1 Samuel 13 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 13:1-23

Israel Ne Filisti Akodi

1Bere a Saulo dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan abien.

2Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow yɛ mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.

3Eyi akyi no, ankyɛ na Yonatan kɔtoaa Filistifo asraafo no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛw ntɛm so wɔ Filistifo no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa se, “Hebrifo, monsɔre!” 4Israelfo nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifo asraafo a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa nti, Israelfo ho ayɛ Filistifo no ahi. Enti Israel asraafo no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.

5Filistifo boaboaa nsraadɔm kɛse pa ara ano a wokura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefo mpem asia ne asraafo a wɔn dodow te sɛ mpoano nwea ano. Wɔkyeree nsraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apuei fam. 6Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho wɔ abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu. 7Ebinom twaa Asubɔnten Yordan guan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa bere no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopo ne osuro mu. 8Odii nnanson wɔ hɔ sɛnea Samuel hyɛɛ no sɛ onni no; nanso Samuel de, wamma Gilgal, na Saulo huu sɛ mmarima no rebɔ ahwete. 9Enti ɔhyɛe se, “Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyew afɔre no. 10Ɔrewie afɔre no bɔ ara pɛ, na Samuel koduu hɔ. Enti Saulo pue kohyiaa no maa no akwaaba.

11Samuel bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi?”

Saulo buae se, “Mihuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifo no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no, 12medwenee se, ‘Afei de, Filistifo no besian abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso mimmisaa Awurade nkyɛn adom ɛ.’ Enti metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyew afɔre ansa na woaba.” 13Na Samuel kae se, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wudii so a, anka obetim wʼahenni ase wɔ Israel afebɔɔ. 14Na mprempren, wʼahenni no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ ne koma apɛde na wayi no sɛ ne nkurɔfo ɔkannifo, efisɛ woanni Awurade mmara no so.”

15Na Samuel fii Gilgal kɔɔ Gibea wɔ Benyamin. Saulo kan mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si bɛyɛ ahansia. 16Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a wɔka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa bere no na Filistifo no akyere nsraban wɔ Mikmas. 17Afowfo akuw abiɛsa fii Filistifo nsraban mu. Kuw baako de nʼani kyerɛɛ Ofra kwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ. 18Afoforo faa Bet-Horon kwan so na wɔn a wɔka ho no nso faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so, kɔɔ sare so fam.

19Saa bere no, na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifo no amma atomfo no kwan, efisɛ wose, “Anyɛ saa a atomfo no bɛbɔ afoa ne mpeaw ama Hebrifo no.” 20Enti na Israelfo no nyinaa kɔ Filistifo nkyɛn kɔsesew wɔn funtum nnade, nsɔw, mmonnua ne dɔtetu nnade ano. 21(Na wogye funtum nnade ne asosɔw a wɔsew no biara ho dwetɛ gram awotwe, na sɛ wɔsew mmonnua anaa mmoaka nnade a, wogye dwetɛ gram anan.) 22Ɛno nti na Israelfo no mu biara nni afoa anaa peaw, gye sɛ Saulo ne Yonatan.

23Saa bere no mu, na Filistifo asraafo no fa bi akɔ akɔfa ɔtempɔn a ɛda Mikmas no.

Korean Living Bible

사무엘상 13:1-23

블레셋과의 전쟁과 사울의 불법적인 제사

1사울은 왕이 되어 이스라엘을 다스린 지 2년째에 이스라엘 백성을 모으고

2그 중에서 3,000명을 골라 2,000명은 자기와 함께 믹마스와 벧엘산에 있게 하고 나머지 1,000명은 그의 아들 요나단과 함께 베냐민 지파의 땅 기브아에 있게 하였으며 남은 백성은 모두 집으로 돌려보냈다.

3-4그때 요나단이 게바에 있는 블레셋 사 람의 주둔군을 쳐서 죽이자 이 소식이 순식간에 블레셋 땅에 전해졌다. 그래서 사울은 전국 각처에 나팔을 불게 하여 그가 블레셋 주둔군을 죽여 이스라엘 사람이 블레셋 사람에게 증오의 대상이 되었다는 것을 알리도록 하였다. 그러자 이스라엘 백성들은 이 소식을 듣고 길갈에 모여 사울을 따랐다.

