1 Timoteo 4 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 4:1-16

Atoro Akyerɛkyerɛfo

1Honhom no si no pi sɛ, akyiri no, nnipa bi begyae gyidi no mu so. Wobedi atoro ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi. 2Saa nkyerɛkyerɛ yi fi nyaatwomfo atorofo a wɔyɛ adwenwuifo sɛ dade a wɔato wɔ ogya mu no. 3Saa nnipa no kyerɛkyerɛ se enye sɛ obi ware, na nnuan bi nso wɔ hɔ a enye sɛ onipa di. Nanso Onyankopɔn bɔɔ saa nnuan no sɛ, sɛ agyidifo a wɔahu nokware no nsa ka na wɔbɔ so mpae a, wotumi di. 4Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so. 5Efisɛ Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho.

6Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo somfo pa a wɔnam nokware ne gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa so atetew wo. 7Nsɛe wo bere wɔ gyidihuu nsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden. 8Ɛwɔ mu sɛ ɔhonam mu mmɔdemmɔ ho hia de, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia wɔ akwan nyinaa mu, efisɛ ɛhyɛ yɛn nnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ. 9Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye to mu na wogye di. 10Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma dennen, efisɛ yɛde yɛn anidaso ahyɛ Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titiriw wɔn a wogye asɛm no di no.

11Eyinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu. 12Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wunnyinii nti obebu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidi mu ne wo kronkronyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. 13Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Fa Wo Dom Akyɛde Som

14Nnyaa honhom mu akyɛde a mpanyimfo nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wunyaa no mu. 15So saa nneɛma no mu yiye. Fa wo ho nyinaa ma wɔn, sɛnea ɛbɛma obiara ahu wo nkɔso. 16Hwɛ wo ho so yiye na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.