1 Mose 49 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 49:1-33

Yakob Hyira Ne Mmabarima

1Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye.

2“Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie;

muntie mo agya Israel.

3“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.

Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan a

ɛboro anuonyam ne tumi so.

4Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,

efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae,

de guu mʼanim ase.

5“Simeon ne Lewi yɛ anuanom.

Wogyina hɔ ma basabasayɛ ne asisi.

6Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho,

efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa,

na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani.

7Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den,

na ɛyɛ atirimɔdensɛm!

Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahwete

Israelman mu nyinaa.

8“Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ.

Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa.

Wʼagya mmabarima bɛkotow wo.

9Yuda, woyɛ gyata ba a

woawe wʼatamfo nam awie.

Wote sɛ gyata a wabutuw.

Hena na obetumi akɔka no?

10Ahempema remfi Yuda nsam,

na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam,

kosi sɛ, nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba.

11Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu.

Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu.

Ɔbɛhoro ne ntama wɔ nsa mu,

na wahoro nʼatade nso wɔ bobesa kɔɔ mu.

12Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa.

Ne se bɛyɛ fitaa asen nufusu.

13“Sebulon bɛtena mpoano.

Obesisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.

Nʼahye so bɛtrɛw akosi Sidon.

14“Isakar yɛ afurum hoɔdenfo a

obutuw hɔ rehome wɔ nguankuw mu.

15Sɛ ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa,

ne sɛnea nʼasase no so dwo a,

obekuntun agye adesoa,

na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.

16“Dan bebu ne manfo atɛn

sɛ Israel mmusuakuw no baako.

17Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn;

ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu a

ɔka ɔpɔnkɔ nantin,

sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi.

18Awurade, wo nkwagye na meretwɛn.

19“Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so,

na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so.

20“Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa.

Na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ.

21“Naftali te sɛ ɔforote a wɔagyaa no a

ɔwo mma ahoɔfɛfo.

22“Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba,

a esi asuten ho,

na ne mman tra afasu.

23Agyantowfo kaa no hyɛe,

de abufuw tow hyɛɛ ne so.

24Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn,

na ne basa mu yɛɛ den;

esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no no

a ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no;

25esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no;

Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo;

nhyira a efi asase ase pɛɛ;

nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no.

26Wʼagya nhyira a wɔahyira no no

bɛdɔɔso asen tete nteredee mmepɔw

ne nkoko a etintim hɔ daa no so nnɔbae.

Eyinom nyinaa mmra Yosef ti so,

engugu anuanom no mu nea wɔapaw no no anintɔn so.

27“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;

ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we,

na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no.”

28Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no.

Yakob Wu Ne Ne Sie

29Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. Sɛ miwu a, munsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no mu. 30Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei. 31Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso. 32Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn.”

33Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 49:1-33

Yakob Hyira Ne Mmammarima

1Yakob frɛɛ ne mmammarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛtwa me ho nhyia, na menka mo deɛ ɛbɛba mo so.

2“Yakob mmammarima, mommoaboa mo ho ano, na montie;

montie mo agya Israel.

3“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.

Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a

ɛboro animuonyam ne tumi so.

4Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,

ɛfiri sɛ, woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdaeɛ,

de guu mʼanim ase.

5“Simeon ne Lewi yɛ anuanom.

Wɔgyina hɔ ma basabasayɛ ne nsisie.

6Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho,

ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn abufuo so akunkum nnipa,

na wɔkunkumm anantwie de gyee wɔn ani.

7Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den,

na ɛyɛ atirimuɔdensɛm!

Ɛno enti, mɛbɔ wɔn asefoɔ ahwete

Israelman mu nyinaa.

8“Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ.

Wobɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.

Wʼagya mmammarima bɛkoto wo.

9Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a

woawe wʼatamfoɔ ɛnam awie.

Wote sɛ gyata a wabutu.

Hwan na ɔbɛtumi akɔka no?

10Ahempoma remfiri Yuda nsam,

na saa ara nso na ahempoma remfiri ne nan ntam,

kɔsi sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea a aman nyinaa bɛtie no no bɛba.

11Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu.

Ɔde nʼafunumu ba bɛsa bobe pa mman mu.

Ɔbɛsi ne ntoma wɔ nsã mu,

na wasi nʼatadeɛ nso wɔ bobesa kɔɔ mu.

12Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa.

Ne se bɛyɛ fitaa asene nufosuo.

13“Sebulon bɛtena mpoano.

Ɔbɛsisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.

Nʼahyeɛ so bɛtrɛ akɔsi Sidon.

14“Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a

ɔbutu hɔ rehome wɔ nnwankuo mu.

15Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a,

ne sɛdeɛ nʼasase no so dwo a,

ɔbɛkuntunu agye adesoa,

na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.

16“Dan bɛbu ne manfoɔ atɛn

sɛ Israel mmusuakuo no baako.

17Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn;

ɔbɛyɛ sɛ ahuritia a ɔnam tempɔn mu a

ɔka ɔpɔnkɔ nantin,

sɛdeɛ ɛbɛma ne sotefoɔ ate ahwe nʼakyiri.

18“Ao, Awurade, wo nkwagyeɛ na meretwɛn.

19“Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so,

na ɔno nso bɛti wɔn ato ahyɛ wɔn so.

20“Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa.

Na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.

21“Naftali te sɛ ɔforoteɛ a wɔagyaa no a

ɔwo mma ahoɔfɛfoɔ.

22“Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba,

a ɛsi asutene ho,

na ne mman tra afasuo.

23Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ,

de abufuo to hyɛɛ ne so.

24Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn,

na ne basa mu yɛɛ den;

esiane Otumfoɔ Onyankopɔn a Yakob somm no no

a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ ne Israel botantim no;

25esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no;

Otumfoɔ a ɔde ɔsoro nhyira bɛhyira wo;

nhyira a ɛfiri asase ase pɛɛ;

nhyira a ɛfiri nufoɔ ne yafunu mu no.

26Wʼagya nhyira a wɔahyira no no

bɛdɔɔso asene tete ntredee mmepɔ

ne nkokoɔ a ɛtintim hɔ daa no so nnɔbaeɛ.

Yeinom nyinaa mmra Yosef a ɔda mu fua

a wɔpaa no firii ne nuanom mu no so.

27“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;

ɔbɔ aporɔ anɔpa, kye nʼahaboa we,

na ɛduru anwummerɛ a, ɔkyekyɛ ɛnam nkaeɛ no.”

28Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no.

Yakob Wuo Ne Ne Sie

29Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu. 30Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ. 31Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso. 32Me nana Abraham tɔɔ afuo no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa firii Hetifoɔ no nkyɛn.”

33Ɛberɛ a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wuiɛ. Wɔkɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn.