2 Ahemfo 17 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 17:1-41

Hosea Di Israelhene

1Ela babarima Hosea fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Ahas nso adi hene wɔ Yuda mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Samaria mfe akron. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, nanso na ne bɔne no nnɔɔso sɛ Israel ahemfo a wodii ade ansa na ɔrebedi ade no.

3Asiriahene Salmaneser kɔɔ ɔhene Hosea so, kodii ne so nkonim nti, ɔhyɛɛ Israel ma wotuaa sonkahiri a emu yɛ duru maa Asiria. 4Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa fii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn sɛ ɔmmoa no na ɔntew ne ho mfi Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔw tiaa Asiriahene. Bere a Asiriahene huu pɔw bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuatew ho.

5Na Asiriahene ko faa asasetam no nyinaa, na otuaa Samaria ano mfe abiɛsa. 6Akyiri no, ɔhene Hosea ahenni mfe akron mu no, Samaria hwee ase, ma wotwaa Israelfo asu kɔɔ Asiria. Wɔbɔɔ wɔn atenase wɔ Halah nkurow wɔ asu Habor a ɛwɔ Gosan a ɛfra Media nkuropɔn no mu no so.

Asiria Di Samaria So

7Saa amanehunu yi baa Israelman so, efisɛ nnipa no som anyame afoforo, yɛɛ bɔne tia Awurade, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii wɔn nkoasom mu wɔ Misraim no. 8Wosuasuaa abosonsom aman nneyɛe a enti Awurade pam wɔn fii asase a ɛda wɔn anim no so, ne ɔsom a Israel ahemfo de aba no. 9Na Israelfo no nso nam sum ase, ayɛ nneɛma pii a na ɛnsɔ Awurade wɔn Nyankopɔn ani. Wosisii abosonnan maa wɔn ho wɔ wɔn nkurow nyinaa so, efi wɔn nkurow akɛse a wɔatwa afasu afa ho, kosi nkuraa. 10Wosisii afadum kronkron ne Asera nnua wɔ koko biara so ne dua biara a ɛyɛ frɔmfrɔm ase. 11Wɔhyew nnuhuam wɔ nsɔre so hɔ, te sɛnea aman a Awurade apam wɔn afi asase a ɛda wɔn anim no so no yɛe pɛ. Enti Israelfo yɛɛ bɔne bebree hyɛɛ Awurade abufuw. 12Yiw, Awurade kɔkɔbɔ pɔtee ne ne ntimu no nyinaa akyi no, wɔsom ahoni. 13Awurade somaa nʼadiyifo ne adehufo ntoatoaso ma wɔkɔbɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ se, “Monnan mfi mo akwammɔne nyinaa ho. Monyɛ osetie mma mʼahyɛde ne me mmara, nea mehyɛɛ mo agyanom sɛ wonni so no nyinaa, nea menam mʼasomfo adiyifo no so de maa mo no.”

14Nanso Israelfo no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye Awurade, wɔn Nyankopɔn, anni. 15Wɔpoo ne mmara ne nʼapam a ɔne wɔn agyanom yɛe no. Na wɔamfa ne kɔkɔbɔ no anyɛ hwee. Wɔsom abosomhuhuw, maa wɔdan nnipa teta. Wɔhwɛɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no nhwɛso so, nam so yɛɛ asoɔden maa Awurade mmara nsɛm a ɔhyɛɛ sɛ wonnsuasua wɔn no.

16Wɔantie Awurade, wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm no nyinaa na wɔyɛɛ nantwimma abien ahoni a wɔagu. Wosii Asera dua, som Baal ne wim atumfo nyinaa. 17Na mpo, wɔde wɔn ankasa mmabarima ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Wɔkɔɔ abisa, wɔyɛɛ abayisɛm, nam so tɔn wɔn ho maa bɔne, de hyɛɛ Awurade abufuw.

18Na esiane sɛ Awurade bo fuw nti, ɔpepaa wɔn fii nʼanim. Yuda abusuakuw17.18 Anafo Ahemman no nso yɛ Simeon ne Benyamin asefo nanso Yuda nko ara ne abusuakuw a na wodi no nokware (hwɛ 1 Ah 11.31-32). nko ara na ɛkaa wɔn wɔ asase no so. 19Na mpo, nnipa a wɔwɔ Yuda anni Awurade, wɔn Nyankopɔn, ahyɛde so. Wɔfaa ɔkwan bɔne a Israel faa so no so. 20Ɛno nti, Awurade poo Israel asefo nyinaa. Ɔde wɔn maa wɔn atamfo, nam so twee wɔn aso, kosii sɛ wɔsɛee wɔn.

