2 Ahemfo 18 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 18:1-37

Hesekia Di Yudahene

1Ahas babarima Hesekia fii ase dii hene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi hene wɔ Israel mfe abiɛsa. 2Odii hene no na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonu akron. Na ne na yɛ Sakaria babea a wɔfrɛ no Abi. 3Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ. 4Otutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera nnua no guu fam. Obubuu kɔbere mfrafrae ɔwɔ a Mose ayɛ no, efisɛ na nnipa no hyew nnuhuam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafrae ayɛ no Nehustan.

5Hesekia de ne ho too Awurade, Israel Nyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno wɔ Yuda asase so. 6Biribiara mu, odii Awurade nokware, na ɔde ntoboase dii ahyɛde a Awurade de maa Mose no nyinaa so. 7Ne saa nti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛe mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua sonkahiri amma no. 8Afei, okodii Filistifo so nkonim, de kosii Gasa ne nʼahye so, fi ne nkuraa, de kosii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasu atwa ho no.

9Hesekia ahenni no mfe anan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahenni wɔ Israel mfe ason mu no, Asiriahene Salmaneser kotuaa Israel ano, fii ase kaa Samaria kuropɔn hyɛe. 10Mfe abiɛsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi ade mfe asia a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedi wɔ Israel mfe akron mu no, Samaria bɔe. 11Saa bere no, Asiriahene twaa Israelfo no asu kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan konkɔn so ne nkurow akɛse a ɛwɔ Media mu. 12Efisɛ wɔantie Awurade, wɔn Nyankopɔn no. Wobuu nʼapam no so, mmara a Awurade nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no.

Asiria Tu Yuda So Sa

13Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkurow a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim. 14Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis se, “Mayɛ mfomso. Sɛ wubefi ha akɔ nko ara de a, sonkahiri biara a wubegye me no, metua.” Na Asiriahene bisaa mpata a ɛboro dwetɛ tɔn dubaako ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔn baako. 15Enti ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no wɔ Awurade Asɔredan no mu ne nea ɛwɔ ahemfi adekorae hɔ nyinaa mae. 16Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura asɔredan no apon ho, de ne nyinaa maa Asiriahene.

17Eyinom nyinaa akyi no, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraafodɔmhene ne nʼananmusini fii Lakis ne asraafodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia18.17 Nsuka a ɛnam asase ase a Hesekia tui no ma wonyaa nsu fii Asubɔnten Gihon mu. so wɔ Yerusalem. Asiriafo no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtare nsu a ɛbɛn ɔkwan a ɛde kɔ faako a wɔpa ntama ani no ho. 18Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanyimfo yi sɛ wonkohyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfi hɔ so, ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfi abakɔsɛm kyerɛwfo.

Senaherib Hunahuna Yerusalem

19Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se,

“ ‘Asɛm a otumfo, Asiriahene ka ni: Dɛn na wode wo ho to so a ɛma wugye wo ho di saa? 20Woka se wowɔ akodi ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hena na ɔtaa wʼakyi a enti wotew mʼanim atua? 21Hwɛ wʼani da Misraim so, demmire a emu abu a ɛte sɛ pema a wutweri a ɛbɛwɔ wo nsa mu apira wo no! Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no nyinaa. 22Ebia wobɛka se, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Nyankopɔn so!” Ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia atutu nʼabosonnan ne afɔremuka nyinaa, ahyɛ Yudafo sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara so no?

23“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. 24Na wʼasraafo ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso dae, sɛ wubetumi ne me wura asraafo no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛw no mpo adi asi. Minim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mmoa so. 25Bio, wugye di sɛ, maba sɛ merebɛtow ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me se menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’ ”

26Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no se, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte ase yiye. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, efisɛ nnipa a wɔwɔ fasu no so no bɛte.”

27Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”

28Afei, ɔsɔre gyinae, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so se, “Muntie nkra a efi Asiria ɔhene kɛse no nkyɛn! 29Sɛnea ɔhene se ni: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfi me tumi ase. 30Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘Awurade begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ.

31“Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu. 32Na mɛyɛ nhyehyɛe de mo akɔ asase foforo bi a ɛte sɛ eyi so. Ɛyɛ ɔman a atoko, nsa, brodo, bobe nturo, ngonnua ne ɛwo abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na munyi owu akwa!

“Mommma Hesekia nnaadaa mo nka se, ‘Awurade begye yɛn!’ 33Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfo afi Asiriahene nsam da? 34Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wotumi gyee Samaria fii me tumi ase ana? 35Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfo afi me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, dɛn na ɛma mo dwene sɛ Awurade betumi agye Yerusalem?”

36Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa.

37Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no.

King James Version

2 Kings 18:1-37

1Now it came to pass in the third year of Hoshea son of Elah king of Israel, that Hezekiah the son of Ahaz king of Judah began to reign.18.1 Hezekiah: he is called Ezekias 2Twenty and five years old was he when he began to reign; and he reigned twenty and nine years in Jerusalem. His mother’s name also was Abi, the daughter of Zachariah.18.2 Abi: also called, Abijah 3And he did that which was right in the sight of the LORD, according to all that David his father did.

