1 Samuel 18 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 18:1-30

Saulo Twe Dawid Ho Ninkunu

1Bere a Dawid ne Saulo kasa wiei no, ohyiaa ɔhenebabarima Yonatan. Wɔn baanu no dɔɔ wɔn ho wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara. 2Efi saa da no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfi hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsan akɔ ne fi. 3Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo. 4Na Yonatan de ne batakari, nhyɛase, afoa, agyan ne nkyekyeremu maa Dawid de sɔw apam no ano.

5Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti Saulo yɛɛ no nʼasraafo so ɔsahene, maa nʼakofo ne wɔn mpanyimfo nyinaa de anigye penee so.

6Nanso bere a Israelfo nkonimdifo rekɔ fie, na Dawid akum Filistini no, mmea fifi nkurow a ɛbɛn ɔkwan no ho no bɛtwee mmommomme hyiaa Ɔhene Saulo a na wɔde anigye reto nnwom, bɔ akasae ne kyɛnkyɛn. 7Wɔresaw no, wɔtoo dwom se:

Saulo akum ne apem apem,

na Dawid de ne mpem du du!

8Eyi maa Saulo bo fuw yiye. Ɔkae se, “Eyi ase ne dɛn? Wɔde mpem du mpem du abata Dawid din ho, na me de, wɔde apem apem pɛ. Dɛn na aka sen sɛ wobesi no hene?” 9Efi saa bere no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.

10Ade kyee no, Onyankopɔn honhom bɛhyɛɛ Saulo so. Na ɔrehyɛ nkɔm wɔ ne fi, bere a na Dawid rebɔ ne sanku sɛnea na ɔtaa yɛ no. Na Saulo kura peaw 11na ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mesina Dawid atare ɔfasu no.” Nanso Dawid huruw sii nkyɛn na oguanee mpɛn abien.

12Na Saulo suro Dawid, efisɛ na Awurade agyaw no akɔ Dawid afa. 13Enti Saulo yii Dawid fii ne ho na ɔma ɔkɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafo apem so, na, Dawid dii saa nsraadɔm no anim de wɔn kɔɔ ɔsa. 14Biribiara a Dawid yɛe no, odii nkonim wɔ mu, efisɛ na Awurade ka ne ho. 15Saulo huu eyi no, osuroo no. 16Nanso Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, efisɛ na odi nʼakofo anim kɔ ɔsa a, odi nkonim.

Dawid Ware Saulo Babea

17Da bi, Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Mepɛ sɛ mede me babea panyin Merab ma wo aware. Nea edi kan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofo kɛse a wobɛko Awurade ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Merenteɛ me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifo no na wɔakum no.”

18Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Me sɛɛ ne hena a mɛyɛ ɔhene ase? Me fi ne mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?” 19Enti bere no duu sɛ wɔde Saulo babea Merab ma Dawid aware no, wɔde no maa Adriel a ofi Meholat aware.

20Na Saulo babea Mikal dɔ Dawid, enti bere a Saulo tee no, ɛyɛɛ no anigye. 21Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Mede no bɛma no na wafa so ayɛ afiri a ɛbɛma Filistifo nsa aka no akum no.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid se, “Afei, ɔkwan a ɛto so abien a wobɛfa so ayɛ mʼase no abue ama wo.”

22Na Saulo hyɛɛ ne nkoa se, “Monka no kokoa mu nkyerɛ Dawid se, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn nti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ”

23Wotii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso Dawid kae se, “Ohiani ba a me fi nni bi, mususuw sɛ ɛyɛ ade a ɛda fam sɛ obi bɛyɛ ɔhene nʼase ana?”

24Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no, 25Saulo kae se, “Monkɔka nkyerɛ Dawid se, ‘Ɔhene nhwehwɛ ti nsa biara sɛ Filistifo ɔha mmarima ano were. Mʼatamfo so aweretɔ nko ara ne ade a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wobekum Dawid wɔ akono.

26Dawid de anigye penee adebisa no so. Enti ansa na bere no duu no, 27Dawid ne ne mmarima kɔ kokum Filistifo no ahannu. Ɔde wɔn mmarima ano were brɛɛ ɔhene. Enti Saulo de ne babea Mikal maa Dawid aware.

28Saulo huu sɛ Awurade ka Dawid ho, na ne babea Mikal nso dɔ Dawid no, 29Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu no, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo tamfo.

30Bere biara a Filistifo asraafo tow hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sen Saulo asahene a wɔaka no. Eyi maa Dawid gyee din wɔ asase no so nyinaa.

