1 Samuel 6 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 6:1-21

Filistifo San De Apam Adaka No Kɔ Israel

1Awurade Apam Adaka no dii Filistifo asase so asram ason. 2Na Filistifo no frɛɛ wɔn asɔfo ne wɔn asamanfrɛfo bisaa wɔn se, “Dɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so nsan mfa nkɔ asase a efi so no so.”

3Wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan mfa Israel Nyankopɔn Apam Adaka no nkɔ faako a mokɔfaa no, na momfa akyɛde nka ho. Momfa afɔdi afɔre nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde bae.”

4Wobisae se, “Ɛno de, na afɔdi afɔre bɛn na yɛmfa nkɔ?”

Na wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo asodifo baanum nti, monyɛ sikakɔkɔɔ6.4 Sikakɔkɔɔ nneɛma no yɛ nneɛma a na wɔyɛ de sɔ anyame no ani. te sɛ pɔmpɔ sɛso anum ne sikakɔkɔɔ akisi sɛso anum te sɛ nea asodifo no dodow te. 5Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa mfa nkyerɛ nidi a mowɔ ma Israel Nyankopɔn. Na ebia, obegyaa mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no. 6Monnyɛ asoɔden, nnyɛ atuatewfo, sɛnea Farao ne Misraimfo yɛe no. Wɔamma Israelfo ankɔ kosii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm tew guu wɔn so.

7“Afei, monyɛ teaseɛnam foforo, na monhwehwɛ anantwibere abien a afei na wɔawo mma foforo. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwi no nsesa teaseɛnam no na montetew wɔn mma no mfi wɔn ho, mfa wɔn nkogu wɔn buw mu. 8Momfa Awurade Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akisi sɛso ne sikakɔkɔɔ pɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwi no nkɔ baabiara a wɔpɛ. 9Na sɛ wɔtra yɛn asase hye, na wokodu Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛse yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yebehu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, emfi Awurade, wɔ ɔkwan biara so.”

10Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwi abien a wɔawo foforo de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buw mu. 11Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akisi sɛso ne sikakɔkɔɔ pɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho. 12Afei, anantwi no de su faa ɔtempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifo asodifo dii wɔn akyi ara kosii Bet-Semes hye so.

13Saa bere no, na Bet-Semesfo retwa wɔn atoko wɔ obon no mu. Enti wɔpagyaw wɔn ani huu Adaka no, wodii ahurusi. 14Teaseɛnam no koduu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ofi Bet-Semes afuw mu no, egyinaa ɔbotan kɛse bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwi no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. 15Lewifo no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agude wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛse no so. Saa da no, Bet-Semesfo6.15 Bet-Semes yɛ Lewifo kurow (Yos 21.16). Na Lewifo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔma Adaka Kronkron no so de kɔ baabi foforo (5 Mose 10.8). bɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre bebree maa Awurade. 16Filistifo asodifo baanum no hwɛɛ eyinom nyinaa, na da no ara, wɔsan kɔɔ Ekron.

17Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifo no de kɔɔ sɛ asodi afɔre, de maa Awurade no yɛ akyɛde a efi Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron asodifo nkyɛn. 18Sikakɔkɔɔ akisi sɛso anum no nso gyina hɔ ma Filistifo nkuropɔn anum no ne nkurow a atwa ho ahyia no a na asodifo baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛse a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde Awurade Apam Adaka no sii no nso da so tim Yosua afum besi nnɛ sɛ nkae ade a ɛkyerɛ asɛm a esii wɔ hɔ no.

Wɔde Apam Adaka No Kɔ Kiriat-Yearim

19Na Awurade kunkum Bet-Semesfo no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ Awurade Apam Adaka no mu. Na nea Awurade yɛe no nti, nnipa no twaa agyaadwo pa ara. 20Wosu bisae se, “Hena na obetumi agyina Awurade, Ɔkronkronni Nyankopɔn anim? Ɛhe na yebetumi de adaka yi afi ha akɔ?”

