2 Ahemfo 11 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 11:1-21

Atalia Di Yudahene

1Bere a Yudahene Ahasia, ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkɔe sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. 2Nanso Ahasia nuabea Yehoseba11.2 Ɛsono Yehoseba ne na na ɛsono Atalia nso ne na. Na Yehoseba yɛ Ɔsɔfopanyin Yehoia yere (2 Be 22.11). Ɛno nti na otumi de Yoas siee Asɔredan mu a na ɛyɛ ɔsɔfo no pia mu no. a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas,11.2 Na Yoas nnii afe nti na wontwaa no nufu ɛ (nkyekyɛmu 31; 12.1). yii no fii ɔhene no mma a anka wɔrebekunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne gyigyefo kohintaw pia bi mu, sɛnea Atalia renhu no. Ɛno nti, wɔannya abofra no ankum no. 3Yoas ne nea ogyigye no no hintaw wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.

Atuatew A Etia Atalia

4Atalia adedi mfe ason mu no, ɔsɔfo Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifo11.4 Na Karifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa a wofi Asia Kumaa mu. Wɔn na wobesii Keritifo anan wɔ Dawid bere so (2 Sam 8.18). asraafo apaafo ne awɛmfo baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛe, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wobedi nokware wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.

5Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfi no. 6Nkyɛmu abiɛsa mu baako nso, nwɛn wɔ Sur pon no ano. Na nkyɛmu abiɛsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfi no akyi. Saa akuw abiɛsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfi no. 7Akuw abien a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn Awurade asɔredan no ama ɔhene no. 8Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.”

9Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafo a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfo Yehoiada anim. 10Ɔmaa wɔn mpeaw ne nkatabo a na bere bi ɛyɛ ɔhene Dawid de a na wɔakora wɔ Awurade asɔredan mu hɔ no. 11Awɛmfo no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiae a wokurakura wɔn akode. Wɔsaa so tee fii asɔredan no anafo fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔremuka no ho nyinaa.

12Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pue hyɛɛ no ahenkyɛw. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛso no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”

Atalia Wu

13Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfo no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so. 14Ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛnea amanne kyerɛ wɔ ahensi mu no. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wofi asase no so mmaa nyinaa redi ahurusi rehyɛn torobɛnto. Bere a Atalia huu eyinom nyinaa no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu sɛ, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!”

15Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no sɛ, “Momfa no mfi asɔredan mu ha, na munkum obiara a ɔpɛ sɛ ogye no. Munnkum no wɔ Awurade asɔredan mu ha.” 16Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ.

Yehoiada Gyidisom Mu Nsakrae

17Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfo. Ɔsan yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam. 18Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kobubu guu fam. Wobubuu afɔremuka ne ahoni ahorow no nyinaa asinasin, kum Baal kɔmfo Matan nso wɔ afɔremuka no anim. Ɔsɔfo Yehoiada maa awɛmfo wɛn Awurade asɔredan no. 19Na asahene, Karifo asraafo apaafo, awɛmfo no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfo no pon no ano, kɔɔ ahemfi hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahengua no so. 20Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa kuropɔn no mu, efisɛ wɔakum Atalia wɔ ahemfi.

21Yoas bedii ade no, na wadi mfirihyia ason.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀下 11:1-21

耶何耶大立約阿施為王

1亞哈謝的母親亞她利雅見兒子死了,便決定除掉王室後裔。 2約蘭王的女兒、亞哈謝的妹妹約示芭把亞哈謝的兒子約阿施從被殺的王子中偷出來,將他和乳母藏在一間臥室裡,才躲過亞她利雅,使約阿施沒有被殺。 3約阿施和他的乳母在耶和華的殿裡藏了六年,那時亞她利雅篡位當政。

4第七年,耶何耶大派人召迦利11·4 迦利人」指雇來保護王的外族衛兵。和衛兵的百夫長們到耶和華的殿裡,與他們立約,讓他們在耶和華的殿裡起誓,然後把約阿施王子帶到他們面前。 5耶何耶大吩咐他們說:「你們在安息日值班的,三分之一要守衛王宮, 6三分之一要守衛蘇珥門,三分之一要守住衛兵院後門。你們要輪流守衛。 7安息日沒有值班的兩隊要在耶和華的殿裡保護王, 8各人要手持兵器護衛在王周圍。凡擅自闖入者,都要處死。無論王去哪裡,你們都要緊隨左右。」 9眾百夫長依令而行,各自率領安息日值班和休班的隨從來見耶何耶大10耶何耶大把耶和華殿中大衛王的矛槍和盾牌交給百夫長。 11從殿右到殿左,在祭壇和殿周圍,衛兵都手持兵器護衛王。 12耶何耶大祭司領王子出來,給他戴上王冠,把律法書交給他,膏立他為王。眾人都鼓掌高呼:「願王萬歲!」

13亞她利雅聽見衛兵和眾人的歡呼聲,便走進耶和華的殿,眾人都聚集在那裡。 14她看見王照例站在柱旁,百夫長和吹號的人侍立在王左右,眾人都歡呼吹號,便撕裂衣服喊叫:「反了!反了!」 15耶何耶大祭司認為不可在耶和華的殿裡處死亞她利雅,便命令領兵的百夫長:「把她帶出去。凡跟隨她的,都要殺掉。」 16他們抓住她,把她帶到馬匹進出王宮的入口,在那裡殺了她。

17耶何耶大讓王及民眾與耶和華立約,做耶和華的子民,也讓王與民眾立約。 18於是,民眾出去拆毀了巴力廟,砸碎祭壇和偶像,在壇前殺了巴力的祭司瑪坦耶何耶大派守衛保護耶和華的殿, 19然後率領百夫長、迦利人、衛兵和民眾,護送王從耶和華的殿下來,經過衛兵院的門進入王宮。這樣,約阿施坐上了王位。 20民眾都歡喜快樂,城裡安定,因為亞她利雅已在王宮那裡被處死。 21約阿施七歲登基。