1 Samuel 17 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 17:1-58

Dawid Kum Goliat

1Afei, Filistifo boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree nsraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim. 2Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bon. 3Filistifo faa bepɔw baako, na Israelfo no nso faa baako a obon no da wɔn ntam.

4Ɔbarima tenten hoɔdenfo bi a ne din de Goliat a ofi Gat no pue fii Filistifo no nsraban mu bae. Na ne tenten bɛboro anammɔn akron. 5Na ɔhyɛ kɔbere kyɛw, hyɛ kɔbere akotade a akode bobɔ mu, na emu duru yɛ kilogram aduonum ason. 6Na nʼanan nso, kɔbere nkatanan kata ho na kɔbere peaw nso sɛn nʼakyi. 7Na ne peaw ano dade no te sɛ ntamanwemfo nsadua mu abaa, na ano dade no kari dwetɛ kilogram ason. Na ne nkatabokurafo di nʼanim.

8Goliat begyinaa hɔ teɛɛ mu guu Israelfo no so se, “Asraafo yi nyinaa na morebɛko ana? Munyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mesi Filistifo anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka! 9Sɛ mo nipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mikum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.” 10Filistini no kae se, “Memmfa Israel asraafo nyɛ hwee, momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.” 11Bere a Saulo ne Israelfo tee eyi no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoe.

Yisai Soma Dawid Kɔ Saulo Nsraban Mu

12Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ofi Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmabarima baawɔtwe, na Saulo bere so no, na wabɔ akwakoraa a ne mfe a wadi no kɔ anim yiye. 13Na Yisai mmabarima mpanyimfo baasa na wodii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyi ba din de Abinadab, na nea ɔto so abiɛsa no din de Sama. 14Dawid de, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanyimfo baasa no na wodii Saulo akyi, 15nanso na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nguan wɔ Betlehem nso.

16Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfo asraafo nʼanim anɔpa ne anwummere, saa ara adaduanan.

17Da koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa nkyewe lita aduonu abien yi ne brodo mua du yi kɔma wo nuabarimanom. 18Na fa kyiisi du a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛnea wo nuabarimanom no ho te, na gye krataa fi wɔn nkyɛn brɛ me. 19Na Dawid nuanom ne Israel asraafo no wɔ Ela bon no mu a wɔreko atia Filistifo.” 20Ade kyee anɔpa no, Dawid gyaw nguan no maa oguanhwɛfo bi na ɔfaa akyɛde no kɔe. Oduu nsraban mu hɔ bere a na asraafo no rekɔ mpasua ahorow no so. Wɔrekɔ no, na wɔreto asafonnwom reteɛteɛ mu. 21Na Israel ne Filistifo no rebɛn a wodi nhwɛanim. 22Dawid gyaw ne nneɛma maa akode sohwɛfo no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kokyia ne nuanom. 23Bere a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfo Goliat a ofi Gat, fii Filistifo asraafo no mu teɛteɛɛ mu ahantan so kyerɛɛ Israel asraafo no. 24Bere a Israelfo no huu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu guan kɔe.

25Afei, na Israelfo keka wɔ wɔn mu se, “Woahu ɔbran no? Ɔba bɛkasa tia Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a obetumi akum no no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babea bɛma no aware, na ne fifo nso, ɔhene remma wontua tow biara a wogye no Israelman mu.”

26Dawid bisaa mmarima a wogyina ne ho no se, “Dɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguase yi afi Israel so? Hena ne saa Filistini bosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ogu Onyankopɔn Teasefo asraafo anim ase?”

27Wotii asɛm a wɔaka dedaw no mu kyerɛɛ no se, “Nea woate dedaw no yɛ nokware. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a obekum ɔbran no.”

28Bere a Dawid nuapanyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuw no, na obisae se, “Adɛn nti na woaba ha? Na nguan kakra a wɔwɔ sare so no, wode wɔn gyaw hena? Minim sɛnea wogye wo ho di ne sɛnea wo komapirim te. Ɔko yi hwɛ ara nti na wobae.”

29Dawid bisae se, “Mayɛ dɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?” 30Afei, ɔdan ne ho ne afoforo kɔkasae. Ɔde asɛm koro no ara bae, na mmarima no buaa no sɛnea wɔaka dedaw no. 31Asɛm a Dawid kaa no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no.

