2 Ahemfo 10 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 10:1-36

Yehu Kunkum Ahab Fifo

1Na Ahab wɔ mmabarima aduɔson a wɔtete Samaria.10.1 Na Samaria yɛ Atifi Ahemman no kuropɔn fi Ɔhene Omri bere so (1 Ah 16.24). Na Yehu kyerɛw krataa, kyekyɛ maa kurow no mpanyimfo, ntuanofo ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmabarima no so no. Na krataa no ka se, 2“Ɔhene mmabarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, 3munyi ɔhene Ahab mmabarima no mu nea ɔfata a ɔwɔ mu no, na munsi no mo so hene, na munsiesie mo ho nko mma Ahab fi.”

4Nanso wɔbɔɔ huboa kae se, “Ahemfo baanu10.4 Ahemfo baanu a wɔreka wɔn ho asɛm yi yɛ Yoram ne Ahasia (9.22-28). mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na dɛn na yebetumi ayɛ?”

5Enti mpanyimfo a wɔhwɛ ahemfi hɔ ne kurow no so ne ntuanofo ahorow no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmabarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu se, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea wususuw sɛ eye biara no, yɛ.”

6Yehu kyerɛw krataa a ɛto so abien de buae se, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mubetie mʼasɛm de a, ɔkyena sesɛɛ mmere mu, momfa ɔhene no mmabarima ti mmrɛ me wɔ Yesreel.”

Na Samaria ntuanofo bi na wɔhwɛ ɔhene mmabarima aduɔson no so a wɔatetew wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ. 7Krataa no duu ara pɛ, na ntuanofo no kunkum ɔhene no mmabarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn ti no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel. 8Ɔbɔfo kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔde ɔhene mmabarima no ti no aba.” Enti Yehu hyɛe se, “Mommoaboa ano akuw abien wɔ kurow no pon ano, na munnyaw hɔ nkosi adekyee.”

9Ade kyee no, ɔkɔkasa kyerɛɛ dɔm a wɔahyia hɔ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo sobo. Me na mebɔɔ pɔw, de tiaa me wura, nam so kum no. Na hena na okunkum eyinom? 10Nea ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a efi Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fi ho no ba mu. Awurade nam ne somfo Elia so daa no adi sɛ eyi bɛba mu.” 11Na Yehu kunkum Ahab abusuafo a wɔtete Yesreel no ne ne mpanyimfo atitiriw ne nnamfonom ne nʼakɔmfo nyinaa. Enti anka Ahab aseni biara.

12Na Yehu fii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nguanhwɛfo ahɔhodan mu. 13Ohyiaa Yudahene Ahasia abusuafo bi. Obisae se, “Moyɛ hefo?”

Wobuae se, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafo. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmabarima ne ɔhemmea no.”

14Yehu teɛɛ mu, ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan abien no nyinaa kunkum wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wannyaw wɔn mu biara.

15Bere a Yehu fii hɔ no, ohyiaa Rekab10.15 Na Rekabfo no yɛ Rekab asefo a na wɔda so te ase wɔ Yeremia bere so (Yer 35.6,8). Na wɔpɛ sɛ wɔbɛn Awurade yiye. Na wodi atutena. Na wɔyɛ Kenifo a Yetro a na ɔyɛ Mose agya nsiananmu ase fi wɔn mu. babarima Yehonadab a na ɔrebehyia no. Wokyiakyiaa wɔn ho wiei no, Yehu bisaa no se, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛnea mewɔ wo ho adwene pa no ana?”

Yehonadab buae se, “Yiw.”

Yehu toaa so se, “Sɛ ɛte saa de a, kyia me.” Yehonadab teɛɛ ne nsa ma Yehu kyiaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. 16Na Yehu kae se, “Afei, wo ne me nkɔ, na hu sɛnea mede me ho ama Awurade no.” Enti Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔe.

17Bere a Yehu duu Samaria no, okunkum Ahab fifo a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛnea Awurade nam Elia so hyɛe no.

Yehu Kum Baal Akɔmfo

18Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn se, “Ahab som Baal kakra; Yehu bɛsom no yiye. 19Momfrɛ Baal adiyifo, asomfo ne nʼakɔmfo nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, efisɛ merebɛbɔ Baal afɔre kɛse. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wobekum no.” Na Yehu redaadaa wɔn, sɛnea ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.

20Afei, Yehu hyɛe se, “Munhyia, mmɔ gua anibere so, na monsɔre Baal!” Enti wɔyɛɛ saa. 21Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfi10.21 Ahab na osii Baal abosomfi no (1 Ah 16.32). hɔ ma tɔ, fi ti kosi ti. 22Na Yehu hyɛɛ nea ɔhwɛ ntadedaka no so no se, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.

23Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfi hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfo no se, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfo no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.” 24Enti na wɔn nyinaa wɔ abosomfi hɔ rekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre. Yehu de nʼasraafo aduɔwɔtwe twaa ɔdan no ho hyiae, hyɛɛ wɔn se, “Sɛ moma obi guan a, mo ara mode mo nkwa betwa so.”

25Yehu wiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfo ne ne mpanyimfo no se, “Munkokunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nguan!” Enti wɔde wɔn afoa kunkum wɔn nyinaa. Na awɛmfo no ne mpanyimfo no twee wɔn amu no beguu abɔnten. Yehu asraafo no kɔɔ Baal abosomfi no aban mu. 26Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. 27Wobubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfi no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfo agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de besi nnɛ.

28Yehu nam saa ɔkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. 29Nanso Yehu ansɛe sika nantwimma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no; wantwe ne ho amfi bɔne kɛse a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no ho.

30Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu se, “Woayɛ ade sɛ wutiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fifo. Ne saa nti, mɛma wʼasefo adi ahene wɔ Israel, akosi awo ntoatoaso anan so.” 31Nanso Yehu amfa ne koma anni Awurade, Israel Nyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Yeroboam dii Israelfo anim, ma wɔyɛɛ no ho.

Yehu Wu

32Saa mmere no, Awurade fii ase tew Israel asase no kɛse so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so 33wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Gilead nyinaa, a Gad, Ruben ne Manase ka ho. Odii asase a efi Aroer kurow a ɛda Arnon Subon ho, de kosi atifi fam wɔ Gilead ne Basan.

34Na Yehu ahenni mu nsɛm a esisii, ne dwuma ahorow a odii ne nea otumi yɛe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?

35Bere a Yehu wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na odii nʼade sɛ ɔhene. 36Nna a Yehu de dii Israel so wɔ Samaria no yɛ mfe aduonu awotwe.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

列王纪下 10:1-36

耶户铲除亚哈家

1亚哈撒玛利亚有七十个子孙。耶户写信给那里的首领、长老以及亚哈子孙的监护人,说: 2“既然你们主人的子孙和你们在一起,你们也拥有车马、坚城和兵器,你们接到这封信后, 3就可以从你们主人的子孙中选立一个最好的继承王位,为你们主人家而战。” 4他们都十分害怕,彼此商议说:“两位王都不能抵挡他,我们怎能抵挡呢?” 5宫廷总管、总督、长老和众监护人便派人送信给耶户,说:“我们是你的仆人,你怎样吩咐,我们就怎样做。我们不会立任何人为王,你认为怎样好,就怎样办吧。”

6耶户又写了一封信,说:“如果你们归顺我,愿意听从我,明天这个时候,带着你们主人子孙的首级来耶斯列见我。”当时亚哈的七十个子孙都养在城中显贵的府中。 7这些显贵们接到信后,便杀了亚哈的七十个子孙,把他们的首级放在篮子里,送到耶斯列耶户那里。 8使者告诉耶户:“他们将王众子孙的首级送来了。”耶户下令:“把首级分成两堆,放在城门口,一直放到明天早上。” 9第二天早晨,耶户出去站在城门口,对众人说:“你们都没有罪,是我背叛我主人,把他杀了。可是,是谁杀了这些人呢? 10由此可知,耶和华对亚哈家的预言一句也没有落空。耶和华借祂仆人以利亚所说的一切都应验了。” 11耶户杀了亚哈家留在耶斯列的亲属、大臣、朋友和祭司,一个不留。

12耶户动身去撒玛利亚,经过牧人剪羊毛的地方时, 13遇见犹大亚哈谢的亲属,就问:“你们是谁?”他们答道:“我们是亚哈谢的亲属,现在去问候王和太后一家。” 14耶户下令活捉他们,他的手下便捉住他们,在剪羊毛处的井旁全部杀掉,共四十二人,一个不留。

15耶户继续前行,遇见前来迎接他的利甲的儿子约拿达耶户问候他,并说:“我对你忠诚,你对我也一样忠诚吗?”约拿达答道:“当然!”耶户说:“既然如此,把手伸给我。”他伸出手来,耶户把他拉上车, 16说:“跟我来,看我怎样热心为耶和华工作。”于是耶户让他坐在车上。 17到了撒玛利亚,他把亚哈家在撒玛利亚剩下的人全部杀光,一个不留,应验了耶和华对以利亚说的话。

耶户计杀拜巴力之人

18耶户召集了所有的人,对他们说:“亚哈供奉巴力还不够热心,我耶户要更热心地供奉他。 19我要向巴力献大祭,你们去把巴力的先知和祭司及所有拜巴力的人一个不漏地召来。凡不来的人休想活命。”耶户这样做,是想用计杀尽拜巴力的人。 20耶户下令召开祭拜巴力的庄严聚会,于是他们发出通告。 21耶户派人送信到以色列各地,凡拜巴力的人全都来了,没有一个缺席。他们把整个巴力庙塞得满满的。 22耶户吩咐掌管礼服的人拿出礼服给他们穿上, 23然后他和利甲的儿子约拿达进庙向他们宣布说:“你们仔细察看,这里不可有事奉耶和华的人,只允许拜巴力的人在这里。” 24耶户约拿达在庙里献上祭物和燔祭。此前,他预先派了八十人在庙外守着,并下令:“我把这些人交在你们手中,谁放走一个,谁就要以命抵偿。” 25耶户献完燔祭出来,便命令卫兵和将领说:“进去杀死他们,不要放走一人。”卫兵和将领进庙挥刀杀了他们,把尸首抛出去后,走入庙的内殿, 26巴力神柱搬出去烧了。 27他们摧毁了巴力的神柱和庙,把庙当作厕所,至今未变。

28这样,耶户以色列扫除了巴力29可是,他重蹈尼八的儿子耶罗波安的覆辙,拜伯特利两地的金牛犊,使以色列人陷入罪中。 30耶和华对耶户说:“你已经做了我视为正的事,照我的意思除掉了亚哈一家,因此你的子孙必做以色列王,直到第四代。” 31耶户没有全心全意地遵守以色列的上帝耶和华的律法,却重蹈耶罗波安的覆辙,使以色列人陷入罪中。

耶户去世

32那时,耶和华开始削减以色列的领土。哈薛攻打以色列各处, 33侵占了约旦河以东的土地,包括基列全境,即迦得人、吕便人和玛拿西人住的地方,从亚嫩谷附近的亚罗珥起,直到基列巴珊34耶户其他的事及其一切所作所为和成就都记在以色列的列王史上。 35他与祖先同眠后葬在撒玛利亚,他儿子约哈斯继位。 36耶户撒玛利亚统治以色列二十八年。