1 Samuel 24 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 24:1-22

Dawid Ampɛ Sɛ Okum Saulo

1Saulo ne Filistifo no ko wiee no, wɔka kyerɛɛ no se, “Dawid hyɛ En-Gedi sare so hɔ.” 2Ɛno nti Saulo yii mmarima mpensa fii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔe sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beae bi a ɛbɛn Wuram Mmirekyi Abotan no.

3Obeduu nguannan bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekogye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri.

4Mmarima no kae se, “Nnɛ ne da a Awurade kae se, ‘Mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no nea wopɛ biara’ no.” Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kotwaa nʼatade ano.

5Na Dawid adwene mu anteɛ no sɛ watwa Saulo atade ano. 6Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no se, “Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ mmusu sɛ obi bɛteɛ me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; efisɛ Awurade ankasa na wapaw no.” 7Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo fii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no.

8Dawid pue bae, teɛteɛɛ mu dii nʼakyi se, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase. 9Afei, ɔteɛɛ mu bisaa Saulo se, “Adɛn nti na wutie nkurɔfo ano sɛ merepɛ wo ahaw wo? 10Nnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokware. Efisɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me se, minkum wo, nanso mankum wo. Na mekae se, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, efisɛ ɔyɛ obi a Awurade asra no.’ 11Mʼagya, hwɛ ade a mikura yi. Ɛyɛ wʼatade sin bi. Mitwae, nanso mankum wo. Eyi da no adi pefee sɛ merenhaw wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me rehwehwɛ me akum me. 12Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, nea woayɛ nti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ nea wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me de, merenhaw wo da. 13Wobu bɛ se, ‘Abɔnefo mu na bɔne fi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenhaw wo.

14“Hena na Israelhene rehwehwɛ no akyere no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne bere taataa obi a ne so nni mfaso sɛ ɔkraman funu anaa dwiw? 15Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu nea odi bem, na ɔntwe ɔfɔdifo no aso. Ɔno ne me kamafo, na obegye me afi wo tumi ase.”

16Saulo buae se, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ofii ase sui. 17Ɔtoaa so se, “Woteɛ sen me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me de mayɛ wo bɔne. 18Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, efisɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa, a anka wubetumi akum me nanso woankum me. 19Sɛ obi nsa ka ne tamfo a, ogyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɔkwan a wode me afa so nnɛ yi ho. 20Afei mahu sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, wobesi wo ɔhene, na Israel ahemman no bedi yiye wɔ wo bere so. 21Afei, sua wɔ Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wubedi ade a, worentwa mʼasefo anaa worempepa me din mfi mʼagya fi.”

22Enti Dawid sua kyerɛɛ Saulo. Na Saulo san kɔɔ fie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn abandennen mu.

Japanese Contemporary Bible

サムエル記Ⅰ 24:1-22

24

サウル殺害のチャンス

1ペリシテ人との戦いから戻ったサウル王は、ダビデがエン・ゲディの荒野に向かったと知らされました。 2そこで三千の兵をよりすぐり、野生のやぎのたむろするエエリムの岩のあたりで、ダビデを捜し回りました。 3羊の群れの囲いに沿った道まで来た時、王は用を足すため、とあるほら穴へ入って行きました。ところが、なんとそのほら穴こそ、ダビデとその部下の隠れ家だったのです。 4ダビデの部下の一人が、「絶好の時です。主が、『わたしはサウルをあなたの手に渡す。思いどおりにせよ』とおっしゃっているではありませんか。今がその時です」とささやきました。そこでダビデは、はうように近づき、王の上着のすそをそっと切り取りました。 5しかし、そのことで彼の良心は痛みだしたのです。 6「ああ、なんということをしてしまったのだ。神様が王としてお選びになった人にそのようなことをするなど、大それたことではなかったか。」

7-8このダビデのことばには、みなにサウル殺害を思いとどまらせるのに十分な説得力がありました。

王がほら穴から出て行くと、ダビデも背後からついて行き、「王よ!」と大声で呼びかけました。王が振り向くと、目の前でダビデが地にひれ伏しているではありませんか。 9-10「あなたはなぜ、私が謀反を企てているなどという、人々のことばに耳をお貸しになるのですか。たった今、それが根も葉もないことだとおわかりになったはずです。先ほどのほら穴の中で、主は、あなたが私に背を見せるようにしてくださったのです。配下の者は、あなたのおいのちをちょうだいするようにと勧めました。しかし、私はそうしませんでした。『王に危害を加えてはならない。この方は、神様がお選びになった王なのだから』と。 11さあ、これをよくごらんください。あなたの上着のすそです。私はこれを切り取りはしましたが、おいのちには手をかけませんでした。これでもまだ、私があなたをねらっているとお思いでしょうか。たとえあなたが私のいのちをつけねらわれても、私は謀反の罪など犯してはいないことを、どうかわかっていただきたいのです。 12私たちの間のことは、主がおさばきくださるでしょう。もしあなたが私を殺そうとなさるなら、主の御手があなたに下ります。私は決して、あなたに手を下したりしません。 13『悪は悪人のすること』ということわざがあります。たとえあなたが悪いとしても、私は手を下すようなまねはしません。 14いったいイスラエルの王は、だれを捕まえるおつもりなのですか。なぜ、息絶えた犬や一匹の蚤にすぎない者を追いかけ回して、時間をむだになさるのですか。 15どうか主が、どちらが正しいかをさばき、罪を犯した者を罰してくださいますように。主が私を弁護してくださり、あなたの手から救い出してくださいますように。」

16「ああダビデよ。ほんとうにおまえはダビデなのか。」王は声を上げて泣きました。 17「おまえのほうが正しい。私の悪行に善をもって報いてくれた。 18今日、おまえはなんと深い情けをかけてくれたことか。主が私をおまえの手に渡されたのに、助けてくれたのだ。 19敵を手中に収めながら逃がしてくれる者が、この世にいるだろうか。今日のこの情けに、主が十分報いてくださるように。 20これで、よくわかった。おまえは必ず王になる人物だ。イスラエルはおまえが治めるべきなのだ。 21さあ、主にかけて誓ってくれ。おまえが王になっても、私の家族を殺さず、家系も絶やさないと。」

22ダビデはそれを約束しました。サウルは自分の家に帰って行き、ダビデは部下を従えてほら穴に戻りました。