1 Samuel 26 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 26:1-25

Bio, Dawid Ampɛ Sɛ Obekum Saulo

1Sififo kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no se, “Dawid akohintaw wɔ Hakila bepɔw a ɛkyerɛ Yesimon no mu.”

2Enti Saulo yii nʼakofo mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif sare so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. 3Saulo bɔɔ nʼatenae wɔ ɔkwan a ɛbɛn Hakila bepɔw a ɛne Yesimon di nhwɛanim no nkyɛn, baabi a Dawid akohintaw hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti 4ɔsomaa akwansrafo sɛ wɔntetɛw no.

5Dawid kopuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenase hɔ anadwo bi. Ohuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ ɔsafohene adeda atenae no mu a asraafo a wɔadeda atwa ne ho ahyia.

6Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia26.6 Na Seruia yɛ Dawid nuabea panyin (1 Be 2.16). Ɛno nti na Abisai yɛ ne wɔfaase te sɛnea Yoab (a ɔyɛɛ Dawid Sahene) ne Asahei no. babarima Abisai, Yoab nua se, “Hena na ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn wɔ nʼatenae hɔ?”

Abisai buae se, “Me ne wo bɛkɔ.”

7Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenae hɔ a, ɔde ne peaw atim fam wɔ ne ti ho pɛɛ. Na Abner ne asraafo no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda.

8Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo se, “Nnɛ de, Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma memfa me peaw no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.”

9Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Dabi da, nsɛe no. Hena na obetumi de ne nsa aka onipa a Awurade asra no, na onni ho fɔ? 10Nokware ni, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ obenyin na wawu. 11Onyame ma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wunim biribi? Yɛbɛfa ne peaw ne ne sukuruwa na yɛakɔ.”

12Na Dawid faa peaw no ne sukuruwa a esi Saulo ti ho no, na wɔkɔe a obiara anhu wɔn na wɔn mu biara nso annyan mpo. Na wɔn nyinaa adeda, efisɛ Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.

13Dawid foroo bepɔw a ɛne atenae hɔ di nhwɛanim kosii sɛ oduu baabi a bɔne bi ntumi nka no. 14Ɔteɛɛ mu frɛɛ Abner ne Saulo se, “Sɔre oo! Abner.”

Abner bisaa se, “Hena ni?”

15Dawid goruu ne ho se, “Abner, woyɛ onipa kɛse, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfo bi wɔ? Na adɛn nti na woannwɛn wo wura, ɔhene no bere a obi baa sɛ ɔrebekum no no? 16Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea Awurade asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no wɔ he?”

17Saulo tee Dawid nne nti ɔfrɛe se, “Wo ni, me ba Dawid?”

Na Dawid buaa no se, “Nana, ɛyɛ me. 18Adɛn nti na wotaa me? Dɛn na mayɛ? Me bɔne ne dɛn? 19Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne somfo, Nana. Sɛ Awurade na wahwanyan wo atia me a, ɛno de ma onnye mʼafɔre. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛe a, ɛno de, Awurade nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛe no. Efisɛ moapam me afi me fi sɛnea ɛbɛyɛ a, merentumi ne Awurade nkurɔfo ntena, nsom sɛnea ɛsɛ. 20Minwu wɔ ananafo asase so a ɛhɔ ne Awurade anim kwan ware ana? Adɛn nti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ sommɔre; sɛnea ɔbɔmmɔfo kɔ ahayɛ kɔpɛ asɛmɛntɛ wɔ mmepɔw so?”

21Afei Saulo kae se, “Mayɛ bɔne. San bra fie, me ba Dawid. Efisɛ nnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Merenhaw wo bio. Mayɛ nkwaseade na mafom yiye.”

22Dawid buae se, “Ao, ɔhene, wo peaw ni. Ma wo mmerante no mu baako mmra mmegye. 23Awurade na ɔma papayɛ ne nokwaredi so akatua. Awurade de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mekum wo, efisɛ woyɛ obi a Awurade asra wo. 24Afei, me kra nsom Awurade bo, sɛnea wo de asom me bo nnɛ yi. Onnye me mfi me haw nyinaa mu.”

25Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninne ne nkonimdifo kɛse.”

Na Dawid kɔe, na Saulo nso san kɔɔ fie.

New International Version – UK

1 Samuel 26:1-25

David again spares Saul’s life

1The Ziphites went to Saul at Gibeah and said, ‘Is not David hiding on the hill of Hakilah, which faces Jeshimon?’

2So Saul went down to the Desert of Ziph, with his three thousand select Israelite troops, to search there for David. 3Saul made his camp beside the road on the hill of Hakilah facing Jeshimon, but David stayed in the wilderness. When he saw that Saul had followed him there, 4he sent out scouts and learned that Saul had definitely arrived.

5Then David set out and went to the place where Saul had camped. He saw where Saul and Abner son of Ner, the commander of the army, had lain down. Saul was lying inside the camp, with the army camped around him.

6David then asked Ahimelek the Hittite and Abishai son of Zeruiah, Joab’s brother, ‘Who will go down into the camp with me to Saul?’

‘I’ll go with you,’ said Abishai.

7So David and Abishai went to the army by night, and there was Saul, lying asleep inside the camp with his spear stuck in the ground near his head. Abner and the soldiers were lying round him.

8Abishai said to David, ‘Today God has given your enemy into your hands. Now let me pin him to the ground with one thrust of the spear; I won’t strike him twice.’

9But David said to Abishai, ‘Don’t destroy him! Who can lay a hand on the Lord’s anointed and be guiltless? 10As surely as the Lord lives,’ he said, ‘the Lord himself will strike him, or his time will come and he will die, or he will go into battle and perish. 11But the Lord forbid that I should lay a hand on the Lord’s anointed. Now get the spear and water jug that are near his head, and let’s go.’

12So David took the spear and water jug near Saul’s head, and they left. No-one saw or knew about it, nor did anyone wake up. They were all sleeping, because the Lord had put them into a deep sleep.

13Then David crossed over to the other side and stood on top of the hill some distance away; there was a wide space between them. 14He called out to the army and to Abner son of Ner, ‘Aren’t you going to answer me, Abner?’

Abner replied, ‘Who are you who calls to the king?’

15David said, ‘You’re a man, aren’t you? And who is like you in Israel? Why didn’t you guard your lord the king? Someone came to destroy your lord the king. 16What you have done is not good. As surely as the Lord lives, you and your men must die, because you did not guard your master, the Lord’s anointed. Look around you. Where are the king’s spear and water jug that were near his head?’

17Saul recognised David’s voice and said, ‘Is that your voice, David my son?’

David replied, ‘Yes it is, my lord the king.’ 18And he added, ‘Why is my lord pursuing his servant? What have I done, and what wrong am I guilty of? 19Now let my lord the king listen to his servant’s words. If the Lord has incited you against me, then may he accept an offering. If, however, people have done it, may they be cursed before the Lord! They have driven me today from my share in the Lord’s inheritance and have said, “Go, serve other gods.” 20Now do not let my blood fall to the ground far from the presence of the Lord. The king of Israel has come out to look for a flea – as one hunts a partridge in the mountains.’

21Then Saul said, ‘I have sinned. Come back, David my son. Because you considered my life precious today, I will not try to harm you again. Surely I have acted like a fool and have been terribly wrong.’

22‘Here is the king’s spear,’ David answered. ‘Let one of your young men come over and get it. 23The Lord rewards everyone for their righteousness and faithfulness. The Lord gave you into my hands today, but I would not lay a hand on the Lord’s anointed. 24As surely as I valued your life today, so may the Lord value my life and deliver me from all trouble.’

25Then Saul said to David, ‘May you be blessed, David my son; you will do great things and surely triumph.’

So David went on his way, and Saul returned home.