Dawid Kum Goliat

32Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Mma hwee nhaw wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”

33Saulo buaa Dawid se, “Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa, nanso ɔno de, ɔyɛ ɔkofo fi ne mmofraase.”

34Na Dawid ka tii mu se, “Mahwɛ mʼagya nguan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere oguan ba bi afi nguankuw no mu a, 35mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no fi nʼanom. Na sɛ aboa no dan nʼani ba me hɔ a, miso nʼabogye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no. 36Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini bosonsomni no nso, efisɛ wagu Onyankopɔn Teasefo asraafo ho fi. 37Awurade a ogyee me fii gyata ne sisi awerɛw ano no, ɔno ara na obegye me afi Filistini yi nsam.”

Saulo penee so kae se, “Eye, kɔ. Awurade nka wo ho.”

38Afei, Saulo de ɔno ankasa akode maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛw ne akotade kaa ho. 39Dawid hyɛe, de afoa kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ abien, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛnea ɛte, efisɛ na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da.

Afei, ɔkae se, “Merentumi mfa eyinom nhyehyɛ me ho nkɔ, efisɛ menhyɛɛ bi saa da.” Enti ɔworɔw ne nyinaa guu hɔ. 40Ɔfaa kokwabo anum fii asuwa bi mu, de guu ne nguanhwɛfo kotoku mu. Ɔfaa ne nguanhwɛfo pema ne nʼahwimmo nko ara. Afei, osii kwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko.

41Goliat twiw pinii Dawid a ne nkatabokurafo di nʼanim. 42Goliat huu Dawid no, obuu no abomfiaa. 43Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid se, “Meyɛ ɔkraman na wode pema aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid. 44Goliat kae se, “Bra mʼanim ha, na mede wo nam bɛma nnomaa ne nkekaboa.”

45Dawid ka kyerɛɛ Filistini no se, “Wode afoa, peaw ne bɛmma na ɛreba me so, na me de, mede Asafo Awurade, Israel asraafo Nyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so. 46Nnɛ, Awurade bedi wo so nkonim, na mekum wo, atwa wo ti. Na mede Filistifo asraafo no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na wiase nyinaa behu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel! 47Na obiara behu sɛ, Onyankopɔn mfa akode na egye ne nkurɔfo. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”

48Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kohyiaa no. 49Ɔde ne nsa hyɛɛ nguanhwɛfo kotoku no mu, yii kokwabo baako de hyɛɛ nʼahwimmo no mu tow ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwabo no wuraa Goliat tirim ma obu hwee, maa nʼanim kobutuw fam. 50Enti Dawid de ahwimmo ne kokwabo baako dii Filistini ɔkwabran no so. 51Dawid tuu mmirika kɔɔ Filistini no so kɔtwee nʼafoa fii ne boha mu. Dawid de afoa no kum no twaa ne ti.

Bere a Filistifo huu sɛ wɔn kwabran no awu no, wɔtetew san wɔn akyi, guanee.

Israel Di Filistifo So Nkonim

52Afei, Israelfo no bɔɔ ose kɛse nkonimdi so, taa Filistifo no ara koduu Gat ne Ekron apon ano. Na Filistifo a wɔawuwu no afunu ne apirafo no gugu ɔkwan so, de fi Saaraim de koduu Gat ne Ekron. 53Afei, Israelfo asraafo san wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifo nsraban a wɔaguan afi hɔ no mu faa wɔn nneɛma.

54Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, na ɔkoraa Filistini no akode wɔ ɔno ankasa ne ntamadan mu.

55Bere a Saulo huu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, obisaa Abner a na ɔyɛ nʼakofo sahene se, “Abner, hena ba ne saa aberante yi?”

Abner buae se, “Nokware ni, minnim.”

56Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ a, bisa.”

57Dawid kum Goliat akyi no, Abner de no brɛɛ Saulo a na ɔda so kita Filistini no ti no.

58Saulo ka kyerɛɛ no se, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.”

Na Dawid buae se, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 17:1-58

Dawid Kum Goliat

1Afei, Filistifoɔ boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree sraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim. 2Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bɔnhwa. 3Filistifoɔ faa bepɔ baako, ɛna Israelfoɔ no nso faa baako a bɔnhwa no da wɔn ntam.

