth, I will not leave thee. So they came to Jericho. 5And the sons of the prophets that were at Jericho came to Elisha, and said unto him, Knowest thou that the LORD will take away thy master from thy head to day? And he answered, Yea, I know it; hold ye your peace. 6And Elijah said unto him, Tarry, I pray thee, here; for the LORD hath sent me to Jordan. And he said, As the LORD liveth, and as thy soul liveth, I will not leave thee. And they two went on. 7And fifty men of the sons of the prophets went, and stood to view afar off: and they two stood by Jordan.2.7 to view: Heb. in sight, or, over against 8And Elijah took his mantle, and wrapped it together, and smote the waters, and they were divided hither and thither, so that they two went over on dry ground.

9¶ And it came to pass, when they were gone over, that Elijah said unto Elisha, Ask what I shall do for thee, before I be taken away from thee. And Elisha said, I pray thee, let a double portion of thy spirit be upon me. 10And he said, Thou hast asked a hard thing: nevertheless, if thou see me when I am taken from thee, it shall be so unto thee; but if not, it shall not be so.2.10 Thou hast…: Heb. Thou hast done hard in asking 11And it came to pass, as they still went on, and talked, that, behold, there appeared a chariot of fire, and horses of fire, and parted them both asunder; and Elijah went up by a whirlwind into heaven.

12¶ And Elisha saw it, and he cried, My father, my father, the chariot of Israel, and the horsemen thereof. And he saw him no more: and he took hold of his own clothes, and rent them in two pieces.

13He took up also the mantle of Elijah that fell from him, and went back, and stood by the bank of Jordan;2.13 bank: Heb. lip 14And he took the mantle of Elijah that fell from him, and smote the waters, and said, Where is the LORD God of Elijah? and when he also had smitten the waters, they parted hither and thither: and Elisha went over. 15And when the sons of the prophets which were to view at Jericho saw him, they said, The spirit of Elijah doth rest on Elisha. And they came to meet him, and bowed themselves to the ground before him.

16¶ And they said unto him, Behold now, there be with thy servants fifty strong men; let them go, we pray thee, and seek thy master: lest peradventure the Spirit of the LORD hath taken him up, and cast him upon some mountain, or into some valley. And he said, Ye shall not send.2.16 strong…: Heb. sons of strength2.16 some mountain: Heb. one of the mountains 17And when they urged him till he was ashamed, he said, Send. They sent therefore fifty men; and they sought three days, but found him not. 18And when they came again to him, (for he tarried at Jericho,) he said unto them, Did I not say unto you, Go not?

19¶ And the men of the city said unto Elisha, Behold, I pray thee, the situation of this city is pleasant, as my lord seeth: but the water is naught, and the ground barren.2.19 barren: Heb. causing to miscarry 20And he said, Bring me a new cruse, and put salt therein. And they brought it to him. 21And he went forth unto the spring of the waters, and cast the salt in there, and said, Thus saith the LORD, I have healed these waters; there shall not be from thence any more death or barren land. 22So the waters were healed unto this day, according to the saying of Elisha which he spake.

23¶ And he went up from thence unto Beth-el: and as he was going up by the way, there came forth little children out of the city, and mocked him, and said unto him, Go up, thou bald head; go up, thou bald head. 24And he turned back, and looked on them, and cursed them in the name of the LORD. And there came forth two she bears out of the wood, and tare forty and two children of them. 25And he went from thence to mount Carmel, and from thence he returned to Samaria.