2 Ahemfo 19 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 19:1-37

Hesekia Hwehwɛ Awurade Mmoa

1Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu. 2Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn. 3Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. 4Nanso ebia Awurade, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!”

5Na ɔhene Hesekia mpanyimfo no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia, 6na Yesaia buae se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo. 7Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ”

8Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.

9Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Etiopiahene Tirhaka adi asraafo anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsan akohyia asraafo no, ɔde saa nkra yi maa sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem. 10“Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’ 11Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana? 12Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn ana? 13Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?”

14Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ Awurade anim. 15Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se, “Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 16Brɛ wʼaso ase, Awurade, na tie! Bue wʼani, Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no.

17Awurade, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no. 18Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 19Afei, Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne tumi ase, na ɛbɛma ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ wo nko ara, Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.”

Yesaia Hyɛ Yuda Gye Ho Nkɔm

20Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti, 21eyi ne asɛm a Awurade aka atia no:

“ ‘Ɔbabeabun Sion sopa wo,

na ɔserew wo.

Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw,

na ɔwosow ne ti bere a woreguan.

22Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso?

Hena na womaa wo nne so tiaa no

na wohwɛɛ no ahantan so?

Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!

23Wonam wʼasomafo so

adi Awurade ho fɛw.

Na woaka se,

“Me nteaseɛnam dodow nti

maforo mmepɔw atenten.

Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no.

Matwitwa ne sida dua atenten no,

ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam.

Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so,

ne ne kwaeberentuw mu.

24Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so

de ne nsu pa no adwudwo me ho.

Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu

sɛnea mʼakofo betumi atwa!”

25“ ‘Na Montee ɛ?

Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ.

Bere bi a atwam no na medwenee ho;

afei mama aba mu sɛ,

moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ

ho ban.

26Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no

ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn.

Wɔte sɛ afuw so nnua,

ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw.

Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifi

a ɛhyew ansa na anyin.

27“ ‘Nanso minim nea wote

bere a woba ne bere a wokɔ

ne sɛnea wo bo huru tia me.

28Na esiane sɛ wo bo huru tia me

na wʼahantan adu mʼasom nti,

mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem,

na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom,

mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so

asan wʼakyi.’

29“Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia:

“Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii.

Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba.

Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa,

yɛ bobe nturo na di so aba.

30Bio, nkae bi a ofi Yuda fi

begye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro.

31Na nkae bi befi Yerusalem aba,

na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so.

Asafo Awurade pɛ mu na eyi bɛyɛ.

32“Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:

“Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu

na ɔrentow bɛmma wɔ ha.

Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi

na ɔrensi pie ntua nʼano.

33Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu.

Awurade ka se,

ɔrenwura saa kurow yi mu.

34Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti,

mɛbɔ ho ban.”

35Saa anadwo no, Awurade bɔfo kɔɔ Asiria nsraban mu, kokum Asiria asraafo no mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Asiriafo a wɔkae no nyan anɔpa no, wohuu sɛ afunu gugu mmɔnten so baabiara. 36Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkurow Ninewe mu.

37Da koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmabarima Adramelek ne Sareser de wɔn afoa kokum no. Woguan fii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforo Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀下 19:1-37

希西迦向以賽亞求助

1希西迦王聽了就撕裂衣服,披上麻衣,進入耶和華的殿。 2他派身披麻衣的宮廷總管以利亞敬、書記舍伯那和祭司中的長者去見亞摩斯的兒子以賽亞先知, 3對他說:「希西迦說,『今天是遭難、蒙羞、受辱的日子,就像嬰兒要出生,產婦卻無力生產一樣。 4亞述王派他的將軍來辱罵永活的上帝,也許你的上帝耶和華聽見那些話,就會懲罰他。所以,請你為我們這些剩下的人禱告。』」 5希西迦王的臣僕說完這些話後, 6以賽亞對他們說:「告訴你們主人,耶和華這樣說,『你不要因亞述王的僕人那些褻瀆我的話而害怕。 7我必驚動19·7 驚動」希伯來文是「使靈進入」。亞述王的心,讓他聽見一些風聲後便返回本國,在那裡死於刀下。』」

