1 Samuel 15 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 15:1-35

Awurade Po Saulo Sɛ Ɔhene

1Da bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Me na Awurade somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a efi Awurade nkyɛn no. 2Asɛm a Asafo Awurade se ni, ‘Me ne Amalekfo bedi wɔ nea wɔyɛ de tiaa Israelfo bere a na wofi Misraim reba no ho. 3Enti kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.’ ”

4Enti Saulo frɛɛ nʼakofo boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodow yɛ mpem ahannu ne mpem du nso a wofi Yuda. 5Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛw obon no mu. 6Na ɔkraa Kenifo no se, “Mumfi nea Amalekfo no te hɔ na mansɛe mo ne wɔn, efisɛ Israelfo no fi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yiye.” Enti Kenifo no twee wɔn ho fi Amalekfo no ho.

7Na Saulo kunkum Amalekfo no fii Hawila kosii Sur wɔ Misraim apuei fam. 8Ɔkyeree Amalekfo hene Agag anikann, nanso okunkum nnipa no nyinaa. 9Na Saulo ne nʼakofo no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nguan pa, anantwi pa ne anantwi ne nguamma a wɔadodɔ srade ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee nea so nni wɔn mfaso na enni mu nyinaa.

Awurade Po Saulo

10Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, 11“Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, efisɛ wanni me nokware, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haw Samuel, na osu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.

12Ade kyee no, Samuel sɔree ntɛm kohyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no se, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekosi nkaedum de ahyɛ ne ho anuonyam, na ofii hɔ kɔɔ Gilgal.”

13Samuel kɔtoo no no, Saulo kyiaa no anigye so se, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛde no so.”

14Samuel bisae se, “Na dɛn ne nguan ne anantwi su a mete yi?”

15Saulo gye too mu se, “Ɛyɛ nokware sɛ asraafo no amfa wɔn nsa anka nguan pa ne anantwi pa no. Nanso wɔde eyi rebɛbɔ afɔre ama Awurade, wo Nyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no de, yɛasɛe no.”

16Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu yi.”

Saulo bisaa se, “Dɛn asɛm?”

17Samuel ka kyerɛɛ no se, “Ebia wubu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wudii Israel mmusuakuw nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. 18Na ɔsomaa wo sɛ kodi dwuma bi ma no, na osee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumɔyɛfo a ɛyɛ Amalekfo no pasapasa, kosi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dwerɛbee.’ 19Adɛn nti na woantie Awurade? Adɛn nti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ nea Awurade kaa se monnyɛ?”

20Saulo nso kaa no denneennen se, “Mitiee Awurade. Nea ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛe. Mede ɔhene Agag san bae. Na wɔn a aka no de, mesɛee wɔn nyinaa. 21Na mʼakofo no nso de nguan pa, anantwi pa ne asade bae sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama Awurade, wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.”

22Na Samuel buae se,

“Nea ɛwɔ he na ɛsɔ Awurade ani:

sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre,

anaasɛ wobɛyɛ osetie ama Awurade nne?

Osetie ye sen afɔrebɔ.

Sɛ wubetie no no ye sen sɛ wode adwennini akɛse srade bɛma.

23Atuatew te sɛ bayi,

na asoɔden nso te sɛ ahonisom.

Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no nti,

ɔno nso apo wʼahenni.”

Saulo Srɛ Bɔnefakyɛ

24Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel se, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛde ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na misuro nnipa no nti na meyɛɛ wɔn apɛde maa wɔn no. 25Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”

26Samuel ka kyerɛɛ no se, “Merensan ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛde enti Awurade nso apo wʼahenni!”

27Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo soo nʼatade mu pɛɛ sɛ ɔsan no, na atade no mu suanee. 28Samuel ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ efi nnɛ, Awurade atew Israel ahemman mu afi wo ho de ama obi foforo a oye sen wo. 29Nea ɔyɛ Israel Anuonyam no nni atoro na ɔnsesa nʼadwene; efisɛ ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.”

30Saulo srɛɛ bio se, “Minim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me anuonyam wɔ me mpanyimfo ne me nkurɔfo anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Nyankopɔn.” 31Enti Samuel pene ne Saulo san kɔe, na Saulo som Awurade.

Samuel Kum Ɔhene Agag

32Afei, Samuel kaa se, “Fa ɔhene Agag brɛ me.”

Agag baa ne nkyɛn gyidi mu, susuw sɛ ɛhɔ a wakɔ no de, owu apare no.

33Nanso Samuel kae se,

“Sɛnea wʼafoa akum mmea bi mmabarima no,

wo nso wo na bɛyɛ ɔbea a onni ba.”

Enti Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.