21Na bere a Awurade tew Israel fii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so hene. Na Yeroboam maa Israelfo gyaee Awurade akyidi, ma wɔyɛɛ bɔne kɛse. 22Na Israelfo no kɔɔ so nantew Yeroboam akwammɔne no so. Wɔannyae ahonisom ho bɔneyɛ no, 23kosii sɛ ne korakora no, Awurade pepaa wɔn fii hɔ, sɛnea nʼadiyifo hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba no. Enti wotwaa Israel asu kɔɔ Asiria asase so baabi a wɔte besi nnɛ yi.

Amamfrafo Kɔtena Israel

24Na Asiriahene twee nnipa akuwakuw fii Babilonia, Kuta ne Awa, Hamat ne Sefarwaim, de wɔn beduaa Samaria nkurow so, ma wosii Israelfo anan mu. Enti Asiriafo no faa Samaria ne Israel nkurow a ɛkeka ho no. 25Nanso esiane sɛ saa ahɔho atutenafo yi ansom Awurade bere a woduu hɔ ara pɛ no nti, Awurade maa gyata kɔɔ wɔn mu, kokunkum wɔn mu bi. 26Enti wɔde nkra kɔmaa Asiriahene se, “Nnipa a woabɔ wɔn atenase wɔ Israel nkurow so no nnim sɛnea wɔsom asase no so Nyankopɔn. Wasoma gyata akɔ wɔn mu akɔsɛe wɔn, efisɛ wɔansom no anisɔ mu.”

27Na Asiriahene nso hyɛe se, “Soma asɔfo a wɔatwa wɔn asu no mu baako fi Samaria, na ɔnsan nkɔ Israel. Ma ɔnkyerɛ ahɔho no kwan a wɔfa so som asase no so Nyankopɔn.” 28Enti asɔfo a wɔatwa wɔn asu afi Samaria no mu baako san kɔɔ Bet-El, kɔkyerɛɛ ahɔho no ɔkwan a wɔfa so som Awurade.

29Nanso saa ahɔho akuwakuw ahorow yi kɔɔ so som wɔn ankasa anyame. Kurow biara a wɔtete mu no, wɔde wɔn ahoni kosisii abosonnan a Israelfo no asisi no mu. 30Wɔn a wofi Babilonia no som wɔn nyame Sukot-Benot ahoni. Wɔn a wofi Kuta som wɔn nyame Nergal. Na wɔn a wofi Hamat som Asima. 31Awifo som wɔn anyame Nibhas ne Tartak. Na mpo, nnipa a wofi Sefarwaim hyew wɔn ankasa mma sɛ afɔrebɔde, de maa Adramelek ne Anamelek. 32Saa ahɔho yi som Awurade de, nanso woyii asɔfo bi fii wɔn mu a, na wɔbɔ afɔre wɔ abosonnan mu. 33Na wɔsom Awurade de, nanso wɔkɔɔ so faa amanne kwan a wɔn aman a wofi so no fa so som no so.

34Na eyi da so kɔ so wɔ wɔn mu de besi nnɛ. Na wɔda so yɛ kan nnebɔne no a anka ɛsɛ sɛ wɔsom Awurade, di ne mmara, ne nkyerɛkyerɛ ne ahyɛde a ɔde maa Yakob a ɔsesaa ne din ma ɛbɛyɛɛ Israel asefo no so. 35Nanso na Awurade ne Yakob asefo ayɛ apam, ahyɛ wɔn se, “Monnsom anyame foforo, monnkotow wɔn, na monnsom wɔn, na mommmɔ afɔre mma wɔn. 36Awurade a ɔnam nsɛnkyerɛnne akɛse ne tumi so yii mo fii Misraim no nko ara na monsom no. Ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ mosom no, na mokotow no, na mobɔ afɔre ma no. 37Monhwɛ yiye, na munni mmara, nkyerɛkyerɛ ne ahyɛde a ɔkyerɛw maa mo no so. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforo biara. 38Mommma mo werɛ mmfi apam a me ne mo yɛe no, na monnsom anyame foforo biara. 39Monsom Awurade, mo Nyankopɔn nko ara. Ɔno na obegye mo afi mo atamfo nyinaa nsam.”

40Nanso nnipa no antie, kɔɔ so faa wɔn akwan dedaw no so. 41Enti bere a ahɔho yi resom Awurade no, bere koro no ara mu, na wɔresom wɔn ahoni. Na ebesi nnɛ, wɔn asefo yɛ ade koro no ara.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪下 17:1-41

何细亚做以色列王

1犹大亚哈斯执政第十二年,以拉的儿子何细亚撒玛利亚登基做以色列王,执政九年。 2他做耶和华视为恶的事,不过没有他之前的以色列诸王那么败坏。 3亚述撒缦以色攻打以色列何细亚纳贡称臣。 4然而,何细亚差遣使者向埃及求援,不再像往年那样向亚述王进贡。亚述王发现后,把他抓起来囚在狱中。 5亚述王攻打以色列全境,并围困撒玛利亚三年。 6何细亚执政第九年,撒玛利亚沦陷。亚述王把以色列人掳到亚述,安置在哈腊歌散哈博河一带以及玛代人的各城。

