1 Tesalonikafo 2 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafo 2:1-20

Paulo Adwumayɛ Wɔ Tesalonika

1Anuanom, mo ankasa munim sɛ sra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. 2Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika no. Ɛwɔ mu sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no. 3Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, nea yɛkae no yɛ nokware turodoo. 4Daa yɛka nokware, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, efisɛ ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. 5Munim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛde sikanibere rebɛkata yɛn ani akasa. Onyankopɔn ne yɛn danseni. 6Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn, nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn ɛ. 7Yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te odwo so, sɛnea ɔbeatan kokɔ ne mma. 8Yɛhwɛɛ mo yiye, nyaa mo ho anigye sononko; mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo, bere a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. 9Anuanom, minim sɛ mokae adwuma a yɛyɛɛ ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo; sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka na yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. 10Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn nnansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no yɛ kronkron a eye na mfomso biara nni ho. 11Mo ara munim sɛ yɛne mo tenaa sɛnea agya ne nʼankasa mma tena. 12Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼahenni ne nʼanuonyam mu no so.

13Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutie gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn, na mmom ampa ara sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu. 14Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfo no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfo taa mo no bi na Yudafo a 15wokum Awurade Yesu ne adiyifo no de taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi bere biara. 16Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw yɛn kwan, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufo no nkwagye nkyerɛ wɔn. Eyi maa wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuw wɔ wɔn so.

Paulo Pɛ Sɛ Ɔkɔsra Wɔn Bio

17Anuanom, yɛantumi amma mo nkyɛn wɔ bere tiaa bi mu, nanso bere biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yehu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yebehyia mo ankasa. 18Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn. Me Paulo de, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkoro nanso ɔbonsam siw yɛn ho kwan. 19Nanso dɛn ne yɛn anidaso, anigye, anaa ahenkyɛw a ɛbɛma yɛn anuonyam wɔ Awurade Yesu anim bere a ɔbɛsan aba no? Ɛnyɛ mo ana? 20Nokware ni, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛw gyina mo so.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

帖撒罗尼迦前书 2:1-20

保罗在帖撒罗尼迦的工作

1弟兄姊妹,你们自己知道,我们那次探望你们并没有白费。 2你们也知道,我们之前在腓立比遭受了迫害和凌辱,遇到强烈的反对,但仍然靠着我们的上帝放胆向你们传扬祂的福音。 3我们的劝勉并非出于谬误、不良动机或诡诈。 4我们得到了上帝的认可,受委派传福音。我们不是要取悦人,而是要取悦鉴察我们内心的上帝。

5你们知道,我们没有花言巧语奉承人,也没有心存贪念,上帝可以为我们作证。 6我们不求得到你们或其他任何人的赞扬。 7身为基督的使徒,我们理当受到你们的尊重,然而我们像母亲抚育婴儿一样温柔地对待你们。 8我们深爱你们,对你们有深厚的感情,不仅乐意把上帝的福音传给你们,甚至把生命给你们也在所不惜。

9弟兄姊妹,你们一定记得我们的劳苦和艰难。我们一面向你们传福音,一面昼夜辛勤工作,免得成为你们任何人的负担。 10我们怎样以圣洁、公义、纯全的方式对待你们众信徒,你们自己可以作证,上帝也可以作证。 11你们也知道,我们对待你们就像父亲对待自己的孩子一样。 12我们安慰你们,劝勉你们,督促你们,好叫你们行事为人对得起上帝,祂呼召你们进入祂的国、享受祂的荣耀。

13我们不住地感谢上帝,因为你们从我们这里听了上帝的道后就接受了,确信这不是人的道理,而是上帝的道。这道正在你们信的人心里发挥作用。

14弟兄姊妹,你们的遭遇和犹太地区基督耶稣的众教会的遭遇一样。你们受到了自己同胞的迫害,他们也受到了犹太人的迫害。 15这些犹太人杀死了主耶稣和众先知,又迫害我们。他们不但冒犯上帝,还与所有的人为敌, 16阻止我们传福音给外族人,唯恐他们得救。这些人恶贯满盈,上帝的烈怒终于临到了他们头上。

保罗渴望去帖撒罗尼迦

17弟兄姊妹,我们暂时与你们分离,心灵却与你们在一起。我们非常渴望见到你们。 18我们想去你们那里,我保罗也一次又一次地想去,只是遭到撒旦的拦阻。 19我们主耶稣再来的时候,我们在祂面前的盼望、喜乐和可夸耀的冠冕是什么呢?不就是你们吗? 20因为你们是我们的荣耀和喜乐。