1 Timoteo 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 3:1-16

Asafo Mpanyimfo

1Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa. 2Asafopanyin yɛ obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ogye ahɔho wɔ ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso. 3Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefo. 4Ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma yɛ osetie de obu ne nidi ma no. 5Na sɛ obi nnim sɛnea ɔhwɛ ne fi so yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so? 6Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomaso ama wɔabu no atɛn sɛnea wobuu ɔbonsam atɛn no. 7Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifo no mpo de nidi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afiri renyi no.

Asafo Mu Aboafo

8Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafo nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo. 9Ɛsɛ sɛ wɔde adwene mu fann gyina pintinn ma nokware no ne gyidi no. 10Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wodi sɔhwɛ no so nkonim a wɔasom.

11Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wonni nseku. Ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokware wɔ biribiara mu.

12Ɛsɛ sɛ asafo no mu boafo no wɔ yere baako na afei otumi hwɛ ne mma ne ne fifo yiye. 13Wɔn a wɔsom yiye no benya nnyinaso pa, na wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.

14Saa nhoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn. 15Na sɛ mannu wo nkyɛn ntɛm a saa nhoma yi bɛma woahu sɛnea wɔbɔ wɔn bra wɔ Onyankopɔn fi; ofi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asafo a ɛyɛ nokware no nnyinaso. 16Akyinnye biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔn:

Ɔbae onipa tebea mu,

Honhom no buu no bem,

na abɔfo huu no,

wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu,

na wiase gyee no dii,

wɔfaa no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 3:1-16

Asafo Mpanimfoɔ

1Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanin a, na wafa adwuma pa. 2Asafopanin yɛ obi a mfomsoɔ nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɔgye ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔkyerɛkyerɛ nso. 3Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefoɔ. 4Ɛsɛ sɛ ɔtumi hwɛ ne fiefoɔ so yie na ɔtumi ma ne mma yɛ ɔsetie de obuo ne anidie ma no. 5Na sɛ obi nnim sɛdeɛ ɔhwɛ ne fie so yie a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so? 6Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahunu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomasoɔ ama wɔabu no atɛn sɛdeɛ wɔbuu ɔbonsam atɛn no. 7Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifoɔ no mpo de anidie ma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afidie renyi no.

Asafo Mu Aboafoɔ

8Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafoɔ nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wɔdi nokorɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsã pii anaasɛ wɔyɛ aniberefoɔ. 9Ɛsɛ sɛ wɔde adwenem fann gyina pintinn ma nokorɛ no ne gyidie no. 10Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wɔdi sɔhwɛ no so nkonim a, wɔasom.

11Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wɔnni nsekuro. Biribiara mu ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokorɛ.

12Ɛsɛ sɛ asafo no mu ɔboafoɔ no wɔ yere baako na afei ɔtumi hwɛ ne mma ne ne fiefoɔ yie. 13Wɔn a wɔsom yie no bɛnya nnyinaso pa, na wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.

14Saa nwoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidasoɔ sɛ ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn. 15Na sɛ mannuru wo nkyɛn ntɛm a, saa nwoma yi bɛma woahunu sɛdeɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ Onyankopɔn fie. Efie a ɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asafo a ɛyɛ nokorɛ no nnyinasoɔ. 16Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔnn:

Ɔbaeɛ onipa tebea mu,

Honhom no buu no bem,

na abɔfoɔ hunuu no,

wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu,

na ewiase gyee no diiɛ,

wɔfaa no kɔɔ ɔsoro animuonyam mu.