1 Samuel 23 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 23:1-29

Dawid Bɔ Keila Kurow Ho Ban

1Da koro bi, Dawid tee sɛ Filistifo no aba Keila, na wɔrewia wɔn awi wɔ wɔn awiporowbea. 2Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana?”

Awurade buae se, “Yiw, kɔ na kogye Keila.”

3Nanso Dawid mmarima no kae se, “Yuda ha mpo yesuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifo asraafo nyinaa.”

4Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no se, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifo no so nkonim.”

5Enti Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wokunkum Filistifo no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafo no. 6Ahimelek ba Ɔsɔfo Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotade sɛ ɔrekogye mmuae afi Awurade nkyɛn ama Dawid.

7Ankyɛ, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteɛɛ mu se, “Eye. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kurow yi ho afasu ayi no!” 8Enti Saulo boaboaa nʼakofo nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akotua Dawid ne ne mmarima ano.

9Nanso Dawid huu Saulo nhyehyɛe, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, ɔmfa asɔfotade no mmra, na ommisa Awurade nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. 10Na Dawid bɔɔ mpae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, efisɛ mewɔ ha. 11Merebisa sɛ, enti Keila mmarima beyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛnea mete no? Ao, Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ me.”

Na Awurade buaa no se, “Ɔbɛba.”

12Bio, Dawid bisaa se, “Enti, Keila mmarima beyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?”

Na Awurade buaa se, “Yiw, wobeyi mo ama.”

Dawid Kohintaw Sare So

13Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia fii Keila, na wokyinkyin baabiara a wobetumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afi Keila no, ogyaa nʼakyi di.

14Dawid tenaa ne hintabea hɔ wɔ sare so ne Sif mmepɔw asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyee ne adesae biara, nanso Awurade amfa Dawid anhyɛ ne nsa.

15Bere a Dawid wɔ Hores wɔ Sif sare so no, ɔtee sɛ Saulo nam kwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no. 16Na Saulo ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidi mu. 17Yonatan hyɛɛ no den se, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabediakyiri, sɛnea mʼagya Saulo nim no.” 18Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ Awurade anim. Afei, Yonatan kɔɔ fie na Dawid de, ɔtenaa Hores hɔ.

19Sififo no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea koyii Dawid mae se, “Yenim baabi a Dawid akohintaw. Ɔwɔ abandennen mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔw mu, wɔ Yesimon anafo fam ha yi. 20Ɔhene, bere biara a wubenya kwan no bra na yɛbɛkyere no ama wo.”

21Saulo kae se, “Awurade nhyira mo! Afei, mahu sɛ mʼasɛm fa obi ho. 22Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhu faako a ɔte ne obi a wahu no wɔ hɔ. Wose ɔyɛ onifirifo. 23Monhwehwɛ nʼahintawee, na monsan mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ mpɔtam hɔ nko ara de a, menya no, na mehwehwɛ no wɔ Yuda abusuafi ahorow no nyinaa mu.”

24Na Sif mmarima dii Saulo kan kɔɔ wɔn kurom. Saa bere no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon sare a ɛwɔ Araba bon a ɛwɔ Yesimon anafo fam no so. 25Bere a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ sare so akyirikyiri, kosii ɔbotan kɛse no ho, tenaa Maon sare so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so hwehwɛɛ no.

26Afei na Saulo wɔ bepɔw no fa bi na Dawid ne ne dɔm nso wɔ ne fa bi, repɛ ntɛm aguan Saulo bere a na Saulo ne ne mmarima rebɛn Dawid ne ne nkurɔfo sɛ wɔbɛkyere wɔn no, 27ɔbɔfo baa Saulo nkyɛn bɛkae se, “Bra ntɛm! Filistifo abɛtow ahyɛ asase no so.” 28Ɛno nti, Saulo gyaee Dawid akyidi, na ɔsan nʼakyi sɛ ɔne Filistifo no rekɔko. Eyi nti na wɔfrɛ saa beae yi Oguan Botan no. 29Enti Dawid kɔtenaa En-Gedi abandennen.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 23:1-29

大卫营救基伊拉

1一天,大卫得知非利士人正在攻打基伊拉,抢掠麦场, 2便求问耶和华:“我可以去攻打非利士人吗?”耶和华答道:“你可以去攻打非利士人,营救基伊拉。” 3大卫的部下却对他说:“我们在犹大这里尚且胆战心惊,何况去基伊拉攻打非利士军队呢!” 4大卫再求问耶和华,耶和华答道:“到基伊拉去吧,我一定把非利士人交在你手里。” 5于是,大卫和部下到基伊拉去攻打非利士人,大败敌人,夺取了他们的牲畜,救出基伊拉人。

6亚希米勒的儿子祭司亚比亚他基伊拉投奔大卫时,把以弗得也带了去。 7扫罗得知大卫基伊拉,就说:“这一次是上帝把他交在我手中了,因为他竟然自投网罗,进入有门有闩的城。” 8扫罗召集全军准备攻打基伊拉,围困大卫和他的部下。 9大卫知道了扫罗的计谋,便吩咐祭司亚比亚他把以弗得带来, 10然后说:“耶和华,以色列的上帝啊,仆人听说扫罗要来毁灭基伊拉,因为我在这里。 11基伊拉的人会不会把我交给扫罗呢?扫罗是不是像我听说的那样要来这里呢?耶和华,以色列的上帝啊,求你告诉我。”耶和华说:“扫罗一定会来。” 12大卫又问耶和华:“基伊拉的人会不会把我和我的部下交给扫罗呢?”耶和华说:“他们一定会。” 13于是,大卫率领自己的六百部下离开基伊拉,到处流浪。扫罗得知大卫已经离开基伊拉,就不去了。

14大卫住在旷野的堡垒或西弗旷野的山区。扫罗天天搜捕大卫,但上帝没有把大卫交在他的手中。 15大卫西弗旷野的何利沙得知扫罗要来杀他。 16扫罗的儿子约拿单何利沙大卫,鼓励大卫坚定地信靠上帝。 17他对大卫说:“不要害怕,我父亲害不了你。你将做以色列的王,我将做你的宰相。我父亲也明白这一点。” 18二人在耶和华面前立了约。之后,大卫仍留在何利沙约拿单则回家去了。

19西弗人去基比亚扫罗,说:“大卫就躲在我们那里,在旷野南面哈基拉山上何利沙的堡垒里。 20王啊,你随时都可以下来,我们一定把他交在王的手里。” 21扫罗说:“愿耶和华赐福给你们!因为你们体恤我。 22我听说他非常狡猾,你们再回去弄清楚他的行踪,谁在那里见过他, 23查明他的藏身之处,回来如实告诉我,然后我会与你们同去。如果他在犹大境内,我要搜遍千家万户,找到他。” 24于是,西弗人先回去了。当时大卫和他的部下在旷野南面的亚拉巴,即玛云旷野。 25大卫听说扫罗和手下正在搜寻他,便率领部下前往玛云旷野的磐石,住在那里。扫罗得知后,便去玛云旷野追赶大卫26扫罗在山这边走,大卫和他的部下在山那边走,急急忙忙地躲避扫罗扫罗和他的手下四面包围过来,眼看就要抓住他们了。 27这时,扫罗的信使前来禀报,说非利士人前来犯境,请王速回。 28扫罗只好放弃追赶大卫,回师迎战非利士人。因此,那地方叫“脱险岩”。 29后来,大卫从那里转移到隐·基底的堡垒里。