5한편 블레셋 사람들은 이스라엘과 싸우려고 막강한 군대를 이끌고 올라와 벧 – 아웬 동쪽의 믹마스에 진을 쳤는데 전차 13:5 또는 ‘3,000대’30,000대와 마병 6,000명을 가진 그들의 병력은 해변의 모래알처럼 많았다.

6이때 적의 어마어마한 병력을 보고 사태가 다급해진 이스라엘 사람들은 완전히 전의를 상실하고 굴과 수풀과 바위틈과 빈 무덤과 웅덩이를 찾아 숨었고

7어떤 사람들은 요단강을 건너 갓과 길르앗 땅으로 도망치기도 하였다. 그러나 사울은 아직 길갈에 머물러 있었고 그와 함께 있는 사람들은 다가올 위험을 생각하며 무서워서 떨고 있었다.

8거기서 사울은 사무엘의 지시대로 그를 7일 동안 기다렸으나 사무엘은 그때까지 오지 않았다. 그러자 남아 있던 사람들마저 하나씩 둘씩 뿔뿔이 흩어지기 시작하였다.

9그래서 사울은 번제물과 화목제물을 가져오게 하여 그것을 직접 불로 태워 드렸다.

10그러나 그가 막 제사를 다 드렸을 때 사무엘이 도착하였다. 사울이 나가 그를 맞았으나

11사무엘은 “도대체 이게 무슨 일이오?” 하고 오히려 왕을 꾸짖었다. 그러자 사울이 이렇게 대답하였다. “내 부하들은 내 곁을 떠나고 당신은 오기로 약속한 날에 오지 않고 게다가 블레셋군은 믹마스에서 전투 태세를 갖추고 있는 것을 보고

12‘블레셋 사람들이 나를 치려고 오는데 나는 아직도 여호와의 도움을 구하지 않았다’ 는 생각이 들었소. 그래서 내가 당신을 더 이상 기다릴 수가 없어 하는 수 없이 번제를 드리고 말았소.”

13이때 사무엘이 사울에게 말하였다. “당신은 어리석은 짓을 하였소! 당신은 왕으로서 당신의 하나님 여호와의 명령에 불순종했단 말이오. 여호와께서는 당신과 당신의 자손들을 영원히 이스라엘의 왕으로 삼을 작정이었소.

14그러나 이제 당신의 나라는 길지 못할 것이오. 여호와께서는 이미 자기 마음에 드는 사람을 찾아서 자기 백성을 다스릴 왕으로 세웠소. 이것은 당신이 여호와의 명령에 순종하지 않았기 때문이오.”

15그러고서 사무엘은 길갈을 떠나 베냐민 땅의 기브아로 가 버리고 말았다. 사울은 남은 병력의 인원을 점검했으나 600명 정도밖에 되지 않았다.

16사울과 그의 아들 요나단과 남은 백성은 베냐민 땅의 게바에 진을 치고 블레셋 사람은 믹마스에 그대로 있었다.

17블레셋군은 3개 부대의 특공대를 조직하여 블레셋 진지에서 나왔다. 한 부대는 수알 땅의 오브라로 향하였고

18또 한 부대는 벧 – 호론으로, 나머지 한 부대는 광야 부근의 스보임 골짜기가 내려다보이는 국경 지대로 향하였다.

19그 당시에는 이스라엘 땅에 철공이 하나도 없었다. 블레셋 사람들은 히브리 사람들이 칼이나 창을 만들어 가지는 것을 두렵게 여겨 히브리 사람들에게는 그런 것을 만들지 못하게 했기 때문이었다.

20그래서 이스라엘 사람들은 보습이나 도끼나 괭이나 낫을 벼릴 때마다 그것을 블레셋 대장장이에게 가지고 갔는데

21보습이나 삽을 벼리는 값은 동전 13:21 또는 ‘2/3세겔’두 개였고 도끼나 낫이나 쇠채찍을 벼리는 값은 동전 13:21 또는 ‘1/3세겔’한 개였다.

22그래서 그날 사울과 요나단을 제외한 이스라엘 전 군인에게는 칼이나 창이 하나도 없었다.

23그리고 블레셋군은 일부 병력을 투입하여 믹마스 고개를 지키도록 하였다.