34Na Samuel fi hɔ kɔɔ Rama na Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea. 35Samuel anhyia Saulo bio nanso odii ne ho yaw bebree. Na Awurade nuu ne ho sɛ osii Saulo hene wɔ Israel so.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 15:1-35

扫罗王被废

1一天,撒母耳扫罗说:“耶和华差遣我膏立你做祂以色列子民的王,所以你要听从祂的话。 2万军之耶和华说,‘我要惩罚亚玛力人,因为在以色列人离开埃及的时候,他们与以色列人为敌。 3你现在要去攻打他们,彻底消灭他们和他们拥有的一切,把男女老幼、牛羊骆驼和驴全部杀掉,一个不留。’”

4于是,扫罗提拉因召集了二十万步兵,另有从犹大来的一万人。 5扫罗来到亚玛力的城池,在山谷里埋伏起来。 6他对基尼人说:“你们离开亚玛力人吧,免得我把你们也一起消灭,因为在以色列人离开埃及的时候,你们曾善待他们。”于是,基尼人离开了亚玛力人。 7扫罗攻打亚玛力人,从哈腓拉直打到埃及东面的书珥8生擒了亚玛力亚甲,杀尽了亚玛力人。 9扫罗和他的士兵却留下了亚甲和那些上好的牛羊、肥壮的牛犊和羊羔及一切美物,只毁灭了那些瘦弱无用的牲畜。

10那时,耶和华对撒母耳说: 11“我后悔立扫罗为王,因为他离弃了我,不遵守我的命令。”撒母耳很难过,整夜呼求耶和华。 12第二天清早,撒母耳起来去见扫罗,有人告诉他扫罗已前往迦密山,在那里为自己立了纪念碑,然后去了吉甲13撒母耳到了扫罗那里后,扫罗说:“愿耶和华赐福给你,我已经遵守了耶和华的命令。” 14撒母耳说:“那么,我现在听见的牛羊叫声是从哪里来的?” 15扫罗答道:“这是众人从亚玛力人那里带回来的,他们留下了这些上好的牛羊要献给你的上帝耶和华,我们毁灭了其余的一切。” 16撒母耳扫罗说:“住口!让我告诉你耶和华昨天晚上对我说的话。”扫罗答道:“请说。”

17撒母耳说:“虽然你从前觉得自己微不足道,但现在却做了以色列各支派的首领。耶和华膏立你做以色列的王。 18祂差遣你去攻打那些罪恶的亚玛力人,命你把他们全部消灭。 19你为何不听从祂的命令?你为何急于掠夺财物,做耶和华视为邪恶的事呢?” 20扫罗答道:“我的确服从了耶和华的命令,照着耶和华的吩咐做了。我把亚玛力亚甲带了回来,杀尽了其余的亚玛力人。 21士兵们却从本该毁灭的战利品中取了上好的牛羊,准备在吉甲奉献给你的上帝耶和华。” 22撒母耳说:

“耶和华喜欢燔祭和其他祭物,

还是喜欢人们听从祂的话?

顺服胜于献祭,

听从耶和华胜过向祂献上公羊的脂肪。

23叛逆不亚于行巫术的罪,

顽固不化无异于拜偶像。

你拒绝耶和华的命令,

祂也拒绝你做王。”

24扫罗撒母耳说:“我犯罪了!我违背了耶和华的命令和你的指示。我因惧怕百姓,就听从了他们。 25现在求你赦免我的罪,跟我一起回去,我好敬拜耶和华。” 26撒母耳说:“我不会跟你回去,你既然拒绝遵行耶和华的命令,祂也拒绝你做以色列的王。” 27撒母耳转身离去,扫罗就抓住他的衣边,结果衣边被撕下来了。 28撒母耳对他说:“耶和华今天已经从你身上拿走了以色列国的王位,赐给了一个比你好的人。 29以色列荣耀的上帝不说谎、也不改变心意,因为祂不是多变的世人。” 30扫罗说:“我犯了罪,但求你在以色列的长老和百姓面前尊重我,求你跟我回去,我好敬拜你的上帝耶和华。” 31于是,撒母耳扫罗一起回去,扫罗就敬拜耶和华。

32撒母耳说:“把亚玛力亚甲带到我这里来。”亚甲若无其事地来到他面前,心想自己一定逃过一死了。 33撒母耳对他说:“你的刀怎样使妇人失去儿女,你的母亲也要怎样丧去她的儿子。”于是,撒母耳就在吉甲,在耶和华面前把亚甲杀死了。

34事后,撒母耳回到拉玛扫罗也返回基比亚自己的家。 35撒母耳一直到死没有再见扫罗,但他为扫罗哀伤。耶和华后悔立扫罗以色列王。