1 Samuel 3 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 3:1-21

Awurade Frɛ Samuel

1Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, som Awurade. Saa bere no na asɛm a wɔte fi Awurade nkyɛn ne anisoadehu yɛ ade a ɛho yɛ na.

2Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa. 3Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii. Saa bere no na Samuel da Ahyiae Ntamadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. 4Prɛko pɛ, Awurade frɛe se, “Samuel! Samuel!”

Samuel buae se, “Mini.” 5Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me.”

Eli nso buaa no se, “Memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” Enti ɔsan kɔdae.

6Awurade san frɛɛ bio se, “Samuel!”

Bio, Samuel san yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me?”

Eli buaa no se, “Me ba, memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.”

7Na Samuel nnya nhuu Awurade, efisɛ na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.

8Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae se, “Mini; wofrɛɛ me.”

Ɛhɔ na Eli huu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no. 9Enti ɔka kyerɛɛ Samuel se, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so se, ‘Awurade kasa na wʼakoa retie.’ ” Enti Samuel kɔdaa bio.

10Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio se, “Samuel! Samuel!”

Na Samuel buae se, “Awurade kasa na wʼakoa retie.”

11Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Merebɛyɛ akomatu ade bi wɔ Israel. 12Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa. 13Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmu reba ɔne nʼabusuafo so, efisɛ ne mmabarima abɔ mmusu atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. 14Na maka ntam se, Eli ne ne mmabarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔre anaa aduan afɔre koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”

Samuel Kasa Ma Awurade

15Samuel daa hɔ ara kosii sɛ ade kyee. Obuebuee ntamadan hɔ mfɛnsere sɛnea ɔtaa yɛ no. Na osuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli. 16Nanso Eli frɛɛ no se, “Samuel, me ba.”

Samuel buae se, “Mini!”

17Eli bisaa no se, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.” 18Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, “Ɔne Awurade; ma ɔnyɛ nea eye wɔ nʼani so.”

19Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyin mu, na biribiara a Samuel kae no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. 20Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, efi Dan asase wɔ atifi kosi anafo no, na wonim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade diyifo. 21Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔnam nʼasɛm so daa ne ho adi kyerɛɛ Samuel wɔ ntamadan mu hɔ.

Na Samuel asɛm baa Israelman mu nyinaa

Japanese Contemporary Bible

サムエル記Ⅰ 3:1-21

3

主に呼ばれたサムエル

1少年サムエルは、エリのもとで主に仕えていました。そのころ、主のことばが人に臨むことはまれでした。

2-3ある夜、年老いて目がかすんだエリが寝床に入り、サムエルも契約の箱を安置した宮で寝ていました。 4-5すると主が、「サムエル、サムエル」と呼びました。サムエルは、「はい。ここにいます」と答えて、「どうしたのだろう」と思って飛び起きると、エリのもとへ走って行き、「サムエルです。何かご用ですか」と尋ねました。エリはけげんな顔で、「呼んだりしていないよ。さあ、戻ってお休み」と答えました。そのとおりにすると、 6主がまたも、「サムエル」と呼んだのです。サムエルはまた飛び起きて、エリのもとへ駆けつけました。「はい。何かご用でしょうか。」「いいや、呼んだりしていないよ。いいから、帰ってお休み。」

7サムエルはまだ、主からおことばを頂いたことがなかったのです。 8ですから三度目に呼ばれた時も、またエリのもとへ駆けつけました。「はい。ご用でしょうか。」この時エリは、主が少年に語ったのだということを悟りました。 9そこで、彼はサムエルに言い聞かせました。「さあ、もう一度帰ってお休み。今度呼ばれたら、『はい、主よ。しもべは聞いております』と申し上げるのだよ。」サムエルは寝床に引き返しました。

10すると主が来られて、さっきのように、「サムエル、サムエル」と呼びました。そこでサムエルは、「はい。しもべは聞いております」と申し上げました。 11主はサムエルに告げました。「わたしは、イスラエルに衝撃的なことを行うつもりだ。 12エリに言っておいた恐ろしいことが全部、現実となるだろう。 13エリの家は永遠にさばかれると警告しておいた。それは、神を冒瀆する息子たちの行為を、エリは手をこまぬいて見ていたことの報いである。 14わたしは誓う。エリと息子の罪は、いけにえやささげ物をいくら積もうと、決して赦されない。」

15サムエルは朝まで寝床につき、それから、いつものように宮の扉を開けました。サムエルは、主のお告げをエリに話したものか、恐れためらいましたが、 16-17エリのほうがサムエルを呼んだのです。「サムエルよ。主は何とお告げになったのだ。包み隠さず話しておくれ。小指の先ほどでも隠してはいけないよ。そんなことをしたら、神様がきつく罰してくださるように。」

18サムエルは、告げられたとおりを残さずエリに打ち明けました。「それは主の御心だよ。どうか、主が最善と思われることがなるように」と、エリは答えました。

19サムエルは成長し、主が常に彼とともにおられました。人々は、サムエルのことばに真剣に耳を傾けました。 20こうして、北はダンから南はベエル・シェバに至るイスラエル全土に、サムエルが預言者になったことが知れ渡ったのです。 21それから主は、再びシロの宮でサムエルに声をかけました。サムエルは主のことばを、イスラエルのすべての民に伝えました。