4¶ He removed the high places, and brake the images, and cut down the groves, and brake in pieces the brasen serpent that Moses had made: for unto those days the children of Israel did burn incense to it: and he called it Nehushtan.18.4 images: Heb. statues18.4 Nehushtan: that is, A piece of brass 5He trusted in the LORD God of Israel; so that after him was none like him among all the kings of Judah, nor any that were before him. 6For he clave to the LORD, and departed not from following him, but kept his commandments, which the LORD commanded Moses.18.6 from…: Heb. from after him 7And the LORD was with him; and he prospered whithersoever he went forth: and he rebelled against the king of Assyria, and served him not. 8He smote the Philistines, even unto Gaza, and the borders thereof, from the tower of the watchmen to the fenced city.18.8 Gaza: Heb. Azzah

9¶ And it came to pass in the fourth year of king Hezekiah, which was the seventh year of Hoshea son of Elah king of Israel, that Shalmaneser king of Assyria came up against Samaria, and besieged it. 10And at the end of three years they took it: even in the sixth year of Hezekiah, that is the ninth year of Hoshea king of Israel, Samaria was taken. 11And the king of Assyria did carry away Israel unto Assyria, and put them in Halah and in Habor by the river of Gozan, and in the cities of the Medes: 12Because they obeyed not the voice of the LORD their God, but transgressed his covenant, and all that Moses the servant of the LORD commanded, and would not hear them, nor do them.

13¶ Now in the fourteenth year of king Hezekiah did Sennacherib king of Assyria come up against all the fenced cities of Judah, and took them.18.13 Sennacherib: Heb. Sanherib 14And Hezekiah king of Judah sent to the king of Assyria to Lachish, saying, I have offended; return from me: that which thou puttest on me will I bear. And the king of Assyria appointed unto Hezekiah king of Judah three hundred talents of silver and thirty talents of gold. 15And Hezekiah gave him all the silver that was found in the house of the LORD, and in the treasures of the king’s house. 16At that time did Hezekiah cut off the gold from the doors of the temple of the LORD, and from the pillars which Hezekiah king of Judah had overlaid, and gave it to the king of Assyria.18.16 it: Heb. them

17¶ And the king of Assyria sent Tartan and Rabsaris and Rab-shakeh from Lachish to king Hezekiah with a great host against Jerusalem. And they went up and came to Jerusalem. And when they were come up, they came and stood by the conduit of the upper pool, which is in the highway of the fuller’s field.18.17 great: Heb. heavy 18And when they had called to the king, there came out to them Eliakim the son of Hilkiah, which was over the household, and Shebna the scribe, and Joah the son of Asaph the recorder.18.18 scribe: or, secretary 19And Rab-shakeh said unto them, Speak ye now to Hezekiah, Thus saith the great king, the king of Assyria, What confidence is this wherein thou trustest? 20Thou sayest, (but they are but vain words,) I have counsel and strength for the war. Now on whom dost thou trust, that thou rebellest against me?18.20 sayest: or, talkest18.20 vain…: Heb. word of the lips18.20 I have…: or, but counsel and strength are for the war 21Now, behold, thou trustest upon the staff of this bruised reed, even upon Egypt, on which if a man lean, it will go into his hand, and pierce it: so is Pharaoh king of Egypt unto all that trust on him.18.21 trustest: Heb. trustest thee 22But if ye say unto me, We trust in the LORD our God: is not that he, whose high places and whose altars Hezekiah hath taken away, and hath said to Judah and Jerusalem, Ye shall worship before this altar in Jerusalem? 23Now therefore, I pray thee, give pledges to my lord the king of Assyria, and I will deliver thee two thousand horses, if thou be able on thy part to set riders upon them.18.23 pledges: or, hostages 24How then wilt thou turn away the face of one captain of the least of my master’s servants, and put thy trust on Egypt for chariots and for horsemen? 25Am I now come up without the LORD against this place to destroy it? The LORD said to me, Go up against this land, and destroy it. 26Then said Eliakim the son of Hilkiah, and Shebna, and Joah, unto Rab-shakeh, Speak, I pray thee, to thy servants in the Syrian language; for we understand it: and talk not with us in the Jews’ language in the ears of the people that are on the wall. 27But Rab-shakeh said unto them, Hath my master sent me to thy master, and to thee, to speak these words? hath he not sent me to the men which sit on the wall, that they may eat their own dung, and drink their own piss with you?18.27 their own piss: Heb. the water of their feet 28Then Rab-shakeh stood and cried with a loud voice in the Jews’ language, and spake, saying, Hear the word of the great king, the king of Assyria: 29Thus saith the king, Let not Hezekiah deceive you: for he shall not be able to deliver you out of his hand: 30Neither let Hezekiah make you trust in the LORD, saying, The LORD will surely deliver us, and this city shall not be delivered into the hand of the king of Assyria. 31Hearken not to Hezekiah: for thus saith the king of Assyria, Make an agreement with me by a present, and come out to me, and then eat ye every man of his own vine, and every one of his fig tree, and drink ye every one the waters of his cistern:18.31 Make…: or, Seek my favour: Heb. Make with me a blessing18.31 cistern: or, pit 32Until I come and take you away to a land like your own land, a land of corn and wine, a land of bread and vineyards, a land of oil olive and of honey, that ye may live, and not die: and hearken not unto Hezekiah, when he persuadeth you, saying, The LORD will deliver us.18.32 persuadeth: or, deceiveth 33Hath any of the gods of the nations delivered at all his land out of the hand of the king of Assyria? 34Where are the gods of Hamath, and of Arpad? where are the gods of Sepharvaim, Hena, and Ivah? have they delivered Samaria out of mine hand? 35Who are they among all the gods of the countries, that have delivered their country out of mine hand, that the LORD should deliver Jerusalem out of mine hand? 36But the people held their peace, and answered him not a word: for the king’s commandment was, saying, Answer him not. 37Then came Eliakim the son of Hilkiah, which was over the household, and Shebna the scribe, and Joah the son of Asaph the recorder, to Hezekiah with their clothes rent, and told him the words of Rab-shakeh.