1 Samuel 28 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 28:1-25

Saulo Kɔ Abisa

1Saa bere no, Filistifo no boaboaa wɔn asraafo ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid se, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.”

2Dawid penee so se, “Eye pa ara, wʼankasa wubehu nea wʼakoa betumi ayɛ.”

Akis kae se, “Eye, mɛyɛ wo me bammɔfo afebɔɔ.”

3Saa bere yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwo. Wosiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa bere no, na Saulo apam atutu ahoni ne ahonhom afi asase no so.

4Filistifo no boaa wɔn ho ano, kyeree nsraban wɔ Sunem, na Saulo nso boaboaa Israelfo no nyinaa ano, kyeree nsraban wɔ Gilboa. 5Bere a Saulo huu Filistifo asraafo no dodow no, osuroe; ehu hyɛɛ ne koma ma. 6Obisaa Awurade nea ɔnyɛ nanso Awurade amfa adaeso anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifo so ammua no. 7Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufo se, “Monhwehwɛ ɔbea samanfrɛfo bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.”

Nʼafotufo no buae se, “Ɔbea samanfrɛfo bi wɔ En-Dor.”

8Enti Saulo hyɛɛ ntade afoforo a ɛnyɛ ɔhene afade, sakraa ne ho, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Saulo kae se, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wubetumi afrɛ ne honhom ama me ana?”

9Ɔbea no bisae se, “Wopɛ sɛ wokum me ana? Wunim sɛ Saulo apam asamanfrɛfo ne ahohomfrɛfo nyinaa afi asase yi so. Adɛn nti na wusum me afiri?”

10Saulo de Awurade din kaa no ntam se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ eyi ho da.”

11Afei, ɔbea no bisae se, “Hena na memfrɛ no mma wo?”

Obuae se, “Frɛ Samuel ma me.”

12Na ɔbea no huu Samuel no, ɔde nne kɛse teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “woadaadaa me! Wone Saulo!”

13Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro. Dɛn na wuhu?” Ɔbea no buae se, “Mihu honhom bi sɛ apue afi fam reba.”

14Saulo bisae se, “Ɔte dɛn?”

Obuae se, “Akwakoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.”

Ɛhɔ na Saulo huu sɛ ɛyɛ Samuel, enti ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuw fam.

15Samuel bisae se, “Adɛn nti na wofrɛ me de haw me saa?”

Saulo buae se, “Efisɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifo de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agyaw me. Mente ne nka wɔ adiyifo nkyɛn anaa daeso mu. Enti mafrɛ wo sɛ kyerɛ me nea menyɛ.”

16Na Samuel buae se, “Sɛ Awurade agyaw wo, abɛyɛ wo tamfo a, adɛn nti na worebisa me? 17Awurade ayɛ nea ɔnam me so hyɛɛ ho nkɔm no. Wagye ahenni no afi wo nsam de ama Dawid, wo nkurɔfo no mu baako. 18Awurade ayɛ saa, efisɛ woanni ne mmara a ɛfa Amalekfo ho no so. 19Nea ɛka ho ne se, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafo nyinaa bɛma Filistifo, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. Awurade bɛma Israel asraafo no nyinaa adi nkogu.”

20Samuel nsɛm a Saulo tee no nti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam. Na onni ahoɔden biara, efisɛ na onnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.

21Ɔbea no huu adwene mu haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisade. 22Enti yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛnea ɛbɛma woanya ahoɔden asan akɔ wʼakyi.”

23Nanso Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ onnidi. Enti akyiri no, ɔpenee so sɔre fii fam hɔ, tenaa akongua so.

24Na ɔbea no ayɛn nantwi ba ama wadɔ srade nti, ɔyɛɛ ntɛm kokum no, na ɔfɔw asikresiam, fɔtɔw de too apiti. 25Ɔde aduan no besii Saulo ne ne mmarima no anim ma wodii. Na wofii hɔ kɔɔ anadwo no.