1 Petro 4 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Petro 4:1-19

Abrabɔ Foforo

1Esiane sɛ Kristo huu amane wɔ ne honam mu nti, munso saa adwene koro no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Efisɛ nea wahu amane wɔ ɔhonam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ. 2Efi mprempren rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na odi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. 3Moasɛe mmere bebree de ayɛ nea anka ɛsɛ sɛ abosonsomfo na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwi, akɔnnɔbɔne, nsabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a ɛyɛ akyiwade mu. 4Mprempren ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno nti wɔyeyaw mo. 5Nanso wobebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefo ne awufo atɛn no. 6Saa nti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wogyina wɔn asetena yi mu nneyɛe so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena.

7Biribiara awiei abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpae. 8Eyi akyi no, monnodɔ mo ho yiye, efisɛ ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so. 9Munnye mo ho mo ho ahɔho wɔ mo afi mu a anwiinwii biara nni mu. 10Obiara nnyina Honhom mu adom a wanya no so mfa nsom afoforo. 11Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, mfa ahoɔden a Onyankopɔn de ma no no nsom sɛnea biribiara mu no, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a anuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen.

Okristoni Amanehunu

12Anuanom, mommma amane a morehu no nyɛ mo nwonwa te sɛ nea montee so asɛm da. 13Na mmom, momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehu amane sɛnea mo ani begye daa, da a ɔbɛda nʼanuonyam adi no. 14Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifo nti wɔyaw mo. Eyi kyerɛ sɛ anuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so. 15Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa odwotwafo anaa ɔsɛmpɛfo. 16Na sɛ muhu amane wɔ mo Kristosom mu a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo de. 17Bere adu sɛ wobu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfo na wobedi kan abu wɔn atɛn. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie Asɛmpa no ho asoɔdenfo no dɛn? 18Kyerɛwsɛm no ka se,

“Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa;

na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”

19Ne saa nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no de wɔn ho ma Ɔbɔade no na wɔkɔ so yɛ papa.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

彼得前书 4:1-19

生活的改变

1既然基督曾在肉身上为你们受苦,你们也要怀着同样的心志,因为肉体受过苦的人已经与罪断绝了关系, 2可以在今后的生活中不再随从人的私欲,只服从上帝的旨意。 3你们从前长期沉溺于异教徒的嗜好——淫乱、纵欲、醉酒、狂欢、宴乐和可憎的偶像崇拜。 4如今你们不再和他们同流合污,他们觉得奇怪,就用恶言毁谤你们。 5但他们将来必须向审判活人和死人的主交账。 6正因如此,福音也曾传给已死的人。这样,他们的肉体虽然像世人一样受了审判,他们的灵魂却可以靠上帝活着。

恩典的好管家

7万物的尽头快到了。因此,你们要谨慎自律,警醒祷告。 8最重要的是要彼此真诚相爱,因为爱可以遮盖许多罪。 9要互相接待,不发怨言, 10按着自己所得的恩赐彼此服侍,做上帝各样恩典的好管家。 11能讲道的,要按着上帝的话去讲;能服侍人的,要本着上帝所赐的力量去服侍。这样,上帝会借着耶稣基督在一切的事上得到荣耀。

愿荣耀和权能都归于祂,直到永永远远。阿们!

以受苦为荣

12亲爱的弟兄姊妹,若有火一般的试炼临到你们,不要觉得奇怪,以为发生了什么不寻常的事, 13反倒要欢喜,因为你们是与基督一起受苦。这样,你们在祂的荣耀显现时可以和祂一同欢喜快乐。 14如果你们为基督的缘故受辱骂,就有福了!因为上帝荣耀的灵常住在你们身上。 15你们谁也不可因杀人、偷盗、作恶或管闲事而受苦。 16若是为了做基督徒而受苦,不要觉得羞耻,要因这身份归荣耀给上帝。 17因为时候到了,审判要先从上帝的家开始。如果审判要从我们开始,那些不信从上帝福音的人会有怎样的结局呢? 18如果义人得救尚且不易,不敬虔的人和罪人会有什么下场呢? 19所以,照上帝旨意受苦的人要继续专心行善,将自己的灵魂交托给那位信实的造物主。