1 Samuel 12 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Samuel 12:1-25

Samuel Nkradi

1Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio se, “Nea mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. 2Matwa me mmabarima ho ayi no, na migyina ha sɛ akwakoraa tidwen. Masom sɛ mo kannifo fi me mmofraase. 3Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.”

4Wobuaa se, “Dabi, wunsisii yɛn, na wunnii yɛn nya ɔkwan biara so, na wunnyee adanmude fua pɛ mpo.”

5Samuel kae se, “Awurade ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.”

Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!”

6Samuel toaa so se, “Ɛyɛ Awurade na oyii Mose ne Aaron. Ɔno na oyii mo agyanom fii Misraim asase so. 7Mprempren, munnyina ha dinn wɔ Awurade anim bere a migu so rekaakae mo nneɛma akɛse a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.

8“Bere a na Israelfo wɔ Misraim na wosu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wonnyi wɔn mfi Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so.

9“Nanso ankyɛ biara na nnipa no werɛ fii Awurade, wɔn Nyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor asraafo sahene no ne Filistifo ne Moabhene dii wɔn so. 10Afei, wosu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne se, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afi Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wugye yɛn fi yɛn atamfo nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’ 11Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ogyee mo fii mo atamfo nsam na mobɛtenaa asomdwoe mu.

12“Nanso musuroo Amonfo hene Nahas nti, moka kyerɛɛ me se, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Nyankopɔn yɛ mo so hene. 13Afei, mo hene a moayi no ni; nea mobisae no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛde ama mo. 14Sɛ musuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo hene a odi mo so no nyinaa di Awurade, mo Nyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yiye. 15Na sɛ moantie Awurade, na mubu ne mmara so a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛnea ɛyɛɛ mo agyanom so no.

16“Enti afei, munnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛse a Awurade rebɛyɛ. 17Munim sɛ saa bere yi a ɛyɛ awitwabere yi, osu ntɔ. Mɛma Awurade apae aprannaa na ama osu atɔ. Afei mubehu bɔne a moyɛe sɛ mobisaa ɔhene no.”

18Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na da no ara, Awurade paee aprannaa, tɔɔ osu. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel. 19Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel se, “Bɔ Awurade, wo Nyankopɔn, mpae ma wʼasomfo sɛnea yɛrenwu, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahorow nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.”

20Samuel buae se, “Munnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi de, nanso monnnan mo ani mmfi Awurade so, na momfa mo koma nyinaa nsom Awurade. 21Monnsan nkodi ahoni huhuw a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, efisɛ wɔn so nni mfaso. 22Esiane ne din kɛse no nti, Awurade rempo ne nkurɔfo. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼade. 23Na me de, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpae mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. 24Nanso monhwɛ sɛ mubesuro Awurade na moasom no nokware mu. 25Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo hene nyinaa.”

New International Version

1 Samuel 12:1-25

Samuel’s Farewell Speech

1Samuel said to all Israel, “I have listened to everything you said to me and have set a king over you. 2Now you have a king as your leader. As for me, I am old and gray, and my sons are here with you. I have been your leader from my youth until this day. 3Here I stand. Testify against me in the presence of the Lord and his anointed. Whose ox have I taken? Whose donkey have I taken? Whom have I cheated? Whom have I oppressed? From whose hand have I accepted a bribe to make me shut my eyes? If I have done any of these things, I will make it right.”

4“You have not cheated or oppressed us,” they replied. “You have not taken anything from anyone’s hand.”

5Samuel said to them, “The Lord is witness against you, and also his anointed is witness this day, that you have not found anything in my hand.”

“He is witness,” they said.

6Then Samuel said to the people, “It is the Lord who appointed Moses and Aaron and brought your ancestors up out of Egypt. 7Now then, stand here, because I am going to confront you with evidence before the Lord as to all the righteous acts performed by the Lord for you and your ancestors.

8“After Jacob entered Egypt, they cried to the Lord for help, and the Lord sent Moses and Aaron, who brought your ancestors out of Egypt and settled them in this place.

9“But they forgot the Lord their God; so he sold them into the hand of Sisera, the commander of the army of Hazor, and into the hands of the Philistines and the king of Moab, who fought against them. 10They cried out to the Lord and said, ‘We have sinned; we have forsaken the Lord and served the Baals and the Ashtoreths. But now deliver us from the hands of our enemies, and we will serve you.’ 11Then the Lord sent Jerub-Baal,12:11 Also called Gideon Barak,12:11 Some Septuagint manuscripts and Syriac; Hebrew Bedan Jephthah and Samuel,12:11 Hebrew; some Septuagint manuscripts and Syriac Samson and he delivered you from the hands of your enemies all around you, so that you lived in safety.

12“But when you saw that Nahash king of the Ammonites was moving against you, you said to me, ‘No, we want a king to rule over us’—even though the Lord your God was your king. 13Now here is the king you have chosen, the one you asked for; see, the Lord has set a king over you. 14If you fear the Lord and serve and obey him and do not rebel against his commands, and if both you and the king who reigns over you follow the Lord your God—good! 15But if you do not obey the Lord, and if you rebel against his commands, his hand will be against you, as it was against your ancestors.

16“Now then, stand still and see this great thing the Lord is about to do before your eyes! 17Is it not wheat harvest now? I will call on the Lord to send thunder and rain. And you will realize what an evil thing you did in the eyes of the Lord when you asked for a king.”

18Then Samuel called on the Lord, and that same day the Lord sent thunder and rain. So all the people stood in awe of the Lord and of Samuel.

19The people all said to Samuel, “Pray to the Lord your God for your servants so that we will not die, for we have added to all our other sins the evil of asking for a king.”

20“Do not be afraid,” Samuel replied. “You have done all this evil; yet do not turn away from the Lord, but serve the Lord with all your heart. 21Do not turn away after useless idols. They can do you no good, nor can they rescue you, because they are useless. 22For the sake of his great name the Lord will not reject his people, because the Lord was pleased to make you his own. 23As for me, far be it from me that I should sin against the Lord by failing to pray for you. And I will teach you the way that is good and right. 24But be sure to fear the Lord and serve him faithfully with all your heart; consider what great things he has done for you. 25Yet if you persist in doing evil, both you and your king will perish.”