1 Samuel 5 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 5:1-12

Apam Adaka No Wɔ Filistia

1Filistifo no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so fii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu. 2Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon5.2 Dagon yɛ Filistifo nyame kɛse (ɛho nsɛm wɔ Ate 6.23). abosonnan mu. Wɔde kosii ohoni Dagon nkyɛn. 3Nanso ade kyee a Asdod kurowmma no kɔhwɛe no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Enti wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio. 4Nanso ade kyee anɔpa no, na asɛm koro no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Saa bere yi de, na ne ti ne ne nsa abubu afi so deda ɔpon ano. Ne sin no na na aka da hɔ a ammubu. 5Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Dagon asɔfo anaa obiara a obewura abosonnan mu hɔ no ntia aponnua no so no.

6Na Awurade maa pɔmpɔ bobɔɔ Asdodfo ne ne mpɔtam hɔfo no. 7Bere a Asdodfo huu asɛm a aba no, wɔkae se, “Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Otia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa.” 8Enti wɔfrɛɛ Filistifo nkuropɔn anum mu asodifo nyinaa bisaa wɔn se, “Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn Apam Adaka yi?”

Asodifo no susuw asɛm no ho na wobuae se, “Momfa Israel Nyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.

9Nanso Bere a Onyankopɔn Apam Adaka no duu Gat no, Awurade maa pɔmpɔ bobɔɔ kurow no mufo, mpanyin ne mmofra, na wosuroo yiye. 10Enti wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfo no suu se, “Wɔde Israel Nyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abekunkum yɛn nso.” 11Enti nnipa no frɛɛ Filistifo asodifo no nyinaa, srɛɛ wɔn se, “Monsan mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi ha nkɔ ne man mu, anyɛ saa a, ebekunkum yɛn nyinaa.” Saa bere no na ɔyaredɔm a efi Onyankopɔn nkyɛn no afi ase dedaw ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so. 12Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa pɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 5:1-12

约柜在非利士人手中

1非利士人将掳来的上帝的约柜从以便以谢抬到亚实突城, 2把它抬进大衮庙,放在大衮神像旁边。 3第二天早上,亚实突人起来,发现大衮神像倒在耶和华的约柜前,面伏于地,他们就把大衮神像扶起来,放回原处。 4次日早上起来,他们又发现大衮神像倒在耶和华的约柜前,面伏于地,头和双手都在门槛处折断了,只剩下躯干。 5因此,大衮的祭司和所有进亚实突大衮庙的人至今都不踏庙的门槛。 6耶和华重重地惩罚亚实突及附近村庄的居民,使他们都患上毒疮。 7亚实突人见此情形,就说:“以色列上帝的约柜不能留在我们这里,因为上帝重重地惩罚我们和我们的大衮神。” 8亚实突人召集了非利士所有的首领,问他们:“我们如何处理以色列上帝的约柜?”他们答道:“把它送到迦特去。”于是,众人把以色列上帝的约柜送到迦特9约柜抵达迦特的时候,耶和华攻击那城,使那里的男女老少都患了毒疮,全城惊恐不已。 10于是,他们把约柜送往以革伦以革伦的人看见上帝的约柜到了,就惊叫道:“他们把以色列上帝的约柜带来是要害死我们和我们的人民!” 11他们派人召集非利士的首领,说:“把以色列上帝的约柜送回原处吧,免得它杀害我们和我们的人民。”因为上帝重重地惩罚他们,全城都笼罩在死亡的恐惧中。 12那些没有死的人都饱受毒疮的折磨,城中的哭喊声上达于天。