1 Yohane 4 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Yohane 4:1-21

Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne

1Me nuanom adɔfo, munnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn ana. Efisɛ atoro adiyifo bebree ahwete wɔ wiase. 2Ɔkwan a wubetumi afa so ahu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka se, nokwarem Yesu Kristo baa onipa tebea mu. 3Na nea ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a efi Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo tamfo. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ wiase ha dedaw.

4Me mma, mufi Onyankopɔn mu na moadi atoro adiyifo no so, efisɛ Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sen honhom a ɛwɔ wiase yi mu. 5Wɔka nsɛm a ɛfa wiase ho ma wiase tie, efisɛ wɔyɛ wiasefo. 6Nanso yɛn de, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Obiara a onim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn nipa no ntie yɛn. Eyi nko ara ne ɔkwan a yɛnam so de hu nokware Honhom ne atoro honhom mu.

Onyankopɔn Yɛ Ɔdɔ

7Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na onim Onyankopɔn nso. 8Obi a onni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn efisɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. 9Ɔkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba koro no baa wiase sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa. 10Eyi ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn nti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata. 11Anuanom adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. 12Obiara nhuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.

13Eyi na ɛma yehu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. 14Na yɛahu, na yɛaka akyerɛ afoforo se Agya no somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa. 15Obiara a ɔpae mu ka se Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, na Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. 16Na yɛn ankasa nim, na yegye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di.

Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso te ne mu. 17Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akokoduru wɔ atemmu da no. Na yebenya saa akokoduru no nso, efisɛ yɛn abrabɔ wɔ wiase ha no te sɛ Kristo de ara pɛ. 18Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ ankasa pam hu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti nea ɔyɛ ohufo no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.

19Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan. 20Sɛ obi ka se, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhu no. 21Eyi ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.

King James Version

1 John 4:1-21

1Beloved, believe not every spirit, but try the spirits whether they are of God: because many false prophets are gone out into the world. 2Hereby know ye the Spirit of God: Every spirit that confesseth that Jesus Christ is come in the flesh is of God: 3And every spirit that confesseth not that Jesus Christ is come in the flesh is not of God: and this is that spirit of antichrist, whereof ye have heard that it should come; and even now already is it in the world. 4Ye are of God, little children, and have overcome them: because greater is he that is in you, than he that is in the world. 5They are of the world: therefore speak they of the world, and the world heareth them. 6We are of God: he that knoweth God heareth us; he that is not of God heareth not us. Hereby know we the spirit of truth, and the spirit of error.

7Beloved, let us love one another: for love is of God; and every one that loveth is born of God, and knoweth God. 8He that loveth not knoweth not God; for God is love. 9In this was manifested the love of God toward us, because that God sent his only begotten Son into the world, that we might live through him. 10Herein is love, not that we loved God, but that he loved us, and sent his Son to be the propitiation for our sins. 11Beloved, if God so loved us, we ought also to love one another. 12No man hath seen God at any time. If we love one another, God dwelleth in us, and his love is perfected in us. 13Hereby know we that we dwell in him, and he in us, because he hath given us of his Spirit. 14And we have seen and do testify that the Father sent the Son to be the Saviour of the world. 15Whosoever shall confess that Jesus is the Son of God, God dwelleth in him, and he in God. 16And we have known and believed the love that God hath to us. God is love; and he that dwelleth in love dwelleth in God, and God in him. 17Herein is our love made perfect, that we may have boldness in the day of judgment: because as he is, so are we in this world. 18There is no fear in love; but perfect love casteth out fear: because fear hath torment. He that feareth is not made perfect in love. 19We love him, because he first loved us. 20If a man say, I love God, and hateth his brother, he is a liar: for he that loveth not his brother whom he hath seen, how can he love God whom he hath not seen? 21And this commandment have we from him, That he who loveth God love his brother also.