21Enti wɔsomaa abɔfo kɔɔ Kiriat-Yearimfo nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Filistifo no asan de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmegye!”

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 6:1-21

Filistifoɔ Sane De Apam Adaka No Kɔ Israel

1Awurade Apam Adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson. 2Na Filistifoɔ no frɛɛ wɔn asɔfoɔ ne wɔn nsamanfrɛfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so nsane mfa nkɔ asase a ɛfiri soɔ no so.”

3Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ baabi a mokɔfaa no, na momfa akyɛdeɛ nka ho. Momfa afɔdie afɔdeɛ nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahunu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde baeɛ.”

4Wɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na afɔdie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nkɔ?”

Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo sodifoɔ baanum enti, monyɛ sikakɔkɔɔ6.4 Sikakɔkɔɔ nneɛma no yɛ nneɛma a na wɔyɛ de sɔ anyame no ani. te sɛ mpɔmpɔ sɛso enum ne sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum te sɛ deɛ sodifoɔ no dodoɔ teɛ. 5Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa fa nkyerɛ anidie a mowɔ ma Israel Onyankopɔn. Na ebia, ɔbɛgyae mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no. 6Monnyɛ asoɔden, nnyɛ adɔnyɛfoɔ, sɛdeɛ Farao ne Misraimfoɔ yɛeɛ no. Wɔamma Israelfoɔ ankɔ kɔsii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm te guu wɔn so.

7“Afei, monyɛ teaseɛnam foforɔ, na monhwehwɛ anantwibereɛ mmienu a afei na wɔawo mma foforɔ. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no na montete wɔn mma no mfiri wɔn ho, mfa wɔn nkɔgu wɔn buo mu. 8Momfa Awurade Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwie no nkɔ baabiara a wɔpɛ. 9Na sɛ wɔtra yɛn asase hyeɛ, na wɔkɔduru Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahunu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛseɛ yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yɛbɛhunu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, ɛmfiri Awurade, ɛkwan biara so.”

10Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwie mmienu a wɔawo foforɔ de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buo mu. 11Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho. 12Afei, anantwie no de su faa tempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifoɔ sodifoɔ dii wɔn akyi ara kɔsii Bet-Semes hyeɛ so.

13Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie. 14Teaseɛnam no kɔduruu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ɔfiri Bet-Semes afuo mu no, ɛgyinaa ɔbotan kɛseɛ bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. 15Lewifoɔ no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agudeɛ wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛseɛ no so. Saa ɛda no, Bet-Semesfoɔ6.15 Bet-Semes yɛ Lewifoɔ kuro (Yos 21.16). Na Lewifoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔpagya Adaka Kronkron no so de kɔ baabi foforɔ (5 Mose 10.8). bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ bebree maa Awurade. 16Filistifoɔ sodifoɔ baanum no hwɛɛ yeinom nyinaa, na ɛda no ara, wɔsane kɔɔ Ekron.

17Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifoɔ no de kɔɔ sɛ asodie afɔdeɛ, de maa Awurade no yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron sodifoɔ nkyɛn. 18Sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum no nso gyina hɔ ma Filistifoɔ nkuropɔn enum no ne nkurotoɔ a atwa ho ahyia no a na sodifoɔ baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛseɛ a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde Awurade Apam Adaka no siiɛ no nso da so tim Yosua afuom bɛsi ɛnnɛ sɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ asɛm a ɛsii hɔ no.

Wɔde Apam Adaka No Kɔ Kiriat-Yearim

19Na Awurade kunkumm Bet-Semesfoɔ no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ Awurade Apam Adaka no mu. Na deɛ Awurade yɛeɛ no enti, nnipa no twaa agyaadwoɔ pa ara. 20Wɔsu bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi agyina Awurade, Ɔkronkronni Onyankopɔn anim? Ɛhe na yɛbɛtumi de adaka yi afiri ha akɔ?”

21Enti, wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Filistifoɔ no asane de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmɛgye!”