1 Petro 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Petro 3:1-22

Ɔyerenom Ne Okununom

1Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi, 2efisɛ wobehu obu ne nidi a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu. 3Mommfa nneɛma foforo bi nkeka mo ho mma mo ho nyɛ fɛ; sɛ ɛyɛ ɔkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinne a mode siesie mo ho, anaa ntama a mufura. 4Momfa odwo ne ahobrɛase nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ komamtew no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛ na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5Saa ɔkwan yi so na mmea agyidifo a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ. 6Sara yɛɛ saa ara. Otiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Mprempren sɛ moyɛ papa na munsuro hwee a moyɛ ne mmabea.

7Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa nidi mma wɔn na munhu mmerɛw a wɔyɛ na munhu sɛ wɔne mo yɛ adedifo, na biribi ansiw mo mpaebɔ ho kwan.

Papayɛ So Amanehunu

8Nea etwa to, mo nyinaa montena ase asomdwoe mu. Munnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔbɔ, na mommrɛ mo ho ase. 9Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyaw nso ntua ɔyaw so ka. Na mmom, daa munhyirahyira, efisɛ ɛno nti na wɔfrɛɛ mo, na moanya nhyira. 10Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,

“Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yiye

na ohu nna pa no,

ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne,

na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.

11Ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho fi bɔne ho na ɔyɛ papa

na ɔhwehwɛ asomdwoe na odi akyi.

12Efisɛ Awurade ani wɔ atreneefo so

na otie wɔn mpaebɔ

na otia wɔn a wɔyɛ bɔne.”

13Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, hena na ɔbɛhaw wo? 14Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ nea ɛteɛ na wuhu ho amane a, wʼani gye. Munnsuro nnipa, na mommma hwee nhaw mo. 15Momfa nidi mma Kristo wɔ mo koma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Bere biara a obi bebisa mo gyidi a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no ase. 16Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛnea wɔn a wɔka kasa bɔne fa mo suban pa wɔ Kristo mu no ho no anim begu ase wɔ wɔn nseku no ho. 17Efisɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mubehu amane a, eye sɛ mubehu ade trenee a moyɛe ho amane sen sɛ mobɛyɛ bɔne. 18Efisɛ Kristo no ankasa wu maa mo. Owui pɛnkoro maa mo bɔne sɛnea ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, nanso ɔsɔree wɔ honhom mu, 19na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. 20Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn bere a Noa resen ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn tɔɔ ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsu no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa, 21na saa nsu yi yɛ asubɔ a egye mo nkwa mprempren no nsɛnkyerɛnne; ɛnyɛ ɔhonam ani fi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wofi ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa. 22Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na odi abɔfo ne wim atumfo nyinaa so hene.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Petro 3:1-22

Ɔyerenom Ne Okununom

1Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi, 2ɛfiri sɛ wɔbɛhunu obuo ne anidie a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu. 3Mommma ɔhonam mu asiesie nnyɛ mo dadwene; sɛ ɛyɛ ɛkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinneɛ a mode siesie mo ho, anaa ntoma a mofira. 4Momfa ɔdwoɔ ne ahobrɛaseɛ nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ akomamuteɛ no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛre na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5Saa ɛkwan yi so na mmaa agyidifoɔ a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ. 6Sara yɛɛ saa ara. Ɔtiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Seesei sɛ moyɛ papa na monsuro hwee a, moyɛ ne mmammaa.

7Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa anidie mma wɔn na monhunu mmerɛ a wɔyɛ na monhunu sɛ wɔne mo yɛ adedifoɔ, na biribi ansi mo mpaeɛbɔ ɛkwan.

Papayɛ So Amanehunu

8Deɛ ɛtwa toɔ, Mo nyinaa montena ase asomdwoeɛ mu. Monnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔborɔ, na mommrɛ mo ho ase. 9Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyea nso ntua ɔyea so ka. Na mmom, daa, monhyirahyira, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira. 10Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yie

na ɔhunu nna pa no,

ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne,

na ɛsɛ sɛ ɔgyae atorɔtwa.

11Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ papa

na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire.

12Ɛfiri sɛ, Awurade ani wɔ ateneneefoɔ so

na ɔtie wɔn mpaeɛbɔ

na ɔtia wɔn a wɔyɛ bɔne.”

13Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ deɛ ɛtene a, hwan na ɔbɛha wo? 14Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ deɛ ɛtene na wohunu ho amane a, wʼani gye. Monnsuro nnipa, na mommma hwee nha mo. 15Momfa anidie mma Kristo wɔ mo akoma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Ɛberɛ biara a obi bɛbisa mo gyidie a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no aseɛ. 16Momfa obuo ne anidie mma saa mmuaeɛ no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛdeɛ wɔn a wɔsopa mo suban pa wɔ Kristo mu no anim bɛgu ase wɔ wɔn nsekuro no ho. 17Ɛfiri sɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mobɛhunu amane a, ɛyɛ sɛ mobɛhunu ade tenenee a moyɛeɛ ho amane sene sɛ mobɛyɛ bɔne. 18Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Ɔwuu pɛnkorɔ maa mo bɔne sɛdeɛ ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu, 19na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. 20Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn ɛberɛ a Noa resene ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn too ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsuo no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa. 21Ɛno na afei ne sɛso ne asubɔ a ɛgye mo nkwa seesei no. Ɛnyɛ honam ani efi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wɔfiri ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔreɛ so gye mo nkwa. 22Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na ɔdi ɔhene wɔ abɔfoɔ nyinaa ne ewiem atumfoɔ so.