1 Mose 37 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 37:1-36

Yosef Adaeso

1Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔho no so.

2Yosef abusua ho asɛm ni:

Bere a Yakob ba Yosef dii mfirihyia dunson no, na ɔboa ne nuanom a wɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmabarima no hwɛ wɔn agya nguan so. Na ɔtaa bɛka nneyɛe bɔne a ɛkɔ so fa ne nuanom no ho no kyerɛ wɔn agya.

3Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sen ne mma a wɔaka no nyinaa, efisɛ ɔwoo no ne nkwakoraabere mu; ɛno nti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no. 4Bere a ne nuanom no huu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sen wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

5Da bi, Yosef soo dae. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no sen kan no mpo. 6Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie dae bi a maso. 7Mesoo dae, na yɛrekyekyere aburow afiafi wɔ afum. Bere a yegu so rekyekyere aburow no, amono mu hɔ ara, mʼafiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me de no ho hyia kotow no.”

8Yosef nuanom no bisaa no se, “Enti wʼadwene ne sɛ wubedi yɛn so ana? Wugye di sɛ, ampa ara, wubetumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne dae a ɔsoo no ne asɛm a ɔkae no nti, ɛmaa ne nuanom no kyii no kɔkɔɔkɔ.

9Na ɔsoo dae bio. Ɔkaa dae a ɔsoo no kyerɛɛ ne nuanom no se, “Muntie: Maso dae foforo bio. Mesoo dae, na owia, ɔsram ne nsoromma dubaako rekotow me.”

10Ɔkaa dae no kyerɛɛ nʼagya ne ne nuabarimanom no, nʼagya kaa nʼanim se, “Dae bɛn na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo na ne me ne wo nuabarimanom no bɛba abɛkotow wo ana?” 11Eyi maa ne nuabarimanom no ani beree no mmoroso. Nanso nʼagya de, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.

Yosef Nuanom Bɔ Ne Ho Pɔw

12Da bi, Yosef nuabarimanom no de wɔn agya nguan kɔɔ adidi wɔ Sekem. 13Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Sɛnea wunim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.”

Yosef buae se, “Yoo, agya, mate.”

14Enti Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nguan no ho te dɛn, na san bɛka biribi kyerɛ me.” Enti Israel somaa Yosef fii Hebron subon no mu.

Bere a Yosef duu Sekem no, 15ɔbarima bi huu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no se, “Worehwehwɛ dɛn?”

16Yosef buaa no se, “Merehwehwɛ me nuabarimanom. Mesrɛ wo, wubetumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nguan no kɔ adidi?”

17Ɔbarima no buaa no se, “Wo nuabarimanom no afi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka se, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ”

Enti Yosef tiw ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ. 18Bere a Yosef puei no, wohuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔredu wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no.

19Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Monhwɛ! Ɔdaesofo no na ɔreba no! 20Mommra mprempren ara mma yenkum no, na yɛntow no nkyene amoa no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya se, aboa bi akyere no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi befi ne dae ahorow no mu aba ana.”

21Ruben a ɔyɛ wɔn nua panyin tee saa asɛm no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegye Yosef nkwa. Ɔkae se, “Mommma yenkum no. 22Munnhwie mogya ngu. Momma yɛntow no nkyene amoa a ɛwɔ sare yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no fii wɔn nsam, sɛnea obenya kwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.

23Yosef beduu ne nuabarimanom no nkyɛn no, wɔworɔw ne batakari fɛfɛ a na ɔhyɛ no, 24na wɔtow no kyenee amoa bi mu. Na nsu biara nni amoa no mu.

Wɔtɔn Yosef

25Bere a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani huu sɛ yoma bebree sa so reba faako a na wɔrebedidi hɔ no. Wohuu sɛ saa nkurɔfo no yɛ Ismaelfo aguadifo bi a wɔsoso atomude, akyenkyennuru ne kurobow a wɔde fi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.

26Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Sɛ yekum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, mfaso bɛn na yebenya? 27Momma yenyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfo aguadifo yi, sen sɛ yebekum no. Ɛdan dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa, yɛn ankasa yɛn mogya.” Ne nuanom no penee so.

28Bere a Midian aguadifo no beduu hɔ no, Yosef nuanom no yii no fii amoa no mu, tɔn no maa Ismaelfo no gyee dwetɛ gram ahannu aduonu awotwe (228) ma wɔde no kɔɔ Misraim.

29Ruben san nʼakyi baa amoa no ho, na ohuu sɛ Yosef nni amoa no mu no, osunsuan ne ntade mu. 30Ɔkɔɔ ne nuabarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti mprempren menyɛ me ho dɛn?”

31Na anuanom no faa Yosef batakari no, kum abirekyi, de batakari no nuu ne mogya no mu. 32Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yehuu saa atade yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atade ana?”

33Wɔn agya hui, na ɔkae se, “Nokware, ɛyɛ me ba Yosef atade! Aboa bɔne bi akyere no awe. Ampa ara, aboa ko no atetew Yosef nam pasaa.”

34Na Yakob sunsuan ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, suu ne ba no nna bebree. 35Ne mmabarima ne ne mmabea nyinaa betwaa ne ho hyia kyekyee ne werɛ, nanso ankosi hwee. Yakob kae se, “Dabi, mede awerɛhow bewu akɔto me ba no wɔ asaman.” Enti nʼagya Yakob suu no.

36Nea ɛbae ne sɛ, Midianfo no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfo so panyin.