以色列人的罪恶史

7以色列人之所以有如此下场,是因为他们的上帝耶和华领他们出埃及,从埃及王法老手中救出他们,他们却犯罪得罪祂。他们祭拜别的神明, 8效法耶和华在他们面前赶走的外族人的风俗和以色列诸王奉行的习俗。 9以色列人暗中做不义之事,冒犯他们的上帝耶和华。从瞭望塔到坚城,他们在各地建丘坛, 10在各高岗上、绿树下立神柱和亚舍拉神像, 11在各丘坛烧香,如同耶和华在他们面前赶走的外族人一样。他们邪恶的行为激怒了耶和华。 12尽管耶和华警告他们不可祭拜偶像,他们仍然执迷不悟。

13耶和华借着祂的众先知和先见警告以色列人和犹大人说:“你们要离开恶道,遵守我的诫命和律例,即我吩咐你们祖先遵守并借着我的仆人——众先知传给你们的律法。” 14但他们充耳不闻,像他们祖先一样顽固不化,不信靠他们的上帝耶和华, 15拒绝遵守祂的律例和祂与他们祖先所立的约,无视祂的警告。他们随从虚无的偶像,自己也变得虚无。他们违背耶和华的命令,去效法周围的外族人。 16他们把他们的上帝耶和华的诫命抛诸脑后,铸造了两个金牛犊,还造了亚舍拉神像。他们祭拜巴力和天上的万象, 17把自己的儿女烧死献作祭物。他们占卜,行邪术,出卖自己去做耶和华视为恶的事,惹祂发怒。

18因此,耶和华非常愤怒,从祂面前赶走以色列人,只留下犹大一个支派。 19犹大人也不遵守他们的上帝耶和华的诫命,反而效法以色列人的恶行。 20于是,耶和华弃绝了以色列全族,使他们饱尝痛苦,任人宰割,直至把他们从自己眼前赶走。 21祂使以色列大卫家分裂出来,以色列人便拥立尼八的儿子耶罗波安为王。耶罗波安诱使以色列人远离耶和华,使他们犯了大罪。 22以色列人沉溺于耶罗波安所犯的一切罪中,始终不肯回头, 23直到耶和华把他们从自己眼前赶走,正如祂借自己的仆人——众先知对他们的警告。这样,以色列人被掳到亚述,至今仍住在那里。

外族人移居撒玛利亚

24亚述王把巴比伦古他亚瓦哈马西法瓦音等地的一些居民迁移到撒玛利亚各城,代替以色列人。 25刚迁居到那里的时候,他们不敬拜耶和华,所以耶和华差遣狮子闯入他们当中,咬死了一些人。 26有人禀告亚述王说:“你迁移到撒玛利亚各城的那些人不知道当地神明的规矩,所以神明就差遣狮子闯入他们当中,咬死了一些人。” 27亚述王便下令:“派一位被掳来的祭司回去,让他住在那里,把当地神明的规矩教导给他们。” 28于是,有一位从撒玛利亚被掳走的祭司回去住在伯特利,教导他们怎样敬拜耶和华。

29可是,这些从各地迁来的民族都在所住的各城为自己制造神像,供奉在撒玛利亚人在高岗上建造的神庙中。 30巴比伦人造疏割·比讷神像,古他人造匿甲神像,哈马人造亚示玛神像, 31亚瓦人造匿哈他珥他神像,西法瓦音人焚烧儿女向他们的神明亚得米勒亚拿米勒献祭。 32他们也敬拜耶和华,却委任各种人做祭司,在高岗上的神庙为他们献祭。 33他们就这样既敬拜耶和华,又各按各的风俗供奉自己的神明。

34直到现在,他们仍然执迷不悟,不敬畏耶和华,也不遵行耶和华赐给雅各子孙的律例、典章、法度和诫命。耶和华曾给雅各取名叫以色列35与他的子孙立约,吩咐他们:“不可祭拜其他神明,不可跪拜和供奉他们,也不可向他们献祭。 36耶和华伸出大能的臂膀把你们领出埃及,你们要敬拜祂,要向祂跪拜、献祭。 37你们要永远谨遵祂所定的律例、典章、法度和诫命,不可祭拜其他神明。 38不可忘记我与你们立的约,不可祭拜其他神明。 39我是你们的上帝耶和华,你们要敬拜我,我必从一切仇敌手中救你们。” 40但是他们没有听从,依然仿效先前的风俗。 41那些移民到撒玛利亚各城的外族人既敬拜耶和华,又供奉自己的偶像。直到今日,他们的子孙仍是这样。