Japanese Contemporary Bible

サムエル記Ⅰ 18:1-30

18

ダビデを恐れるサウル

1-3サウル王がひととおりの質問を終えたあと、ダビデは王子ヨナタンを紹介され、二人はすぐに深い友情で結ばれました。ヨナタンはダビデを血を分けた兄弟のように愛し、 4自分の上着、よろいかぶと、剣、弓、帯を与えました。王はダビデをエルサレムにとどめ、もはや家に帰そうとはしませんでした。 5ダビデは王の特別補佐官として、いつも任務を成功させたので、とうとう軍の指揮官に任命されました。この人事は、軍部からも民衆からも喜ばれました。

6ところで、ダビデがゴリヤテを倒し、勝利を収めたイスラエル軍が意気揚々と引き揚げて来た時、あることが起きたのです。あらゆる町々から沿道にくり出した女たちが、サウル王を歓迎し、タンバリンやシンバルを鳴らして、歌いながら喜び踊りました。 7女たちが歌ったのはこんな歌でした。「サウルは千人を打ち、ダビデは一万人を打った。」

8これを聞いて、王は非常に腹を立てました。「何だと。ダビデは一万人で、この私は千人に過ぎないのか。まさか、あいつを王にまつり上げる気ではないだろうな。」

9この時から、王の目は、ねたみを帯びてダビデに注がれるようになりました。

10翌日から、神からの災いの霊がサウル王を襲うようになり、彼は錯乱状態に陥りました。そんな王の心を静めようと、ダビデはいつものとおり竪琴を奏でました。ところが王は手に持っていた槍を、 11-12いきなりダビデめがけて投げつけました。ダビデを壁に突き刺そうと思ったのです。しかし、さっと身をかわしたダビデは難を逃れました。一度ならず二度もそんなことがあったのです。それほど王はダビデを恐れ、激しい嫉妬に駆られていました。これもみな、主がサウル王を離れて、ダビデとともにいたからです。 13王はダビデを恐れ、自分から遠ざけることにし、職務も千人隊の長にまで格下げしました。しかし王の懸念をよそに、ダビデはますます人々の注目を集めるようになっていきました。

14ダビデはその行く所どこででも勝利を収めました。主がともにいたからです。 15-16サウル王はますますダビデを恐れるようになりました。イスラエルとユダの人々はみな、ダビデを支持しました。ダビデが民の側に立っていたからです。

17ある日、王はダビデを呼んで言いました。「私はおまえに、長女のメラブを嫁として与えてもいいと思っている。そのためにまず、主の戦いを勇敢に戦い、真の勇士である証拠を見せてくれ。」王は内心、「ダビデをペリシテ人との戦いに行かせ、敵の手で殺してしまおう。自分の手を汚すまでもない」と考えたのです。

18ダビデは答えました。「私のような者が王家の婿になるなど考えられません。私の父の家系は取るに足りません。」

19ところが、いよいよ結婚という段になって、王は娘メラブをダビデではなく、メホラ人のアデリエルと結婚させてしまいました。

20そうこうするうち、別の娘ミカルがダビデを恋するようになったのです。それを知って喜んだのはサウル王でした。 21「あいつをペリシテ人の手で殺す機会が、また巡って来た」とほくそ笑み、さっそくダビデを呼びつけると、「今度こそ婿になってくれ。末の娘をやろう」と言いました。 22その一方でサウル王は家臣たちに、ダビデにこう勧めるようにひそかに命じたのです。「王様はあなたを大そうお気に入りですよ。私たちもみな、あなたを慕っております。お申し出を受けて、婿になられたらいいではありませんか。」 23ダビデは答えました。「私のように名もない家の貧しい者は、逆立ちしたって、王女を妻に迎えられるほどの仕度金は用意できません。」

24家臣たちがこのことを報告すると、 25王は答えました。「ダビデに伝えてくれ。私が望んでおる仕度金は、ペリシテ人を百人打って来ることだ。敵に復讐してくれることこそ、私の望みだと。」しかし、王の本心は、ペリシテ人との戦いでダビデが戦死することだったのです。

26ダビデはこの申し出を喜びました。そこで、期限が来る前に、 27部下を率いて出陣し、ペリシテ人二百人を打ち殺して、その包皮を王に差し出したのです。これで王は、ダビデにミカルを与えないわけにはいかなくなりました。 28王は、主がダビデとともにいること、また、ダビデがどれほど民の信望を集めているかを思い知らされ、 29ますますダビデを恐れるようになりました。それで、以前にも増して激しくダビデを憎むようになっていったのです。

30ペリシテ軍の攻撃を受けるたびに、ダビデはなみいるサウル王の将校たちをしり目に、はなばなしい戦果を上げました。そのため、ダビデの名声は国中に広がっていきました。