1 Mose 48 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 48:1-22

Yakob Hyira Efraim Ne Manase

1Mmere bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya yare.” Enti Yosef faa ne mmabarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no. 2Bere a wɔbɔɔ Yakob amanneɛ se, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so.

3Yakob ka kyerɛɛ Yosef se, “Otumfo Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ohyiraa me, 4ka kyerɛɛ me se, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefo ayɛ ɔman kɛse. Mede saa asase yi bɛma wʼasefo afebɔɔ sɛ wɔn agyapade.’

5“Ɛno nti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛnea Ruben ne Simeon yɛ me mma no. 6Mma foforo biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyi no na wɔbɛyɛ wo de. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapade no so. 7Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”

8Bere a Israel huu Yosef mmabarima no, obisae se, “Na eyinom yɛ hefo?”

9Yosef buaa nʼagya se, “Wɔyɛ mmabarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.”

Na Israel kae se, “Fa wɔn bra mʼanim ha na minhyira wɔn.”

10Saa bere no, esiane onyin nti, na Israel ani so ayɛ wusiwusi a onhu ade papa. Ne saa nti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fifew wɔn ano.

11Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Manna mannwene sɛ mehu wʼanim bio da, nanso hwɛ nea Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahu wo mma nso.”

12Yosef maa wɔn so fii Israel kotodwe anim, na ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuw fam. 13Ɔsɔre no, ɔde ne nsa nifa soo Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, na ɔde ne nsa benkum soo Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ. 14Israel teɛɛ ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, na ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwɔ mu sɛ na Manase yɛ abakan de, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.

15Ohyiraa Yosef se,

“Onyankopɔn a mʼagyanom

Abraham ne Isak nantew nʼanim,

ne me Nyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ oguanhwɛfo

de besi nnɛ no,

16ɔsoro bɔfo a ogyee me fii ɔhaw nyinaa mu no,

onhyira saa mmarimaa yi.

Wɔmfa me din ne mʼagyanom,

Abraham ne Isak din ntoto wɔn,

na wɔn ase mfɛe

wɔ asase so.”

17Bere a Yosef huu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti oyii nʼagya nsa nifa no fii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam. 18Yosef ka kyerɛɛ nʼagya se, “Dabi, mʼagya, oyi ne mʼabakan, nti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”

19Nanso nʼagya ampene so kae se, “Me ba, minim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ ɔkɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ ɔkɛse asen no, na nʼasefo bɛyɛ aman bebree.” 20Enti da no, Yakob hyiraa mmarimaa no se,

“Israelfo nyinaa nam mo din so behyirahyira wɔn ho wɔn ho.

Wɔbɛka se, ‘Onyankopɔn behyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ”

Saa ɔkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bedii Manase anim.

21Na Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Merebewu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasan de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio. 22Wo a mprempren woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panyin no, mede asase a menam me afoa ne mʼagyan so gye fii Amorifo nkyɛn no rema wo.”