4Ɔbarima tenten hoɔdenfoɔ bi a ne din de Goliat a ɔfiri Gat no pue firii Filistifoɔ no sraban mu baeɛ. Na ne tenten bɛboro anammɔn nkron. 5Na ɔhyɛ kɔbere kyɛ, hyɛ kɔbere akotaadeɛ a akodeɛ bobɔ mu, na emu duru yɛ dwetɛ kilogram aduonum nson. 6Na ne nan nso, kɔbere nkatanan kata ho ɛna kɔbere pea nso sɛn nʼakyi. 7Na ne pea ano dadeɛ no te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua mu tonton, na ano dadeɛ no kari dwetɛ bɛyɛ kilogram nson. Na ɛkyɛmkurani di nʼanim.

8Goliat bɛgyinaa hɔ teaam guu Israelfoɔ no so sɛ, “Akodɔm yi nyinaa na morebɛko anaa? Monyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mɛsi Filistifoɔ anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka! 9Sɛ mo onipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mekum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.” 10Filistini no kaa sɛ, “Memmfa Israel akodɔm nyɛ hwee. Momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.” 11Ɛberɛ a Saulo ne Israelfoɔ tee yei no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoeɛ.

Yisai Soma Dawid Wɔ Saulo Sraban Mu

12Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ɔfiri Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmammarima baawɔtwe, na Saulo berɛ so no, na wabɔ akɔkoraa a ne mfeɛ a wadi no kɔ anim yie. 13Na Yisai mmammarima mpanimfoɔ baasa na wɔdii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyiri ba din de Abinadab, ɛna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Sama. 14Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanimfoɔ baasa no na wɔdii Saulo akyi, 15nanso, na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nnwan wɔ Betlehem nso.

16Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfoɔ akodɔm nʼanim anɔpa ne anwummerɛ, saa ara adaduanan.

17Ɛda koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Fa nkyeweɛ lita aduonu mmienu yi ne burodo mua edu yi kɔma wo nuanom mmarima. 18Na fa kyiisi edu a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛdeɛ wo nuanom mmarima no ho teɛ, na gye krataa firi wɔn nkyɛn brɛ me. 19Na Dawid nuanom ne Israel akodɔm no wɔ Ela bɔnhwa no mu a wɔreko tia Filistifoɔ.” 20Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid gyaa nnwan no maa odwanhwɛfoɔ bi na ɔfaa akyɛdeɛ no kɔeɛ. Ɔduruu sraban mu hɔ ɛberɛ a na akodɔm no rekɔ mpasua ahodoɔ no so. Wɔrekɔ no, na wɔreteam reto ɔko nnwom. 21Ankyɛre na Israel ne Filistifoɔ no bɛnee wɔn ho a wɔdi nhwɛanimu. 22Dawid gyaa ne nneɛma maa akodeɛ sohwɛfoɔ no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kɔkyeaa ne nuanom. 23Ɛberɛ a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfoɔ Goliat a ɔfiri Gat, firii Filistifoɔ akodɔm no mu teateaa mu kasatwie so kyerɛɛ Israel akodɔm no. 24Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu dwane kɔeɛ.

25Afei, na Israelfoɔ keka wɔ wɔn mu sɛ, “Woahunu ɔbrane no? Ɔba bɛkasa tiaa Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a ɔbɛtumi akum noɔ no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babaa bɛma no aware, na ne fiefoɔ nso, ɔhene remma wɔntua ɛtoɔ biara a wɔgye no Israelman mu.”

26Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne ho no sɛ, “Ɛdeɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛkum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguaseɛ yi afiri Israel so? Hwan ne saa Filistini ɔbosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ɔgu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm anim ase?”

27Wɔtii asɛm a wɔaka dada no mu kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ woate dada no yɛ nokorɛ. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a ɔbɛkum ɔbrane no.”

28Ɛberɛ a Dawid nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuu no, na ɔbisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba ha? Na nnwan kakra a wɔwɔ ɛserɛ so no, wode wɔn gyaa hwan? Menim sɛdeɛ wogye wo ho die ne sɛdeɛ wʼakomapirim teɛ. Ɔko yi hwɛ ara enti na wobaeɛ.”

29Dawid bisaa sɛ, “Mayɛ ɛdeɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?” 30Afei, ɔdanee ne ho ne afoforɔ kɔkasaeɛ. Ɔde asɛm korɔ no ara baeɛ, na mmarima no buaa no sɛdeɛ wɔaka dada no. 31Asɛm a Dawid kaeɛ no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no.

Dawid Kum Goliat

32Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Mma hwee nha wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”

33Saulo buaa Dawid sɛ, “Nka ahohwisɛm! Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa nanso, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔsraani firi ne mmɔfraase.”

34Na Dawid ka tii mu sɛ, “Mahwɛ mʼagya nnwan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere odwan ba bi afiri nnwankuo no mu a, 35mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no firi nʼanom. Na sɛ aboa no dane nʼani ba me hɔ a, mesɔ nʼabɔgye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no. 36Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini ɔbosonsomni no nso, ɛfiri sɛ, wagu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm ho fi. 37Awurade a ɔgyee me firii gyata ne sisi mmɔwerɛ ano no, ɔno ara na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.”

Saulo penee so kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ. Awurade nka wo ho.”

38Afei, Saulo de ɔno ankasa akodeɛ maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛ ne akotaadeɛ kaa ne ho. 39Dawid de hyɛeɛ, de akofena kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ mmienu, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da.

Afei, ɔkaa sɛ, “Merentumi mfa yeinom nhyehyɛ me ho nkɔ, ɛfiri sɛ, menhyɛɛ bi saa da.” Enti, ɔworɔɔ ne nyinaa guu hɔ. 40Ɔfaa kokwaboɔ enum firii asuwa bi mu, de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo mu. Ɔfaa ne nnwanhwɛfoɔ poma ne nʼahwimmoɔ nko ara. Afei, ɔsii ɛkwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko.

41Goliat twe pinii Dawid a nʼakokyɛmkurafoɔ di nʼanim. 42Goliat hunuu Dawid no, ɔbuu no abomfiaa. 43Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid sɛ, “Meyɛ ɔkraman na wode poma aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid. 44Goliat woroo so sɛ, “Bra mʼanim ha, na mede wo ɛnam bɛma nnomaa ne nkekaboa.”

45Ɛnna Dawid nso teaam guu ne so sɛ, “Wode, akofena, pea ne bɛmma na ɛreba me so, na me deɛ, mede Awurade Otumfoɔ Israel akodɔm Onyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so. 46Ɛnnɛ, Awurade bɛdi wo so nkonim, na mɛkum wo, atwa wo ti. Na mede wo mmarima a wɔdi wʼakyi no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na ewiase nyinaa bɛhunu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel! 47Na obiara bɛhunu sɛ, Onyankopɔn mfa akodeɛ na ɛgye ne nkurɔfoɔ. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”

48Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kɔhyiaa no. 49Ɔde ne nsa hyɛɛ nnwanhwɛfoɔ kotokuo no mu, yii kokwaboɔ baako de hyɛɛ nʼahwimmoɔ no mu toeɛ, ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwaboɔ no wuraa Goliat tirim ma ɔbu hweeɛ, maa nʼanim kɔbutuu fam. 50Enti, Dawid de ahwimmoɔ ne kokwaboɔ baako dii Filistini ɔkwabrane no so. Na ɛsiane sɛ na ɔnni akofena enti, 51ɔkɔɔ Goliat so kɔtwee nʼakofena firii ne bɔha mu. Dawid de akofena no kumm ɔkwabrane no twaa ne ti.

Ɛberɛ a Filistifoɔ hunuu sɛ wɔn kwabrane no awuo no, wɔtete sane wɔn akyi, dwaneeɛ.

Israel Di Filistifoɔ So Nkonim

52Afei, Israelfoɔ no bɔɔ ose kɛseɛ nkonimdie so, taa Filistifoɔ no ara kɔduruu Gat ne Ekron apono ano. Na Filistifoɔ a wɔawuwuo no afunu ne apirafoɔ no gugu ɛkwan so, de firi Saaraim de kɔduruu Gat ne Ekron. 53Afei, Israelfoɔ akodɔm sane wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifoɔ sraban a wɔadwane afiri hɔ no mu faa wɔn nneɛma.

54Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, ɛna ɔkoraa Filistini no akodeɛ wɔ ɔno ankasa ne ntomadan mu.

55Ɛberɛ a Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, ɔbisaa Abner a na ɔyɛ nʼakodɔm sahene sɛ, “Abner, hwan ba ne saa aberanteɛ yi?”

Abner buaa sɛ, “Nokorɛ nie, mennim.”

56Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, bisa.”

57Dawid kumm Goliat akyire no, Abner de no brɛɛ Saulo a na Filistini no ti da so kura no.

58Saulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.”

Na Dawid buaa sɛ, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”