希西迦向上帝禱告

8亞述的將軍聽說亞述王已離開拉吉,便回去見王,發現王在攻打立拿9亞述王聽說古實特哈加正前來攻打他,便再次派使者去對希西迦說: 10「不要讓你所倚靠的上帝愚弄你,說什麼耶路撒冷必不會被亞述王攻陷。 11你肯定聽過亞述諸王掃滅列國的事,難道你能倖免嗎? 12我先祖毀滅了歌散哈蘭利色提·拉撒伊甸人,這些國家的神明救得了他們嗎? 13哈馬王、亞珥拔王、西法瓦音城的王、希拿王和以瓦王如今在哪裡呢?」

14希西迦從使者手中接過信,讀完後走進耶和華的殿,在耶和華面前展開信, 15禱告說:「坐在二基路伯天使之上、以色列的上帝耶和華啊,唯有你是天下萬國的上帝,你創造了天地。 16耶和華啊,求你側耳垂聽!耶和華啊,求你睜眼察看!求你聽聽西拿基立派使者來辱罵永活上帝的話。 17耶和華啊,亞述諸王確實掃滅列國,使其土地荒涼, 18把列國的神像丟在火中。因為那些神像只是人用木頭石頭製造的,根本不是神。 19我們的上帝耶和華啊,現在求你從亞述王手中拯救我們,讓天下萬國都知道唯有你是耶和華。」

以賽亞給希西迦的信息

20亞摩斯的兒子以賽亞派人告訴希西迦:「以色列的上帝耶和華說,『我已經聽見你關於亞述西拿基立的禱告。 21以下是耶和華對他的判語,

錫安的居民藐視你,嘲笑你;

耶路撒冷的居民朝你逃竄的背影搖頭。

22你在侮辱、褻瀆誰呢?

你不放在眼裡、

高聲罵的是誰呢?

以色列的聖者!

23你藉你的使者辱罵主,

你說你率領許多戰車上到群山之巔,

上到黎巴嫩的巔峰,

砍下最高的香柏樹和上好的松樹,

征服最高的山和最美的樹林。

24你自誇已在外邦之地挖井取水,

已用腳掌踏乾埃及的河流。

25『難道你不知道這是我在太初所定、

在亙古就籌畫好的嗎?

如今我實現了所定的計劃——

藉著你使堅城淪為廢墟。

26城中的居民軟弱無力,

驚慌失措,羞愧難當,

脆弱如野草和菜蔬,

又像還未長大就被曬焦的房頂草。

27『你起你坐,你出你進,

你向我發怒,我都知道。

28因為你向我發怒,

你狂傲的話達到了我耳中,

我要用鉤子鉤住你的鼻子,

把嚼環放在你嘴裡,

使你原路返回。』

29希西迦啊,我要賜給你們一個兆頭,你們今年要吃野生的,明年也要吃自然生長的,後年要播種收割,栽種葡萄園,吃園中的果子。 30猶大的倖存者要再次向下扎根,向上結果。 31因為將有餘民從耶路撒冷出來,有倖存者從錫安山出來。耶和華必熱切地成就這事。

32「至於亞述王,耶和華說,『他必不能進這城或向這裡射一箭,必不能手持盾牌兵臨城下或修築攻城的高臺。 33他從哪條路來,也將從哪條路回去,他必進不了這城。這是耶和華說的。 34我必為自己和我僕人大衛而保護、拯救這城。』」

35當晚,耶和華的天使到亞述營中殺了十八萬五千人。人們清早起來,發現到處是屍體。 36亞述西拿基立便拔營回國,住在尼尼微37一天,亞述王在他的神明尼斯洛的廟裡祭拜時,他的兩個兒子亞得米勒沙利色用刀殺了他,逃往亞拉臘。他的另一個兒子以撒哈頓繼位。